Gyidi Adi A Yɛbɛda Denam Nea Yɛwɔ A Yɛbɛma Yɛn Ani Asɔ So
1 Yɛn ani a yɛbɛma asɔ nea yɛwɔ wɔ wiase a abotɔyam nnim koraa mu no gye gyidi a emu yɛ den. Nkurɔfo pii ani nsɔ nea wɔwɔ. Wɔpɛ nneɛma pii a nea ebefi mu aba biara mfa ho. (Ɔsɛnk. 5:10, 12b; 1 Tim. 6:9) Satan bɔ mmɔden sɛ ɔbɛma honam fam ade dodowpɛ ho nkate horow asɔre wɔ yɛn mu, na ɔde nneɛma a ‘aniwa kɔn dɔ’ sɔ yɛn hwɛ. (1 Yoh. 2:16) Eyi ne nea ɔyɛe wɔ Eden turo no mu a otumi nyaa nea ɔhwehwɛ no. Enti ɔde nneɛma a ɛte saa ara di dwuma de daadaa wɔn a wɔn ani nna hɔ no nnɛ.
2 Sɛ yebetumi abɔ yɛn ho ban wɔ Satan nnaadaa ho a, ɛho hia sɛ yɛda yɛn gyidi adi denam yɛn ani a yɛbɛma asɔ nea yɛwɔ no so. Yesu kyerɛɛ n’asuafo sɛ wɔmmɔ Agya no mpae nhwehwɛ “yɛn daa aduan nnɛ.” (Mat. 6:11) Yɛn ani a yɛma ɛsɔ ne nsiesiei ahorow no mma yɛnnwennwene nneɛma ho na ɛma yɛde Ahenni nneɛma di kan. Yesu yɛɛ yɛn sɛ yɛmma yɛn aniwa nya nea eye a esi ade biako pɛ, Onyankopɔn apɛde a yɛbɛyɛ so.—Mat. 6:19, 22, 33.
MONHWEHWƐ AHENNI NO KAN
3 Bere a yɛabenya nokware no ho nimdeɛ akyi no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nsakrae wɔ yɛn asetra mu. Afei, ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛde Ahenni nneɛma bedi kan. Yɛmpɛ sɛ yebedi honam fam nneɛma akyi te sɛ nea sodifo kumaa a na ɔyɛ ɔdefo no yɛe no. Esiane sɛ na ɔmpɛ sɛ ɔyɛ nsakrae a Yesu kamfo kyerɛe no nti, ɔde awerɛhow kɔe. (Mat. 19:16-22; Luka 18:18-23) Nanso, yɛn ani gye sɛ yɛbɛyɛ nsakrae ahorow yi. Adwuma a yɛyɛ na ama yɛanya “nnuan ne nea yɛde kata yɛn ho” a ɛfata yɛ nea eye na ɛho hia. Nanso Satan wɔ ɔkwan a ɔfa so daadaa obi ma ɔde bere pii yɛ honam fam adwuma na ɔnam saa yɛ so apia Ahenni nneɛma ato nkyɛn. Yebetumi akwati Satan anifere afiri ahorow no denam nea yɛwɔ a yɛbɛma adɔɔ yɛn so a yɛremma sika ho dɔ ntwe yɛn mfi nokware no ho no so.—1 Tim. 6:7-10.
NEA YEBETUMI A YƐBƐYƐ
4 Yɛn mu binom tumi de bere pii yɛ asɛnka adwuma sen afoforo. Nanso yɛrentumi nnyina yɛn tebea so mmu afoforo atɛn. Ɛsono obiara nsɛm tebea. Mfe, akwahosan, ne abusua mu asɛyɛde ahorow yɛ nneɛma a ɛsɛ sɛ wosusuw ho. Enti ɛnsɛ sɛ yɛkasa tia afoforo na mmom ɛsɛ sɛ yɛma gyidi ka yɛn ma yɛyɛ nea ɛbɛma yɛn ankasa anya nkɔso na yɛasom Onyankopɔn sɛnea yɛn nsɛm tebea ma ho kwan. Wɔ ne nyinaa mu no, akomatɔyam a yenya no fi nim a yenim sɛ yɛreyɛ nea Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ no mu na ɛba.
5 Yehowa ama yɛn pii a ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ Ahenni adwuma no mu. Wɔ January mu no, yɛde nhoma ne nhomawa dedaw anaasɛ nea ɛdɔɔso wɔ yɛn asafo mu bɛma. Ne titiriw no, yɛkamfo kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ asafo ahorow a wɔwɔ Nokware Asomdwoe ne Ahotɔ—Ɛhe Na Efi? a ɛwɔ kasa biara mu no bi, bɔ mmɔden sɛ wɔde eyi bɛma wɔ January mu. Sɛ wubetumi de nhoma ama wɔ ɔkwan a etu mpɔn so a, eye sɛ wubehu nsɛm a ɛwɔ nhoma a yɛde rema no mu yiye. Ma w’ani nnye nsɛm a ekura no ho na hu sɛ ebetumi ayɛ ɔkwan a wobɛfa so aboa nnipa koma pafo ma wɔanya Onyankopɔn Ahenni no ho anigye
6 Gyidi a emu yɛ den a yɛwɔ wɔ Yehowa bɔhyɛ ahorow mu no ka yɛn ma yɛde nnamyɛ ka asɛmpa no. Momma yɛnkɔ so nkɔ yɛn anim a yɛwɔ akomatɔyam ne ahotoso sɛ Yehowa bɛmae yɛadi yiye bere a yɛde nokwaredi yɛ n’apɛde no.