Asɛnka Nhyiam Horow
AUGUST 4-10
Sɛnea Wobɛda Wo Ho Adi
1. Dɛn nti na ɛho wɔ mfaso sɛ wonna wo ho adi ɔkwan koro so bere nyinaa?
2. So ɛsɛ sɛ wo nnianim asɛm no yɛ (a) nea wɔahyɛ da ahyehyɛ no katee (b) agodi kwan so (d) anigye ne adamfofa kwan so? Dɛn ntia?
3. Nnianim asɛm bɛn na woahu sɛ ɛfata? Dɛn na wuhu sɛ eye sɛ wukwati?
AUGUST 11-17
Nhoma a Yɛde Ma Mprempren
1. Dɛn nti na ɛho wɔ mfaso sɛ yɛde nhoma no mu asɛm pɔtee bi kyerɛ ofiewuranom?
2. Nhoma no mu nsɛm anaa mfonini bɛn na woayɛ w’adwene sɛ wode bedi dwuma?
AUGUST 18-24
Tie a Yebetie Nnipa a Yehyia Wɔn
1. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yetie nea ofiewura no ka?
2. Dɛn nti na yebetumi abu ani agu ofiewura a yebetie no so?
3. Ɔkwan bɛn so na wubetumi de nea ofiewura ka no ahyɛ w’asɛm no mu?
AUGUST 25-31
Anibiannasoyɛ Ano a Yebegyina
1. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so kɔ asɛnka, ɛwom sɛ nnipa pii yɛ aniabiannaso de? (Hes. 2:7)
2. Dɛn na woyɛ na anibiannaso a nkurɔfo yɛ ansɛe w’anigye?
3. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yebu nnipa a yehyia wɔn atɛn? (Aso. 10:34, 35, 42)