Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wp19 nɔma 3 kr. 8-9
  • Adɛn Nti Na Yenyinyin Na Yewuwu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adɛn Nti Na Yenyinyin Na Yewuwu?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2019
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NEA ƐYƐE A ADAM NE HAWA WUI
  • NEA ENTI A YƐN NYINAA YƐ ABƆNEFO
  • Yesu Wuo ne Ne Wusɔreɛ​—Nea Ɛbɛtumi Ayɛ Ama Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Onyankopɔn Bɔɔ Ɔbarima Ne Ɔbea a Wɔdi Kan
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • “Ɔtamfo a Otwa To a Obetu no Agu Ne Owu”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Yebetumi Asua Biribi Afi Nnipa Baanu a Wodi Kan no Nkyɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2019
wp19 nɔma 3 kr. 8-9
Adam redi aduaba a Onyankopɔn kae sɛ mma wonni no; Adam abɔ akwakoraa; nnipa bi gyinagyina Adam adamoa ano

Adɛn Nti Na Yenyinyin Na Yewuwu?

ONYANKOPƆN ammɔ nnipa amma wiase sɛ yemmewuwu. Bere a Onyankopɔn bɔɔ yɛn awofo a wodi kan, Adam ne Hawa no, na wɔwɔ adwene ne nipadua a ɛyɛ pɛ, kyerɛ sɛ na wodi mũ wɔ biribiara mu. Sɛnea ɔbɔɔ wɔn no nti, anka seesei wɔda so ara te ase. Yehowa kaa dua bi a na esi Eden turom hɔ ho asɛm kyerɛɛ Adam, na ɛno nti na yɛreka sɛ anka wɔda so ara te ase no.

Onyankopɔn ka kyerɛɛ Adam sɛ: “Da a wubedi [dua no so aba] no, owu na wubewu.” (Genesis 2:17) Sɛ Onyankopɔn bɔɔ Adam sɛ onnyin na onwu a, anka ɛho renhia sɛ ɔde saa ahyɛde yi ma no. Ná Adam nim sɛ, sɛ wanni dua no so aba a, ɔrenwu.

ONYANKOPƆN AMMƆ NNIPA AMMA WIASE SƐ YEMMEWUWU

Turom hɔ de, na nnua pii wɔ hɔ a Adam ne Hawa betumi adi ɛso aba na wɔakɔ so atena nkwa mu, enti na ɛho nhia sɛ wokodi saa dua no so aba. (Genesis 2:9) Sɛ anka awarefo a wodi kan no anni dua no so aba a, anka ɛbɛma obiara ahu sɛ wotiee Onii a ɔmaa wɔn nkwa no. Anka ɛbɛkyerɛ nso sɛ, wogye tom sɛ Onyankopɔn na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ wɔn nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ.

NEA ƐYƐE A ADAM NE HAWA WUI

Sɛ yɛbɛte nea enti a Adam ne Hawa wui no ase a, gye sɛ yɛhwehwɛ nkɔmmɔbɔ bi a ɛfa yɛn nyinaa ho mu. Satan Ɔbonsam faa ɔwɔ so kaa atosɛm bi. Bible ka sɛ: “Na ɔwɔ yɛ anifere sen wuram mmoa a Yehowa Nyankopɔn yɛɛ wɔn nyinaa. Enti obisaa ɔbea no sɛ: ‘Ɛyɛ ampa sɛ Onyankopɔn kae sɛ munnni turo yi mu dua biara so aba?’”​—Genesis 3:1.

Ɛnna Hawa buaa no sɛ: “Yetumi di turo yi mu nnua so aba. Na mmom dua a esi turo no mfinimfini no aba de, Onyankopɔn aka sɛ, ‘Munnni bi, na mommfa mo nsa nnka na moanwu.’” Afei ɔwɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnyɛ owu na mubewu. Na Onyankopɔn nim sɛ da a mubedi bi no mo ani bebue na moayɛ sɛ Onyankopɔn ahu papa ne bɔne.” Enti nea na Satan reka ne sɛ, Yehowa yɛ ɔtorofo, na na ɔde biribi pa rekame yɛn awofo a wodi kan no.​—Genesis 3:2-5.

Hawa gyee nea Satan kae no dii. Enti ɔhwɛɛ dua no. Ná dua no yɛ no fɛ, na na ɛyɛ akɔnnɔ. Ɔtew n’aba no bi na odii. Afei Bible ka sɛ: “Akyiri yi, bere a ne kunu wɔ ne nkyɛn no, ɔde bi maa no na odii.”​—Genesis 3:6.

Onyankopɔn ka kyerɛɛ Adam sɛ: “Da a wubedi bi no, owu na wubewu.”​—GENESIS 2:17

Bere a Onyankopɔn hui sɛ ne mma a ɔdɔ wɔn yi boapa atew ne so atua no, ne werɛ howee pa ara! Enti dɛn na ɔyɛe? Yehowa ka kyerɛɛ Adam sɛ: “Wobɛsan akɔ dɔte mu, efisɛ emu na woyii wo fii. Woyɛ dɔte na dɔte mu na wobɛsan akɔ.” (Genesis 3:17-19) Wei nti, ‘mfe a Adam dii nyinaa yɛ 930, na owui.’ (Genesis 5:5) Adam wui no, wankɔ soro anaa baabi foforo biara. Ansa na Yehowa de fam dɔte rebɔ no no, na onni baabiara. Enti bere a owui no, ɔbɛyɛɛ te sɛ dɔte a woyii no fii mu no ara; ná nkwa biara nni ne mu. Owui ankasa. Hwɛ sɛnea ɛyɛ awerɛhow!

NEA ENTI A YƐN NYINAA YƐ ABƆNEFO

Esiane sɛ Adam ne Hawa hyɛɛ da yɛɛ asoɔden nti, wɔbɛyɛɛ abɔnefo, na hokwan a na wɔwɔ sɛ anka wɔbɛtena ase daa no nso bɔɔ wɔn. Wɔsesae koraa; wɔbɛyɛɛ nnipa a wɔtɔ sin na wɔyɛ abɔnefo. Nanso asoɔden a wɔyɛe no, ɛnyɛ wɔn nko ara na ɛkaa wɔn. Wɔn mma a wɔwoo wɔn nyinaa nso bɛyɛɛ abɔnefo. Romafo 5:12 ka sɛ: “Ɛnam onipa biako [Adam] so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae, ma owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.”

Bible ka bɔne ne owu ho asɛm sɛ, “ayɛ sɛ kuntu a ɛkata nnipa nyinaa so no, ntama a wɔde akata aman nyinaa so no.” (Yesaia 25:7) Saa kuntu yi akata nnipa nyinaa so te sɛ mframa bɔne bi a obiara rehome bi. Nokwasɛm ne sɛ, “obiara rewu wɔ Adam mu.” (1 Korintofo 15:22) Wei ma asɛmmisa bi sɔre. Ɛno na ɔsomafo Paulo bisae sɛ: “Hena na obegye me afi nipadua a ɛrekɔ owu mu yi mu?” Obi wɔ hɔ a obetumi agye yɛn anaa?​—Romafo 7:24.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena