Wobɛyɛ Dɛn Anya Asetena A Ɛyɛ Papa Sen Ɛnnɛ De Yi?
ASETENA a yɛwom nnɛ no, ɛnyɛ saa koraa na na Onyankopɔn pɛ sɛ yenya. Asetena bɛn na na ɔpɛ sɛ nnipa nya? Ná ɔpɛ sɛ nnipa a wɔpene so sɛ odi wɔn so no hyɛ asase so ma. Ná ɔpɛ sɛ nnipa nyinaa nya n’akwankyerɛ so mfaso. Afei nso na ɔpɛ sɛ nnipa suasua ne dɔ ne ne su afoforo a ɛyɛ fɛ no. Anka wei bɛma nnipa nyinaa de anigye abom ahwɛ wɔn mmusua, wɔasua nneɛma a Onyankopɔn abɔ ho ade pii, na wɔama asase nyinaa adan paradise.
ONYANKOPƆN AHYƐ BƆ SƐ ƆBƐSESA NNEƐMA WƆ ASASE SO MA AYƐ SƐNEA ƆPƐ
“Ɔma akodi gyae kosi asase ano.”—Dwom 46:9.
‘Bere bi bɛba a wɔbɛsɛe wɔn a wɔresɛe asase no.’—Adiyisɛm 11:18.
“Ɔmanfo no mu biara renka sɛ: ‘Meyare.’”—Yesaia 33:24.
“Wɔn a mapaw wɔn no bedi wɔn nsa ano adwuma amee.”—Yesaia 65:22.
Ɛbɛyɛ dɛn na saa nkɔmhyɛ yi nyinaa abam? Onyankopɔn apaw ne Ba Yesu sɛ ommedi aban bi a edi mũ so. Obefi soro adi asase so hene. Bible frɛ aban yi Onyankopɔn Ahenni. (Daniel 2:44) Bible ka Yesu ho asɛm sɛ: ‘Onyankopɔn de ahengua bɛma no, na obedi hene.’—Luka 1:32, 33.
Bere a na Yesu wɔ asase so no, ɔyɛɛ anwonwade ahorow pii. Ɔyɛɛ saa de kyerɛe sɛ obedi Hene a, ɔbɛma nnipa asetena atu mpɔn koraa asen nea yɛwom seesei no.
YESU KYERƐƐ NNEƐMA PA A ƆBƐYƐ AMA NNIPA A WOTIE N’ASƐM
Ɔsaa nyarewa ahorow nyinaa bi de kyerɛe sɛ obedi hene a, obeyi yare afi nnipa so.—Mateo 9:35.
Ɔmaa po asorɔkye yɛɛ dinn de kyerɛe sɛ ɔwɔ abɔde mu nneɛma so tumi, enti sɛ obedi hene a obetumi abɔ nnipa ho ban.—Marko 4:36-39.
Ɔmaa nnipa mpempem pii aduan dii de kyerɛe sɛ obedi hene a, ɔbɛma nnipa nsa aka nea wohia nyinaa.—Marko 6:41-44.
Ɔmaa nsu danee nsa wɔ ayeforohyia bi ase de kyerɛe sɛ obedi hene a, ɔbɛma nnipa ani agye.—Yohane 2:7-11.
Wobɛyɛ dɛn anya asetena a Onyankopɔn resiesie ama wɔn a wɔdɔ no no? “Ɔkwan” bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wofa so. Bible ka ho asɛm sɛ ɛyɛ ‘ɔkwan a ɛkɔ nkwa mu, na nnipa kakraa bi na wohu.’—Mateo 7:14.
SƐNEA YEBEHU ƆKWAN A ƐKƆ NKWA MU NO
Ɔkwan bɛn na ɛkɔ nkwa mu no? Onyankopɔn ka kyerɛ yɛn sɛ: “Me Yehowa, mene wo Nyankopɔn, nea ɔkyerɛ wo ade a eye ma wo, nea ogya wo fa ɔkwan a ɛsɛ sɛ wofa so no so.” (Yesaia 48:17) Sɛ wofa saa kwan yi so a, ebesi wo yiye pa ara.
Yesu kaa sɛ: “Mene ɔkwan no ne nokware no ne nkwa.” (Yohane 14:6) Sɛ yebetumi abɛn Onyankopɔn na asi yɛn yiye a, ɛsɛ sɛ yegye nokware a Yesu kyerɛkyerɛe no di, na yesuasua nhwɛso a ɔyɛe no.
Wobɛyɛ dɛn ahu ɔkwan a ɛkɔ nkwa mu no? Ɔsom ahorow pii wɔ wiase nnɛ, nanso Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Ɛnyɛ obiara a ose me sɛ, ‘Awurade, Awurade’ no na ɔbɛhyɛn ɔsoro ahenni no mu, na mmom nea ɔyɛ m’Agya a ɔwɔ soro no apɛde no na ɔbɛhyɛn mu.” (Mateo 7:21) Yesu san kaa sɛ: “Wɔn aba na mode behu wɔn.” (Mateo 7:16) Bible betumi aboa wo ama woahu ɔsom a ɛyɛ nokware ne nea ɛnyɛ nokware.—Yohane 17:17.
Wobɛyɛ dɛn afa ɔkwan a ɛkɔ nkwa mu no so? Ɛsɛ sɛ wusua Onii a ɔma nnipa nyinaa nkwa no ho ade. Ɔne hena? Ne din de sɛn? Ne suban te sɛn? Dɛn na ɔreyɛ? Dɛn na ɔpɛ sɛ yɛyɛ?a
Ɛnyɛ nea Onyankopɔn pɛ ara ne sɛ yɛbɛyɛ adwuma, yebedidi, yebedi agorɔ, na yɛawo mma atete wɔn. Yebetumi asua yɛn Bɔfo no ho ade na yɛabɛyɛ ne nnamfo. Afei nso yebetumi ayɛ n’apɛde de akyerɛ sɛ yɛdɔ no. Yesu kaa sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro pɛ no, yiye.”—Yohane 17:3.
ONYANKOPƆN NAM BIBLE NO SO KYERƐ WO NEA “EYE MA WO.”—YESAIA 48:17
FI ASE NANTEW ƆKWAN A ƐKƆ NKWA MU NO SO
Sɛ yehu nea Onyankopɔn pɛ sɛ yɛyɛ a, ebia ebehia sɛ yɛyɛ nsakrae ahorow bi wɔ yɛn asetenam. Ebetumi ayɛ te sɛ nea ɛyɛ den sɛ yɛbɛyɛ saa nsakrae no. Nanso sɛ yefi ase nantew ɔkwan a ɛkɔ nkwa mu no so a, yɛn ankasa behu sɛ yɛn asetena retu mpɔn. Nsɛmmisa a ehia pa ara a ɛfa Onyankopɔn ho no, sɛ wopɛ sɛ wunya ho mmuae a, Yehowa Adansefo betumi aboa wo. Wɔne wo besua Bible wɔ bere ne beae a eye ma wo, na wɔrennye wo sika biara. Wubetumi ne yɛn adi nkitaho wɔ yɛn wɛbsaet, www.jw.org/tw so.
a Hwɛ Ɔwɛn-Aban, No. 1 2019.