Nnianim Nsɛm
DƐN NA EBESI DAAKYE?
Nea ɛbɛto wo ne w’abusua daakye no, woadwen ho pɛn? Bible ka sɛ:
“Treneefo benya asase no adi, na wɔatena so daapem.”—Dwom 37:29.
Ɔwɛn-Aban yi bɛma woahu nea enti a Onyankopɔn bɔɔ nnipa ne asase, na nneɛma pa a Onyankopɔn pɛ sɛ yenya no, wubehu nea ɛsɛ sɛ woyɛ na woanya so mfaso.