Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w19 February kr. 31
  • So Wunim?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wunim?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Hyiadan​—Baabi a Yesu ne N’asuafo no Kaa Asɛm No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Munnnyae Mo Ho Mo Ho Nhyiam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Yesu Yɛɛ Anwonwade Akɛse wɔ Kapernaum
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Kristosom Mu Trɛw Wɔ Afeha A Edi Kan Yudafo Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
w19 February kr. 31

So Wunim?

Afeha a edi kan no mu hyiadan wɔ Gamla

Afeha a Edi Kan No Mu Hyiadan: Hyiadan mfoni yi te sɛ nea na ɛwɔ asomafo no bere so wɔ Gamla (Gamala). Yɛayɛ no foforo de nneɛma bi akeka ho. Gamla wɔ Galilea Po no atifi fam. Efi Gamla rekɔ Galilea Po no ho bɛyɛ akwansin nsia (kilomita 10). Ɛma yenya sɛnea ɛbɛyɛ sɛ na tete hyiadan te ho adwene bi

Ɛyɛɛ Dɛn Na Hyiadan Bae?

ASƐMFUA “hyiadan” no fi Hela asɛmfua a ɛkyerɛ “nhyiam” anaa “boaboa ano” mu. Edin no fata, efisɛ efi tete no, na hyia adan yɛ mmeae a Yudafo hyiam gye akwankyerɛ, na wɔsom. Hebri Kyerɛwnsɛm no nka hyia adan ho asɛm pɔtee, nanso Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no ma yehu pefee sɛ, ansa na afeha a edi kan Y.B. reba no, na hyia adan wɔ hɔ dedaw.

Abenfo dodow no ara gye di sɛ hyia adan bae bere a na Yudafo no wɔ nkoasom mu wɔ Babilon. Encyclopaedia Judaica ka sɛ: “Wɔn a na wɔwɔ nkoasom mu wɔ amannɔne no, na wonni Asɔrefie a wɔkɔ mu. Ná wohia awerɛkyekye wɔ wɔn ahohia mu; enti bere ne bere mu na wohyiam. Ɛbɛyɛ sɛ na wohyiam Homeda kenkan Kyerɛwnsɛm no.” Bere a woyii Yudafo no fii nkoasom mu no, ɛbɛyɛ sɛ wɔkɔɔ so hyiaam bɔɔ mpae kenkan Kyerɛwnsɛm no, na wosisii hyia adan wɔ mmeae a wɔkɔtenae.

Enti, eduu afeha a edi kan Y.B. no, na hyia adan abɛyɛ mmeae a Yudafo a wɔwɔ aman a atwa Mediterranea ho ahyia ne aman a ɛwɔ Mediterranea Apuei fam nyinaa, ne Israel ankasa hyiam som. Ná wɔyɛ wɔn asetenam nneɛma nso wɔ hɔ. Ɔbenfo Lee Levine wɔ Hebrew Suapɔn a ɛwɔ Jerusalem. Ɔkaa sɛ: “[Hyiadan no] yɛ beae a na wosua ade, wohyiam yɛ adidi kronkron, wodi asɛm, woyi ntoboa de boa ɔman no ne ɔmanfo, na wohyiam susuw amanyɔsɛm ne asetenam nsɛm ho.” Ɔde kaa ho sɛ: “Nanso, ade titiriw pa ara a na wɔyɛ wɔ hɔ fa nyamesom ho.” Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ na Yesu taa kɔ nhyiam a wɔyɛ wɔ hyia adan mu. (Mar. 1:21; 6:2; Luka 4:16) Yesu kyerɛkyerɛe wɔ hɔ, otuu nkurɔfo a na wɔwɔ hɔ no fo, na ɔhyɛɛ wɔn nkuran. Bere a wɔhyehyɛɛ Kristofo asafo no akyi no, ɔsomafo Paulo nso kaa asɛmpa no mpɛn pii wɔ hyia adan mu. Ná nkurɔfo a wɔpɛ sɛ wɔbɛn Onyankopɔn no kɔ hyiadan mu. Enti sɛ Paulo kɔ kurow bi mu a, mpɛn pii no, na odi kan kɔ hyiadan mu kɔka asɛmpa no wɔ hɔ.—Aso. 17:1, 2; 18:4.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena