Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w19 March kr. 29-31
  • Woka “Amen” a, Yehowa Ani Sɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Woka “Amen” a, Yehowa Ani Sɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “ƆMAN NO NYINAA NKA SƐ, ‘AMEN!’”
  • ‘ƆMAN NO KAE SƐ, “AMEN!” NA WOYII YEHOWA AYƐ’
  • NEA ENTI A EHIA SƐ WOKA “AMEN”
  • Ahobrɛase Koma a Yɛde Bɛbɔ Mpae wɔ Afoforo Anim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Kyerɛ Dwuma Soronko A Yesu Di Wɔ Onyankopɔn Atirimpɔw Mu Ho Anisɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Bɛn Onyankopɔn Wɔ Mpaebɔ Mu
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • “Momfa Mo Adesrɛ Nto Nyankopɔn Anim”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
w19 March kr. 29-31
Asafo bi mufo asi wɔn ti ase rebɔ mpae

Woka “Amen” a, Yehowa Ani Sɔ

YƐSOM Yehowa a, n’ani sɔ. ‘Ɔyɛ aso tie’ n’asomfo, na biribiara a wɔyɛ de yi no ayɛ no, sɛ esua sɛ dɛn mpo a, n’ani sɔ. (Mal. 3:16) Yɛnhwɛ asɛmfua bi a ɛbɛyɛ sɛ yɛaka no mpɛn pii. Saa asɛmfua no ne “amen.” Saa asɛm tiawa no, wohwɛ a yɛka a Yehowa ani sɔ? Yiw, n’ani sɔ! Nea ɛbɛma yɛahu nea enti a yɛreka saa no, ma yɛnhwɛ nea saa asɛm no kyerɛ ne sɛnea wɔde di dwuma wɔ Bible mu.

“ƆMAN NO NYINAA NKA SƐ, ‘AMEN!’”

Asɛmfua “amen” kyerɛ, “ɛnyɛ hɔ,” anaa “ɛmmra mu.” Hebri asɛmfua a egyina hɔ ma “amen” no, ɛkyerɛ “di nokware.” Ɛtɔ da na wɔredi asɛm a, na wɔde di dwuma. Sɛ obi ka ntam wie a, na ɔka “amen” de kyerɛ sɛ nea waka no yɛ nokware, na nea ebefi mu aba biara no, ɛyɛ ɔno ara asɛm. (Num. 5:22) Sɛ ɔka “amen” saa wɔ baguam a, na ɛma ɔkae pa ara sɛ ɛsɛ sɛ odi nokware.—Neh. 5:13.

Sɛnea wɔde “amen” adi dwuma ho nhwɛso a ɛda nsow pa ara wɔ Deuteronomium ti 27. Bere a Israelfo no duu Bɔhyɛ Asase no so no, wɔma wohyiaam wɔ Bepɔw Ebal ne Bepɔw Gerisim ntam, na wɔkenkan Mose Mmara no kyerɛɛ wɔn. Wɔankɔ hɔ sɛ wɔrekotie Mose Mmara no kɛkɛ, na mmom wɔkɔe sɛ wɔrekotie na wɔaka sɛ wogye tom. Bere a wɔkenkan Mose Mmara no kyerɛɛ wɔn, na wɔma wohuu nea wobu so a ɛbɛto wɔn no, wogyee so “Amen!” (Deut. 27:15-26) Wo de, fa w’adwene bu sɛ mmarima, mmea, ne mmofra mpempem pii regye so denneennen! (Yos. 8:30-35) Akyinnye biara nni ho sɛ, wɔn werɛ amfi asɛm a wɔkaa no saa da no da. Saa Israelfo no dii wɔn asɛm so, efisɛ kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Israelfo kɔɔ so som Yehowa wɔ Yosua ne mpanyimfo a wɔtenaa ase wɔ Yosua akyi nyinaa bere so, mpanyimfo a wohuu nnwuma a Yehowa yɛ maa Israel no nyinaa.”—Yos. 24:31.

