Asemmisa Afã
● Sɛ asafo mu atemmu boayifo di asɛm bi, hwehwɛ adanse a ɛfa asɛm no ho no nyinaa mu, na wosi gyinae sɛ ɛsɛ sɛ wotu onii no a, ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma dɛn?
Ɛbɛyɛ nea ɛfata sɛ boayifo no ne onii no kasa, na wɔma ohu sɛ gyinae a wɔasi ne sɛ ɛsɛ sɛ wotu no fi asafo no mu. Ɛsɛ sɛ wobisa no sɛ ebia ɔbɛpɛ sɛ boayifo kuw foforo hwehwɛ asɛm no mu bio anaa. Obetumi ayɛ saa sɛ ogye di sɛ mfomso kɛse bi bae wɔ atemmu no mu a. Sɛ ɔpɛ sɛ boayifo foforo di asɛm no bio a, ɛnde wɔremmɔ asafo no amanneɛ wɔ gyinae a wɔasi sɛ wobetu no no ho. Sɛ ɛba saa a, ɛsɛ sɛ wɔka kyerɛ onii no sɛ wɔama no dapɛn biako a ɛsɛ sɛ ɔde kyerɛw krataa brɛ asenni boayifo no a ɛkyerɛ sɛ ɔpɛ sɛ boayifo foforo di asɛm no bio, ne nea enti. Sɛ nsa ka krataa a ɛte saa a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo kuw no yɛ nhyehyɛe ma boayifo foforo di asɛm no bio wɔ dapɛn biako bere mu, sɛ ɛbɛyɛ yiye a. Wobetumi ama mpanyimfo afoforo a wɔwɔ asafo no mu ayɛ saa, anaa wobetumi afa mpanyimfo a wofi asafo a ɛbɛn hɔ mu; na ɛsɛ sɛ eyinom yɛ mmarima a wɔwɔ nimdeɛ na wɔn ho akokwaw. Sɛ ɔhwɛfo kwantufo betumi atra mu, anaa obetumi akyerɛ wɔn a ɛsɛ sɛ wɔsan di asɛm no a, ɛbɛyɛ papa. Ebia mpanyimfo no nso bɛpɛ sɛ wɔbɔ baa dwumadibea no amanneɛ ntɛm. Sɛ ebia denam telefon so, na wɔanya asenni boayifo kuw foforo a wɔbɛhyehyɛ ho akwankyerɛ. Nanso, mpɛn pii no eyi ho nhia.
Na, sɛ onii a asɛm no fa ne ho no ankyerɛ sɛ ɔpɛ sɛ wɔsan di asɛm no bio a, asenni boayifo no bɛkyerɛw amanneɛbɔ tiaa a ɛfata na wɔakenkan akyerɛ asafo no. Bio nso, ɛsɛ sɛ wɔma onii hu hia a ahonu ho hia, ne nneɛma afoforo a obetumi ayɛ na wɔasan agye no wɔ bere a ɛsɛ mu. Eyi bɛboa na ayɛ ayamye a woyi adi kyerɛ, bere a wɔwɔ anidaso sɛ ebia ɔbɛsakra n’akwan, na bere bi akyi no wafata sɛ ɔsan ba Yehowa ahyehyɛde no mu no.—2 Kor. 2:6, 7.