Mmofra A Yɛbɛyɛ Wɔn Yiye
1Yehowa susuw ahiafo ho daa nyinaa. (Dw. 146:7-9) Tete mmere mu no ɔyɛɛ nhyehyɛe titiriw bi sɛnea ɛbɛyɛ na wɔahwɛ mmofra a wɔn ade yɛ mmɔbɔ. Mmara a wɔde maa Israelfo no hyɛɛ da bɔɔ “nyisaa” din. (Ex. 22:22-24) Ɛwom sɛ yenni saa tete mmara no ase nnɛ de, nanso so nnyinasosɛm a ɛwɔ saa mmara no mu no mfa asɛyɛde nto yɛn so sɛ Kristofo anaa?
2 Wɔ Yehowa Adansefo asafo horow bi mu no ebinom wɔ hɔ a yebetumi afrɛ wɔn sɛ “nyisaa.” Ebetumi aba saa esiane sɛ wɔwɔ awofo a wonnye nni nti. Mmofra afoforo wɔ awofo gyidifo a ebia wobehia mmoa na wɔatumi de honhom mu mmoa ama wɔn mma. Ebia na wɔn awofo yɛ foforo koraa wɔ nokware no mu mmoa wɔn mma yiye sɛnea wɔpɛ. Bere a nneɛma ahorow pii hyɛ yɛn so no, ebia ɛbɛyɛ den ama ebinom sɛ wɔbɛyɛ nhyehyɛe anya bere a ɛsɛ ne wɔn mma asua ade anaasɛ wɔne wɔn abom ayɛ asɛnka adwuma, ne ade. Na awofo afoforo nso wɔ hɔ a, ɛwom sɛ wɔpɛ sɛ wɔde mmoa a ɛfata ma de, nanso wohu sɛ wɔn ankasa hia mmoa na wɔde nokware a ɛwɔ Onyankopɔn asɛm mu no ahyɛ wɔn mma adwenem ne wɔn koma mu.
DƐN NA WUBETUMI AYƐ?
3 Asemmisa a obiara a ɔwɔ asafo no mu betumi asusuw ho yiye ne sɛ: ɔkwan bɛn na metumi afa so de mmoa ne nkuranhyɛ a ehia ama?” Wɔn a wɔwɔ dwumadi wɔ nhyiam horow ase betumi de mmofra aka ho bere ne bere mu. So wobetumi de mmofra ahorow ahorow a wɔyɛ nhwɛso pa wɔ asafo no mu adi dwuma wɔ nhyiam ase dwumadi afã horow mu anaa? (Aso. 16:1, 2) Bere a ebia ebinom mmɔ mmɔden kɛse wɔ ɔkasa mu te sɛ afoforo no, hokwan ahorow a wɔde bɛma wɔn bere ne bere mu no betumi ahyɛ wɔn ne afoforo nkuran. Ebia ebegye bere pii na wɔde aboa ebinom, nanso saa ntetee, osuahu ne mmoa a wɔde ma wɔn yi bɛsow aba pa bere a yɛn mmofra mmɔdenbɔfo yi nyin wɔ nokware no mu no.
4 Awofo wɔ asɛyɛde a Onyankopɔn de ama wɔn sɛ wɔmmoa wɔn ankasa mma. Nanso, so eyi kyerɛ sɛ afoforo rentumi mmoa? Ɛnte saa koraa! Na eyi te saa titiriw wɔ baabi a awofo rehyia nsɛm a emu yɛ den sɛnea yɛadi kan aka no. Mubetumi ato nsa afrɛ mmofra a wohia mmoa kɛse ma wɔabɛka mo abusua no ho wɔ adesua, asɛnka ne nneɛma a ɛfata a moyɛ de gye mo ani mu. So ɔsomafo no afotu a ese “montrɛw mo mu” no nyɛ nea ɛfa eyi ho?—2 Kor. 6:11-13.
5 Wɔn a wɔnyɛ awofo mpo betumi ‘atrɛw wɔn mu’ wɔ ɔdɔ a woyi adi kyerɛ mmofra denam nneɛma ahorow a wɔne wɔn bom yɛ so. Wɔn ho a wɔde bɛma no bɛhyɛ mmofra no nkuran na ahyɛ wɔn den.
6 Ebia wubetumi de bere a ɛwɔ hɔ ansa na wɔafi nhyiam horow ase anaasɛ bere a wɔapɔn no adi dwuma ne mmofra no abɔ nkɔmmɔ. Ɛsɛ sɛ eyi yɛ nea ɛsen “Madwo,” ne “Wo ho te dɛn?” Ɔpanyin bi bisaa abarimaa bi sɛ ne ho te dɛn, nanso ansa na abofra no bɛma mmuae no na ɔpanyin no adan ne ho ne onua bi a ɔpɛ sɛ ohu no afi ase rekasa. Akyiri yi abofra ketewaa yi bae bebisaa ɔpanyin no sɛ: “So wopɛ sɛ wuhu sɛnea me ho te ampa?” Ɔpanyin no kaa no pefee sɛ wasua biribi eyi mu.
7 Mmofra kyerɛ obi ho anigye ntɛm bere a onii nim wɔn din. Yiw, wɔn nso wɔyɛ asafo no fã na, ɛsɛ sɛ mpanyimfo ne mmofra a wɔwɔ asafo no mu no di nkitaho. Sɛ mmofra no ba benya wo ho anigye sɛ “adamfo” a, wɔyɛ ntɛm gye afotu ne akwankyerɛ a wode ma tom, ɛnte saa anaa?
ADE A WERƐ MFI DA
8 Akyinnye biara nni ho sɛ mo mu bebree betumi akae hokwan nketenkete a wɔde maa mo bere a moyɛ mmofra nkumaa no. Ɛhyɛɛ mo nkuran na mo ani sɔe, ɛnte saa anaa? Dɛn na w’ani gyee ho? So ɛyɛ ɔfã ketewaa bi a wunyae wɔ ɔyɛkyerɛ mu? So ɛyɛ afotusɛm bi a wofi ayamye mu de mae anaasɛ ade bi a woyɛe maa ɔpanyin bi kamfoo wo wɔ ho anaa? Ebia ɛyɛ asɛnka adwuma mu osuahu bi a ɔka kyerɛɛ wo bere a wo ne onua barima anaa onuabea a n’ani afi reyɛ adwuma? Sɛ wobu asafo no mufo nyinaa sɛ wɔyɛ asafo “abusua” kɛse no fã a, mmofra ne mpanyin nyinaa benya mfaso pii. Bere a yɛbɔ mmɔden sɛ yebedi Yehowa nhwɛso akyi na yɛkyerɛ adesamma nyinaa ho anigye no, momma yɛnkɔ so nyɛ yɛn mmofra no yiye.