Asɛnka Nhyiam Horow
FEBRUARY 1-7
Nnianim asɛm
1. Dɛn na woahu sɛ etu mpɔn bere a worefi Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no ase?
2. Dɛn nti na anigye ne adamfofa su ho hia wɔ yɛn nnianim nsɛm a yɛka no mu?
3. Dɛn nti na eye sɛ yɛma yɛn nnianim nsɛm no yɛ tiaa?
FEBRUARY 8-14
Nhoma a yɛde bɛma
1. Nhoma a yɛde rema no mu asɛm bɛn na anka w’ani begye ho, sɛ wone ofiewura no a?
2. Nhoma a yɛde ma mprempren no ti anaa afã horow bɛn na ɛne Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no hyia yiye?
FEBRUARY 15-21
Afie afie kyerɛwtohɔ ahorow a yɛbɛyɛ
1. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔn a wɔwɔ asɛm no ho anigye ho kyerɛwtohɔ?
2. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkyerɛw wɔ yɛn kratasin no so?
3. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ afie a yɛanto obiara wɔ mu no ho kyerɛwtohɔ wɔ kratasin foforo so?
FEBRUARY 22-28
Bere a yɛreyɛ sankɔhwɛ no, dɛn nti na eye sɛ:
1. Yɛtwe onii adwene kɔ nkɔmmɔ a yɛne no bɔe no so?
2. Yɛda nhoma a yɛde maa no no mu asɛm bi a ɛyɛ anigye adi?
3. Yebisa ofiewura no asɛm ma nsrahwɛ a edi hɔ?