Yesu nso ka asɛm bi a, na ɔka “amen” de kyerɛ sɛ nea ɔreka no yɛ nokware. Nanso, Yesu yɛɛ saa wɔ ɔkwan soronko so. Sɛ́ anka Yesu bɛka asɛm bi ama n’ano asi ansa na waka “amen” (ɛno na Twi mu wɔakyerɛ ase “nokware”) no, na odi kan ka “amen” mmom ansa na waka asɛm no. Ná ɔyɛ saa de kyerɛ sɛ asɛm a ɔreka no yɛ nokware. Ɛtɔ da a, na otĩ asɛm no mu ka sɛ “amen amen.” (Mat. 5:18; Yoh. 1:51) Saa a ɔyɛe no maa n’atiefo no hui sɛ asɛm a ɔreka no yɛ nokware turodoo. Ná Yesu betumi de ahotoso a ɛte saa akasa, efisɛ na ɔno na na wɔama no tumi sɛ ɔmma Onyankopɔn bɔhyɛ nyinaa mmra mu.—2 Kor. 1:20; Adi. 3:14.

‘ƆMAN NO KAE SƐ, “AMEN!” NA WOYII YEHOWA AYƐ’

Sɛ Israelfo no reyi Yehowa ayɛ na wɔrebɔ no mpae a, na wɔn nso ka “amen.” (Neh. 8:6; Dw. 41:13) Sɛ wɔbɔ mpae na wɔka amen a, na wɔn a wɔretie no rekyerɛ sɛ nea wɔkae no, wogye tom. Wei nti nnipa a na wɔba guabɔ ase nyinaa tumi de wɔn ho hyɛ dwumadi no mu, na wɔsom Yehowa saa kwan yi so. Bere a Ɔhene Dawid de Yehowa Apam Adaka no baa Yerusalem no, saa na ɛkɔɔ so. Ɛno akyi, bere a wɔregye wɔn ani no, Dawid fii ne koma mu bɔɔ mpae bi a wɔhyehyɛɛ no sɛ dwom. Wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ 1 Beresosɛm 16:8-36. Asɛm a ɔkae no kaa wɔn a wɔbaa ase no koma araa ma “ɔman no nyinaa kae sɛ, ‘Amen!’ na woyii Yehowa ayɛ.” Nokwasɛm ne sɛ, sɛnea wɔn nyinaa boom de nne baako gyee so no maa wɔn ani gyei kɛse saa da no.

Kristofo a na wɔwɔ asomafo no bere so no, sɛ wɔn nso reyi Yehowa ayɛ a, na wɔka “amen.” Ná Bible akyerɛwfo taa de “amen” di dwuma wɔ nkrataa a wɔkyerɛwee mu. (Rom. 1:25; 16:27; 1 Pet. 4:11) Adiyisɛm nhoma no mpo ka sɛ abɔfo a wɔwɔ soro yi Yehowa ayɛ sɛ: “Amen! Munyi Yah ayɛ!” (Adi. 19:1, 4) Sɛ tete Kristofo no hyiam na wɔrebɔ mpae a, na wɔtaa ka “amen.” (1 Kor. 14:16) Nanso, na ɛnyɛ asɛm bi a ɛsɛ sɛ wɔka no kɛkɛ a wonnwen ho.

NEA ENTI A EHIA SƐ WOKA “AMEN”

Afei a yɛahu baabi a asɛmfua no fi ne ɛho abakɔsɛm no, yetumi hu nea enti a sɛ yɛbɔ mpae a, mfaso wɔ so sɛ yɛka “amen” de wie. Sɛ yɛn ankasa rebɔ mpae na yɛka “amen” de wie a, ɛkyerɛ sɛ nea yɛaka no ho hia yɛn pa ara. Sɛ obi gyina nnipa dodow bi anim rebɔ mpae, na ɛka yɛn ma yegye so “amen” wɔ yɛn komam mpo a, ɛkyerɛ sɛ yɛpene nea ɔkae no so. Yɛnhwɛ nneɛma foforo nti a ehia sɛ yɛka “amen.”

Ɛkyerɛ sɛ yɛyɛ aso, na yɛn ani da hɔ wɔ yɛn som mu. Mpaebɔ ka ɔsom a yɛde ma Yehowa no ho. Enti sɛ obi gyina yɛn ananmu rebɔ mpae a, ɛnyɛ asɛm a ɔka no nko ara a yebegye so amen no na ehia, na mmom yɛn nneyɛe nso ka ho. Yefi yɛn koma mu ka “amen” a, ebetumi aboa yɛn ama yɛada su pa adi na yɛde yɛn adwene adi akyi.

Ɛma Yehowa asomfo yɛ baako. Sɛ onua bi gyina asafo no anim rebɔ mpae a, asafo no mufo nyinaa yɛ aso tie asɛm a ɔreka no. (Aso. 1:14; 12:5) Sɛ mpae no ka yɛn koma ma yɛne yɛn nuanom bom gye so “amen” a, ɛma baakoyɛ a ɛwɔ yɛn ntam no yɛ den. Yɛka “amen” ma no pue yɛn ano anaa yɛka no yɛn komam a, yɛn mpae no betumi aka Yehowa ama wayɛ yɛn abisade no ama yɛn.

