Yɛ Fakãã Wɔ Wo Som Adwuma Mu
1 Ɛnyɛ den mma obi a ɔyɛ fakãã sɛ ɔbɛdan afi ade biako so akɔ foforo so. Fakããyɛ kyerɛ yɛ a wotumi yɛ nsakrae, nnannanho, ne tebea horow a wotumi di ho dwuma. Sɛ yɛyɛ fakaa a, yebetumi ama bere a yɛde ka asɛmpa no kyerɛ, nnipa dodow a yɛkɔ wɔn nkyɛn, ne nea yetumi yɛ no anya nkɔso.
2 Bere a ahohiahia kɛse no bɛn no, ɛho hia kɛse sɛ yɛkyerɛkyerɛ afoforo nokware no. Ɛho hia sɛ yɛyɛ fakãã wɔ asɛnka bere ho nhyeyɛe a yɛyɛ mu. Wɔ mmeae binom no, nnipa kakraa bi na wɔwɔ fie anɔpa a adawurubɔfo pii de yɛ asɛnka adwuma no. Yɛbɛyɛ dɛn anya wɔn? So yebetumi ayɛ nsakrae wɔ yɛn asɛnka nhyehyɛe mu de awia anaa anwummere aka ho? Nneɛma pa afi mu aba ama asafo binom a wɔyɛɛ anwummere kuw adansedi anaasɛ Memeneda ne Kwasida awia asɛnka nhyehyɛe no. So anwummere adansedi ye wɔ w’asasesin no mu?
3 Ebia wubetumi adi adanse kɛse denam nnipa a wɔretwɛn wɔ bɔs gyinabea, wɔn a wɔtete kar ahorow a egyinagyina hɔ mu, anaasɛ wɔnam fam a wobɛkasa akyerɛ wɔn no so. Nkurɔfo ho anigye a yɛwɔ no bɛka yɛn ma yɛde Ahenni ho asɛmpa no akɔ obiara nkyɛn.—Mat. 9:35.
YƐ FAKÃÃ WƆ APON ANO
4 Bere a worekɔ ofie no mu no, susuw hia a ɛho hia sɛ wo nkɔmmɔbɔ no bɛyɛ fakãã no ho. Gye bere hwɛ, na tie. So wɔasiesie fie hɔ fɛfɛ? So nhwiren anaa turo bi wɔ hɔ? Nneɛma a mmofra de di agoru nso ɛ? Biribi wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ onyamesomni? Sɛ wobue ɔpon no a, yebetumi ahu sɛ ebia ofiewura no yɛ ɔbarima anaa ɔbea, abofra anaa ɔpanyin, ɔyɛ obi a onni adagyew anaasɛ ɔnyɛ hwee. Sɛ ofiewura no kasa a, wubetumi ahu nea n’ani gye ho, nea ɔpɛ, nea ɔmpɛ, nea ogye di, nea ɛho hia no, ne ade. Nkurɔfo ani taa gye sɛ wohu sɛ wosusuw wɔn tebea ne wɔn adwenkyerɛ ho.
5 Sɛ ofiewura de anoyi bi ma a, ɛtaa yɛ nea nyansa wom sɛ wobɛpene so na ehia woaka ho asɛm tiaa. Reasoning From the Scriptures nhoma no betumi aboa yɛn wɔ eyi mu. Emu nsɛm no a yebehu bɛboa yɛn ma yɛayɛ fakãã kɛse na ama yɛatumi adannan Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no mu ama nnipa ne tebea ahorow ahorow a ebia yebehyia wɔ asɛnka mu no.
BOA AFOFORO MA WONNYA NOKWARE ASOMDWOE NE AHOTƆ
6 Nnipa koma pafo pii da so ara wɔ wiase nyinaa a wonnya mmɛyɛɛ Yehowa asomfo, nanso “wosisi apini di akyide a wɔyɛ wɔ” Kristoman mu “no so nkɔmmɔ.” (Hes. 9:4) Wɔn ani gyina da a nokware asomdwoe ne ahotɔ besi nnɛ tebea a ɛyɛ hu yi ananmu no. Nnipa a wɔte sɛɛ hyia Nhyehyɛe Foforo a ɛreba no ne ne Paradise a asomdwoe ne ahotɔ a edi mũ wom ho anidaso a awerɛkyekye wom no.
7 Koma pafo a wɔte sɛɛ nti na wɔatintim True Peace and Security—How Can You Find It? nhoma no. Eyi yɛ nhoma dedaw a ekura asɛmti oro yi ara a wɔasan akyerɛw no foforo. Nhoma yi ma nkurɔfo hu nea wiase nsɛm a esisi no kyerɛ. Ɛma wohu sɛ ɛyɛ nea ɛsɛ sɛ wɔde wɔn ho to asomdwoe ho mmɔden a onipa bɔ no so anaasɛ dabi. Nokware Asomdwoe nhoma yi ka asɛm a Amanaman Nkabom no aka sɛ afe 1986 fi mmɔden titiriw a wiase akannifo bɔ wɔ ‘asomdwoe ne ahotɔ’ ho no ase ho asɛm. Nokware Asomdwoe nhoma yi reka eyi ho asɛm no, ese: “Akyinnye biara nni ho sɛ eyi yɛ ade a wɔyɛ wɔ Paulo . . . asɛm no mmamu ho. . . . Nanso nkɔmhyɛ no kyerɛ sɛ bere bi bɛba a amanaman no bɛka sɛ wɔanya ‘asomdwoe ne ahotɔ’ bi.”—1 Tes. 5:3.
8 Yehowa ahyehyɛde no ayɛ nhoma fɛfɛ yi a wɔbɛkyekyɛ wɔ wiase nyinaa wɔ April ne May mu ho nhyehyɛe. Ɛwom sɛ yenni foforo yi bi mprempren wɔ Ghana ha de, nanso yɛwɔ dedaw no pii wɔ Engiresi, Twi ne Ewe kasa mu wɔ hɔ. Yɛpɛ sɛ yɛde eyi nyinaa ma ansa na foforo no aba. Eyi ne yɛn botae wɔ April ne May mu. Yɛhyɛ wo nkuran sɛ fa yɛ wo botae sɛ anyɛ yiye koraa no wobɛma Nokware Asomdwoe nhoma biako wɔ asram yi mu biara mu. Yɛ nsi ne fakãã. Ɛno ansa na wubetumi aboa nkurɔfo ankasa.