Teokrase Nsɛmmansɛmma
◆ Onua bi a ɔwɔ Macao nyaa nsɛmma nhomakra foforo 82 November mu ne 200 wɔ December mu.
◆ Uganda yɛɛ ɔmantam nhyiam, nnipa 385 na ɛbaa ase na wɔbɔɔ 30 asu. Ɛwom sɛ adawurubɔfo 182 pɛ na wobuu akontaa wɔ December mu de. Anuanom no ani gyee nhyiam yi ho kɛse. Wɔbɔɔ amanneɛ sɛ na ɛsɛ sɛ wɔn mu pii de nea ɛboro ɔsram biako akatua tua lɔre ka na ama wɔatumi aba.
◆ Philippines bɔɔ dodow a ɛsen biara a wɔbaa wɔn ɔmantam nhyiam ahorow 19 ase a wɔyɛ 147,604 ho amanneɛ. Dodow a wɔbɔɔ wɔn asu yɛ 1,554, dodow a ɛsen biara wɔ nhyiam horow a efii ase fi 1975 mu no hɔ kyerɛwtohɔ mu.
◆ Adawurubɔfo 3,002 a wɔwɔ Guadeloupe no ani gyei sɛ wonyaa nnipa 6,008 wɔ ɔmansin nhyiam horow no ase wɔ December mu. Wobuu Bible adesua mu nkɔso a ɛboro ɔsram koro no ara wɔ afe a etwaam no mu so ɔha biara mu 24 ho akontaa.