Onuawa bi retie asafo nhyiam wɔ tɛlɛfon so, na wasi ne ti ase bere a wɔrebɔ mpae

Yɛka “amen” a, yɛde yi Yehowa ayɛ

Yeyi Yehowa ayɛ. Nneɛma nketenkete a yɛyɛ de som Yehowa no, ohu. (Luka 21:2, 3) Ohu nea ɛwɔ yɛn adwene ne yɛn koma mu. Sɛ yetie asafo nhyiam wɔ tɛlɛfon so mpo a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ “amen” a yɛde ahobrɛase ka no, Yehowa te. Sɛ yɛka “amen” a, yɛne wɔn a wɔwɔ asafo nhyiam ase no nyinaa bom yi Yehowa ayɛ.

Ebia ɛbɛyɛ yɛn sɛ “amen” a yɛka no, ɛho nhia ahe biara, nanso ehia pa ara. Bible ho nhoma bi ka sɛ, sɛ Onyankopɔn asomfo “ka ‘amen’ a, ɛma yehu nea ɛwɔ wɔn koma mu. Ɛkyerɛ sɛ wɔwɔ ahotoso, wɔwɔ anisɔ kɛse, na wɔwɔ anidaso ankasa.” Momma yɛmma “amen” biara a yɛbɛka no nyɛ Yehowa fɛ.—Dw. 19:14.

Ɛsɛ Sɛ Woka “Amen” Bere Biara Anaa?

“Amen” yɛ asɛmfua a ɛho hia. Nanso, sɛ obi rebɔ mpae na wanka asɛm bi yiye nso ɛ? Ɛnsɛ sɛ yegye so “amen” anaa? Ɛnte saa ankasa. Efisɛ, Yehowa nim sɛ yɛn nyinaa fom wɔ yɛn kasa mu, na obu n’ani gu saa mfomso no so. Enti sɛ obi rebɔ mpae na sɛ yɛde yɛn adwene si asɛm a ɔreka no so na yɛamfa ansi nsɛmfua no so a, ɔbɔ mpae no wie a, yebetumi agye so “amen.”

Nanso, sɛ nea ɔrebɔ mpae no nyɛ Yehowa somfo a, yɛrennye so den anaa yɛrennye so wɔ yɛn koma mu. Sɛ wɔrebɔ mpae a ɛte saa na yɛwɔ hɔ a, dɛn na yɛbɛyɛ? Yɛmfa no sɛ yɛakɔ guabɔ bi a ɛnyɛ wɔn a wɔsom Yehowa na wɔreyɛ ase, ɛnna wɔaka sɛ obi mmɔ mpae. Ebi nso a na abusua a yɛwɔ mu no, emufo no bi nyɛ Yehowa asomfo, na abusua ti a ɔnyɛ Yehowa somfo no pɛ sɛ odi abusua no anim bɔ mpae. Ɛba saa a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

Tebea a ɛte saa mu no, yebetumi ayɛ komm na yɛada obu adi. Yɛrenka “amen” mfa nnye so. Saa ara nso na yɛrenso afoforo nsam bere a mpae no rekɔ so no, efisɛ ɛno bɛkyerɛ sɛ yɛne wɔn abom rebɔ mpae. Yɛn ankasa betumi abɔ yɛn mpae komm, nanso yɛrenka “amen” no den sɛnea ɛbɛyɛ a afoforo rennya adwene sɛ yɛne wɔn abom rebɔ mpae. Sɛ nkurɔfo a wɔwɔ hɔ no sɔre gyina hɔ a, yɛn ankasa na yebesi gyinae sɛ yɛn nso yɛbɛsɔre agyina hɔ anaa yɛrenyɛ saa. Sɛ yɛsɔre gyina hɔ anaa yesi yɛn ti ase a, ɛno ankasa nyɛ ɔsom. Ɛyɛ Kristoni biara asɛyɛde sɛ osi nea ɔbɛyɛ wɔ tebea a ɛte saa mu ho gyinae, na nea obiara bɛyɛ wɔ tebea a ɛte saa mu no, ɛnsɛ sɛ obiara kasa tia no.

Nea yɛasusuw ho yi ma yɛsan hu sɛ, “amen” a yɛka no ho hia Yehowa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena