‘Munnya Ɔhome Mma Mo Kra’
1 Ɛyɛ nea onipa a wayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa no adesoa bɛhwehwɛ ahome denam nsakrae a ɔbɛyɛ so. Nea Yesu Kristo to nsa frɛ nkurɔfo sɛ wɔnyɛ nen. Wɔn a wɔfa Yesu “kɔndua” na wɔbɛyɛ n’asuafo nyinaa ‘nya ɔhome ma wɔn kra’ ampa.—Mat. 11:28-30.
2 Akyinnye biara nni ho sɛ yɛn mu pii di nneɛma a ɛho hia ho dwuma da biara.’ Ɛsɛ sɛ mmusua ti fi nokwaredi mu yɛ nsiesiei ma wɔn fifo. Nnwuma ahorow pii mma ɔyerenom nnya adagyew. Mmofra mpo wɔ sukuu ne ofie nnwuma ahorow a ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Ampa, yɛyɛ nnipa a wonni adagyew koraa. Nanso dɛn na ɛma yenya ɔhome ne anigye no? So ɛnyɛ asafo nhyiam ne asɛnka a yenya mu kyɛfa kɛse daa no nti?
KRISTO KONDUA MA YENYA ƆHOME
3 Yebetumi aka Yesu ɔfrɛ a ɛwɔ Mateo 11:29 no ho asɛm wɔ ɔkwan foforo so sɛ: “Mommɛhyɛ me kɔndua ase na mommɛyɛ m’asuafo.” (Rbi8 asehɔ asɛm) Enti Kristo kɔndua a wɔreka sɛ yɛmfa no kyerɛ nkwa a wɔahyira so koraa ama Onyankopɔn sɛ Yesu Kristo suani. (Mat. 16:24-26) Nanso ɔkwan bɛn so na eyi ma ɔkra nya ɔhome?
4 Ne titiriw no, ɔhome a yenya no ne anigye a yenya wɔ yɛn mu ne ahotoso a yɛwɔ sɛ, sɛ Kristo asuafo no, yɛne Yehowa Nyankopɔn wɔ abusuabɔ a emu yɛ den no. Ɛne asomdwoe a yenya esiane sɛ yɛahu nokware no na yɛyɛ adwuma no yɛfo nti no. (Yak. 1:25) Ɛyɛ nea ɛma koma no nya ahotɔ ne asetra mu akomatɔyam a ɛtra adwene nyinaa so.—Yoh. 14:27; Fil. 4:6, 7.
5 Daa ɔkwampaefo bi kyerɛwee nnansa yi sɛ: “Mete anigye nka wɔ me komam. Metaa bisa sɛ: ‘Dɛn nti na mewɔ anigye saa bere a minni biribiara wɔ honam fam no? Nea misusuw ho bere nyinaa ne sɛ mehyia obi a ɔpɛ nokware no na maboa no. Ɛte sɛ nea me ne m’abusua no wɔ biribiara, nanso yenni hwee wɔ asetra yi mu!” Wo nso wubetumi anya ɔhome yi bi ama wo kra sɛ́ daa ɔkwampaefo anaasɛ akwampaefo boafo, sɛ wo tebea bɛma ho kwan a.
6 Wɔ Kristofo asafo mu no, wodi teokrase nnyinasosɛm a ɛfa tiyɛ ho no so. Eyi da nokwasɛm no adi sɛ “Onyankopɔn nyɛ sakasakayɛ Nyankopɔn na mmom asomdwoe Nyankopɔn.” (1 Kor. 14:33) Asomdwoe ne nneɛma a ɛkɔ so pɛpɛɛpɛ da adi wɔ yɛn asafo nhyiam ase. Ɛwom sɛ ebia na da no mu adwumayɛ ama anuanom abrɛ de, nanso osuahu ama wɔahu sɛ wonya ɔhome wɔ asafo nhyiam ahorow no ase. Wonim nso sɛ wɔnam adesua a wɔba ntɛm ne mu kyɛfa a wonya no so boa ma afoforo nya asomdwoe ne ɔhome.—Mmeb. 10:22; Yes. 48:17.
7 Teokrase afie ahorow nso ma yenya ɔhome ne Yehowa nhyira. Awofo a wɔn ani da hɔ wɔ wɔn mma nneyɛe ne ahiade ho no betumi ama wɔanya honhom mu nkɔso denam abusua Bible adesua ne nhyiam a wɔkɔ daa no so. (Efe. 6:4) Awofo ne afoforo betumi atete mmofra no wɔ asɛnka adwuma mu na wɔaboa wɔn ma wɔanya anigye a nokware no a wɔne afoforo yɛ de ba no bi. Kwasida a edi kan wɔ ɔsram no mu yɛ bere a eye a abusua no nyinaa de bɛbom ayɛ asɛnka adwuma. Okununom ne agyanom ma wonya ɔhome bere a wodi anim wɔ honhom mu nneɛma mu no. (1 Kor. 11:3) Nea ɛka eyi ho ne adesua ne asɛnka ho nhyehyɛe a ɔbɛyɛ ne afei ahomegye nso. Ɔyerenom ne ɛnanom betumi ayɛ pii de aboa denam nhyehyɛe ahorow yi a wɔbɛboa ma ayɛ yiye no so. Nea eyi de ba ne teokrase nhyehyɛe ne ɔhome ma obiara.—Efe. 5:22; 6:2, 3.
8 Ɛdenam Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo a wosuasua no so no, asuafo anokwafo nyinaa nam nokware no so ma afoforo nya ɔhome na wodwen wɔn a ‘wɔayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa wɔn nnosoa’ no nyinaa ho. Wɔ mfɛfo Kristofo akyi no, susuw nnipa a wɔwɔ w’asasesin mu ne baabiara a wokɔ no ho. (Mat. 5:43-45; Adi. 22:17) Yɛ nnam wɔ Kristofo som adwuma no mu. Gye Kristo ɔfrɛ no so na ‘nya ɔhome ma wo kra.’