So Yɛyɛ “Nnipa Yifo”?
1 Yɛsrɛ wo, yɛ Yesu ne n’asomafo no nna no mu apofofo kuw bi a wɔresan aba mpoano bere a wɔayɛ adwuma anadwo mu nyinaa ho mfonini wɔ w’adwene mu. Na wɔagu wɔn asawu no ayi nam pii. Na ɔkorow, a mpɛn pii no wɔma ani kyerɛ faako a mframa no bɔ fi, no hare yɛ adwuma a ɛyɛ den. Nanso adwuma a wɔboom yɛe no ho baa mfaso. Wonyaa nam pii, na na nkurɔfo abɛka apofofo mmɔdenbɔfo yi ho wɔ mpoano hɔ. Na wɔanya nam a wɔbɛtɔn wɔ gua so. Na ɛyɛ anigye bere. Bere tiaa bi mu no na mmarima yi asiesie wɔn ho sɛ wɔbɛkɔ fie akɔda kakra. Nanso na wɔbɛsan aba abeyi nam bio.
2 Na Yesu asomafo no mu binom, wɔn mu bɛyɛ baason, yɛ apofofo. Ma na wɔn mu baanan, Petro, Andrea, Yakobo ne Yohane yɛ adwuma bom. (Mat. 4:18, 21) Wɔde biakoyɛ yɛɛ adwuma sɛ kuw na wɔboaa wɔn ho wɔn ho. Na ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa na wɔn adwuma no akɔ so. Ɛno nti na Yesu paw nnipa a wɔtete saa ma wɔayɛ “nnipa yifo.” So yɛsom Yehowa nnɛ wɔ ɔkwan a ɛte saa so anaa? Eye sɛ yebisa yɛn ho sɛ ebia yɛn nso yɛfata sɛ “nnipa yifo” wɔ Awurade akwankyerɛ ase anaa.
3 Bere a ahwɛfo adwuma no yɛ nnipa kakraa bi adwuma titiriw no, wɔto nsa frɛ Kristo akyidifo nyinaa ma wɔabɛyɛ “nnipa yifo.” (Mat. 4:19) Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam asɛnka adwuma a Yehowa hwɛ so no a wɔyɛ no so. Eyi fam no yebetumi abisa yɛn ho sɛ ebia yɛasiesie yɛn ho sɛ yɛde mmɔdenbɔ beyi nnipa sɛnea yebetumi. So yɛne yɛn nhoma adesua kuw no bom yɛ adwuma, ma afoforo a wɔbɔ mmɔden sɛ nnipa yifo no boa yɛn wɔ yɛn kyerɛkyerɛ ne asuafoyɛ adwuma no mu na yɛatumi “ayi” bi? Sɛ yehia mmoa wɔ yɛn nnipa-yi adwuma no mu a, yebenya eyi wɔ yɛn mfɛfo nnipa yifo mu.
4 Ampa, nsasesin bi wɔ hɔ a ‘nnipa-yi’ adwuma no ye wɔ mu, na yɛtaa yɛ eyinom mu adwuma pii. Nanso, anyɛ yiye koraa no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn asasesin no nyinaa mu adwuma pɛnkoro afe biara mu. Na sɛ yetumi “yi” obi amonom hɔ ara oo, yɛannya hwee oo, ɛyɛ yɛn asɛyɛde sɛ yɛkɔ so gu asawu no wɔ nsu no nyinaa mu. (Luka 5:1-11) Sɛnea ɔpofofo mmɔdenbɔfo mpa abaw na onya n’adwuma mu anigye no, saa ara na ɛnsɛ sɛ yɛpa abaw ntɛmntɛm na mmom ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ akwan horow a yebetumi afa so ‘akoyi nnipa.’
5 Ade biako a yebetumi ayɛ ne sɛ yɛbɛkɔ wɔn a wɔwɔ asɛm no ho anigye nkyɛn ntɛm de akyerɛ sɛ yɛn ani gye wɔn ho na yɛpɛ sɛ yɛboa wɔn honhom mu. Hyɛ wɔn nkuran ma wɔne wo nkɔ nhyiam horow. Sɛ obi ne wɔn nyɛ Bible adesua a, so wubetumi ne wɔn afi adesua ase? Yɛpɛ sɛ yɛboa saa nkurɔfo yi mprempren, na yɛboa wɔn ma wohu ɛbo a ɛsom sɛ wɔne Yehowa nkurɔfo bɛbɔ fekuw. Sɛ wuhu sɛ wuntumi nnya wɔn mma wɔmma nhyiam horow a, dɛn nti na wonhwehwɛ mmoa mfi wo nuanom mpanyimfo no nkyɛn. Ebia mo nhoma adesua sohwɛfo, ɔpanyin foforo bi, anaa asafo mu asomfo no mu biako a wo ne no bɛkɔ no bɛma nnipa foforo yi ahu sɛ yɛn ani gye wɔn honhom mu yiyedi ho ampa. Sɛ́ Kristo asuafo no ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ sɛ yɛwɔ ɔdɔ ma yɛn ho yɛn ho ne ahɔho ampa.—Yoh. 13:35.
6 Eye sɛ yɛkae sɛ Onii a ɔhwɛ adwuma yi nyinaa so nnɛ no nim sɛnea ɛyɛ den ansa na nsa aka obi. Ɔkamfo yɛn bere nyinaa na ohyira yɛn wɔ adwuma yi mu kyɛfa a yenya no ho. Sɛ yɛn mu biara yɛ nea obetumi de bere si hɔ ma saa adwuma yi, na ɔde n’adwene kɔ obiara a ɔkyerɛ anigye no so a, akyinnye biara nni ho sɛ yebetumi ahwɛ kwan sɛ Yehowa bɛkyerɛ yɛn kwan na wahyira yɛn mmɔdenbɔ so.