Awofo—So Mo Mma Renyin Honhom Mu?
1 Hwɛ nhyira ara a ɛyɛ sɛ obi benya mma a wɔdɔ Yehowa! Hwɛ anigye ara a ɛma awofo a wɔahyira wɔn ho so nya. Ɔsomafo Yohane daa saa nkate no adi wɔ ne honhom mu mma ho bere a ɔkyerɛwee sɛ, “Minni anigye a ɛsen eyi, sɛ mete sɛ me mma nam nokware no mu.”—3 Yoh. 4.
2 Awofo bebree abisa sɛ, “Na ɔkwan bɛn na wonam so nya wo mma ma wosusuw honhom mu nneɛma ho?” Asemmisa no yɛ nea ntease wom, sɛ wuhu Satan nhyɛso horow a ɔde ba mmofra so nnɛ no a. Mmuae a awofo a wɔatumi aboa wɔn mma de ma no ho wɔ mfaso. Agya bi kae sɛ, “Ade a edi kan a ɛho hia ne sɛ wo ankasa wobɛyɛ nhwɛso wɔ honhom mu nkɔso a wubenya ho.” Saa onua yi, ɔpanyin a onni adagyew,a ɔwɔ mma baanan, gye bere ne ne mma bɔ. Wɔn asetra gyina Ahenni no so. Wɔka honhom mu nneɛma ho asɛm sɛ abusua. Sɛ wotu kwan kɔ akwama a, wɔkɔ sɛ abusua na agya no hwɛ sɛ wɔbɛkɔ nhyiam horow wɔ Ahenni Asa so wɔ hɔ.
3 Ade foforo nso ne sɛ wɔbɛma asɛnka adwuma no ayɛ nea anigye wom. Ɛnã bi kae sɛ ɔde mmofra no kaa ne ho kɔɔ asɛnka fi bere a wosusua. Wɔn ani agye asɛnka adwuma no ho bere nyinaa, a ɛnyɛ sɛ wɔkɔ esiane sɛ ɛsɛ sɛ wɔkɔ ara kwa nti.
MO NE WƆN MMƆ NKƆMMƆ DAA
4 Wobɛyɛ dɛn ahu sɛ wo mma renyin honhom mu sɛ wo ne wɔn mmɔ nkɔmmɔ daa a? Ɛbɛyɛ den. Ɛno nti na awofo pii a wɔbɔ mmɔden hu sɛ nyansa wom sɛ wɔne wɔn mma bɔ nkɔmmɔ bere nyinaa. Wɔne wɔn bɔ fekuw. Sɛ anka wobegyaw wɔn mma no na wɔne mpanyimfo afoforo abɔ fekuw no, wohu sɛ eye sɛ wɔde wɔn mma no ka ho. Saa kwan yi so no wɔmma ɔkwan mmɛda wɔne mmofra no ntam. Awofo anyansafo kyerɛ wɔn mmofra dwumadi ho anigye nso, sɛ́ ɛyɛ sukuu de anaa biribi foforo. Anigye a wofi ayamye mu kyerɛ no ma ɛyɛ mmerɛw ma mmofra no sɛ wɔbɛkɔ wɔn awofo nkyɛn bere a biribi haw wɔn, a wɔwɔ awerɛhyem sɛ wɔn awofo bɛte ase, sɛ wɔayɛ biribi bɔne mpo a.—Mmeb. 15:14.
5 Awofo bi ahu sɛ ɛyɛ nea nyansa wom sɛ wotie ade a wɔn mma reka ho asɛm no. Wohu nea wɔn mma resua wɔ fie ne mmeae afoforo, na afei wɔteɛ adwene biara a ɛnteɛ ansa na agye ntini wɔ wɔn mma koma ne wɔn adwene mu. Sɛ́ anka wobebu nea wɔka no sɛ ɛho nhia no, awofo anyansafo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa wɔn mma na wɔahyɛ wɔn nkuran ma wɔasusuw honhom mu nneɛma ho wɔ wiase a ɔhonam fam nneɛma na wosi so dua titiriw yi mu. (Efe. 6:10-13) Ɔdɔ mu a wofi yɛ eyi no ka awofo ne mmofra bom.—Mmeb. 24:5.
ONYANKOPON ASƐM A WƆBOM SUA
6 Abusua Bible adesua a wɔyɛ no daa nso yɛ ade foforo a ɛho hia ma honhom mu oyin. Sɛ mmofra hu sɛ wɔn awofo ani gye Bible mu nimdeɛ ho araa ma wɔde bere bi si hɔ ma adesua dapɛn biara a, ɛbɛboa wɔn ma wɔayɛ saa ara daakye. Nea ɛka nhoma anaa nsɛmma nhoma fã bi a wɔde asi hɔ sɛ wɔmmɔ ho nkɔmmɔ dapɛn biara ho no, awofo a wɔn adwenem da hɔ de nkyerɛkyerɛ anaa nkuranhyɛ biara a ebia wɔn mma hia mprempren bɛma. Ebia biribi a ɛrekɔ so wɔ sukuu anaa mpɔtam hɔ bɛma ada adi sɛ ɛho hia sɛ wosusuw asɛm pɔtee bi a ɛbɛboa ma wɔadi nea ɛrekɔ so no ho dwuma ho. Eyi yɛ honhom mu onyin fã.
HONHOM MU NNEƐMA A WƆDE MA
7 Awofo binom adi mfomso asusuw sɛ ade a eye a wobetumi ayɛ ama wɔn mma ne sɛ wɔbɛma wɔn ɔhonam fam nneɛma ahorow. Osuahu ada no adi sɛ bere a awofo de wɔn adwene kɔ asetra mu ɔhonam fam nneɛma so titiriw no, mpɛn pii no ɛma awofo no yɛ mmerɛw honhom mu na wobu ani gu wɔn mma no honhom mu yiyedi so. (Marko 8:36) Bere a ebia wobenya ɔhonam fam asetra pa no, so yebetumi aka sɛ obi honhom fam yiyedi a ɔde bɔ afɔre no yɛ nea ɛfata? Mmusua afoforo apaw sɛ wɔbɛma wɔn honam fam asetra aba fam kakra na wɔn ani amfi botae ankasa no so. (Yoh. 6:27) Wɔasua sɛ wɔbɛma ɔhonam fam nneɛma kakra biara a wɔwɔ adɔɔ wɔn so, nanso wɔanya mfaso honhom mu ma ayɛ nhyira ama wɔn ankasa ne wɔn mma.
8 So w’ani ku w’abusua no honhom fam tebea ho? Sɛ saa a, dɛn nti na wommɔ mmɔden sɛ wobɛma abusua no nyinaa anya honhom fam nneɛma? (Mat. 6:19-21) Boa wo mma ma wonnyin honhom mu, na wo nso w’ani begye sɛ wo “mma nam nokware [no] mu.”