Yɛn Nkɔso A Yɛbɛma Ada Adi
1 Wote nka dɛn bere a wote sɛ ɛno ne nea edi kan a obi rema mmuae wɔ Ɔwɛn-Aban Adesua ase anaasɛ ɔma ne kasa a edi kan wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu no? So ne nkɔso a wuhu yi nhyɛ wo nkuran? Na wo ankasa honhom mu nkɔso nso ɛ? So ada adi ama wo ankasa ne afoforo ahu? So wo ne Yehowa ahyehyɛde a ɛrenyin no rebɔ anan anantew nnɛ?’ Yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ te sɛ wɔn a Paulo kaa wɔn ho asɛm sɛ: “Ehia mo bio sɛ wɔkyerɛkyerɛ mo Onyankopɔn nsɛm mu mfitiasesɛm” no. (Heb. 5:12) Ɔkwan bɛn so na yebetumi ama ‘yɛn nkɔso ada adi ama nnipa nyinaa’?—1 Tim. 4:15.
NKƆSO WƆ ƆKYERƐKYERƐ NE ABRABƆ MU
2 Paulo ka kyerɛɛ Timoteo sɛ, “Ma w’ani mmra wo ho ne kyerɛ no so.” (1 Tim. 4:16) Ɔsom Nhyiam no de akwankyerɛ ma yɛn wɔ sɛnea yebetumi ama yɛn ɔkyerɛkyerɛ anya nkɔso no ho. Ɛde nsɛm ahorow a efi Yɛn Ahenni Som mu a ɛfa sɛnea wɔkyerɛkyerɛ wɔ ofie Bible adesuayɛ mu, bere a wɔreyɛ sankɔhwɛ, ne wɔ afie afie som adwuma mu ho di dwuma. So yɛde afotu yi redi dwuma de ama yɛn ho akokwaw kɛse wɔ ɔsom adwuma no afã horow nyinaa mu?—Mmeb. 22:29.
3 Teokrase Ɔsom Sukuu no de nyansahyɛ ahorow a eye a ɛbɛboa yɛn ma yɛaka asɛmpa no akyerɛ afoforo ma. So wubu no sɛ ɛyɛ Yehowa nsiesiei ma wo honhom mu nkɔso? Ɛdenam wo ho a wode bɛhyɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu so no, wo ho bɛkokwaw kɛse wɔ asɛnka adwuma no mu ma woayɛ nhwɛso pa ama afoforo.—Hwɛ School Guidebook, nkratafa 8, 9.
4 Nkɔso da adi nso denam yɛn abrabɔ, yɛn kasa, ne yɛn su a yɛma ɛne Onyankopɔn asɛm hyia no so. Esiane eyi nti na yɛresua United in Worship nhoma no wɔ Asafo Nhoma Adesua ase no. Wɔahyɛ da asiesie nhoma yi na aboa yɛn ma ‘yɛapere akɔ onyin mu.’ (Heb. 6:1) ‘So wusiesie wo ho yiye ma, na wokenkan kyerɛw nsɛm ahorow no na wususuw emu nsɛm no ho? Dɛn nti na womfa nyɛ wo botae sɛ wobɛma mmuae daa wɔ Asafo Nhoma Adesua ase a kyerɛw nsɛm a emu nsɛm nni nhoma no mu no ka ho. Bɔ mmɔden sɛ wode afotu a wɔka ho asɛm dapɛn biara no bedi dwuma. Ma obiara nhu sɛ Yehowa Asɛm no redi dwuma wɔ wo mu.—1 Tes. 2:13.
HOKWAN AHOROW HO A YEBEDU
5 Honhom mu nkɔso da adi nso denam ɔsom hokwan ahorow ho a yebedu so. So wubetumi ayɛ akwampaefo boafo wɔ asram a ɛbɛba no mu? So wubetumi aka daa akwampaefo a wɔn dodow rekɔ anim no ho? So wubetumi asom wɔ faako a mmoa ho hia kɛse, sɛ ebia, wɔ Ɔmantifi? (Hwɛ Yɛn Som Adwuma, ti 9.) Anuanom mmarima a wɔwɔ asafo no mu betumi ada nkɔso adi denam “adwuma pa” a ɛne asafo mu ɔsomfo anaa ɔpanyin a wɔbɛyɛ no so.—1 Tim. 3:1, 13.
6 Nneɛma ahorow a yebetumi ayɛ na ama yɛadu ho na yɛn nkɔso ada adi no bi ne nea ɛwɔ he? Obiara betumi ayere ne ho sɛ ɔbɛda honhom aba no adi kɛse. (Gal. 5:22, 23) Bio nso, ɛho hia sɛ yɛbɛkɔ adesua bere nyinaa na yɛayɛ asɛmpa no ho adawurubɔfo a wɔyɛ nnam na yɛahwɛ sɛ yɛbɛboa afoforo a wɔwɔ asafo no mu na yɛahyɛ wɔn nkuran. So woreyere wo ho wɔ eyinom yɛ mu?
7 Afoforo pii a wɔresen aba Yehowa fi bepɔw so no ma honhom mu onyin ho hia wɔ yɛn nyinaa fam. (Yes. 2:2, 3; 60:22) Nhyehyɛe yi awiei rebɛn! Hia a wɔn a wɔn ho akokwaw a wobeso asɛyɛde ahorow mu ho hia no nyɛɛ kɛse da sɛ nnɛ! Enti, “eyinom ho na bɔ mmɔden, eyinom mu na keka wo ho, na wo nkɔso ada adi ade nyinaa mu.”—1 Tim. 4:13-15.