Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/86 kr. 1-4
  • Yi Téma Adi Wɔ Wo Som Adwuma Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yi Téma Adi Wɔ Wo Som Adwuma Mu
  • Yɛn Ahenni Som—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • TẼMA A YEBENYA
  • SƐNEA WOYI ADI
  • Tema—Ade a Ɛma Yɛda Ayamye ne Mmɔborohunu Adi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Da Tema Adi
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2021
  • Onyankopɔn Da Tema Adi Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2018
  • Nya Tema
    Nyan!—2020
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1986
km 11/86 kr. 1-4

Yi Téma Adi Wɔ Wo Som Adwuma Mu

1 ‘Ahopɛfo, ahohoahoafo, ahantanfo, wɔn a wɔhoman.’ (2 Tim. 3:15) Hwɛ sɛnea Bible no ka awo ntoatoaso a yɛwom yi ho asɛm pɛpɛɛpɛ! Téma a ɛyɛ su a ɛma obi tumi de ne ho si hɔ ma obi foforo no nyɛ nea wɔtaa bu wɔ wiasefo mu.

2 Sɛ yebetumi ayɛ yɛn som adwuma no a, ɛnde na tema adi a yebeyi ho hia. Eyi yɛ nyɛ mmerɛw bere nyinaa. Yɛn nso yehyia ɔhaw ne dadwene ahorow a ebetumi asiw afoforo ho a yebesusuw no kwan. Dɛn na yebetumi ayɛ wɔ eyi mu?

TẼMA A YEBENYA

3 Ɛsɛ sɛ yesusuw yɛn yɔnkonom ahiade ho. Sɛ yɛyɛ saa a na yɛresuasua yɛn soro Agya no. Yehowa wɔ ɔdɔ ma nnipa na ohu nea ehia wɔn. Enti ɛma wɔyɛ no mmɔbɔ, ne yam hyehye no ma wɔn na ɛma ɔde agyede no maa adesamma.​—Yoh. 3:16.

4 Adesamma wiase no hia Onyankopɔn Ahenni no kɛse. Ahenni yi ho ade a yɛasua no aboa yɛn ma yɛatumi agyina yɛn haw ahorow ano. Sɛ yɛde yɛn ho si ofiewuranom no ananmu a, wɔbɛyɛ yɛn mmɔbɔ, na yɛn yam bɛhyehye yɛn ama wɔn na ama yɛaka Onyankopɔn Asɛm mu nokware a ɛma awerɛkyekye no bi akyerɛ wɔn. Wɔ eyi yɛ mu no, yɛn, ankasa osuahu ama yɛahu sɛ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no som bo ampa. Enti bere a yɛte nka ma afoforo no, yɛde anigye bɛka nsɛmma nhoma abien no kra ho asɛm November mu. Yɛnam saa kwan yi so bɛboa nkurɔfo ma wɔabenya anigye a yɛanya no bi.​—Yoh. 8:32, 36.

5 Ɔdɔ ne téma kɛse ma adesamma na Yesu de yɛɛ ne som adwuma no. Ná osusuw nnipa ho kɛse, na na wɔn a wotiee no no nim sɛ odwen wɔn ho na odi wɔn tebea no ho yaw. (Luka 5:12, 13; Marko 6:32-34) Sɛ yenya téma na yeyi adi te sɛ nea Yesu yɛe no a, ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn mfɛfo no bɛda adi.

SƐNEA WOYI ADI

6 Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayi su yi adi wɔ yɛn som adwuma mu? Ɛho hia sɛ yenya nhumu, na yɛhyɛ ofiewura no nsɛm tebea ne nea ɔka nsow, na yɛfa no sɛ yɛne ɔno. Bisa wo ho sɛ: Sɛ mene ɔno a, anka asɛm bɛn na ɛbɛyɛ awerɛkyekye ama me anaasɛ m’ani begye ho? Afei kɔ so na ka nea woahu sɛ n’ani begye ho no ho asɛm. Sɛ wuhu sɛ ɛnyɛ nea ɔne wo betumi abɔ nkɔmmɔ a, twa so na fa nsɛmma nhoma foforo a aba anaa kratawa ma na kyerɛ sɛ wobɛsan aba wɔ bere pa mu.

7 Ɛho hia sɛ adawurubɔfo, ne titiriw no, wɔn a wɔwɔ osuahu no yi téma adi bere a wɔreboa afoforofo wɔ asɛnka mu no. Sɛ yɛkae sɛnea yɛtwentwɛn yɛn nan ase bere a edi kan a yefii ase kɔɔ afie afie anaasɛ ebia yɛmaa yɛn kasa a edi kan ne sɛnea yɛn ho popoe no a, ebetumi aboa yɛn ma yɛanya adwempa. Sɛnea afoforo boaa yɛn no a yɛbɛkaakae bɛma yɛahu nea yɛbɛyɛ ne nea yɛbɛka bere a yɛde afotu ne akwankyerɛ rema afoforo a wɔn ho nkokwawee no.

8 Sɛ yenya tema ma nnipa a yehyia wɔn wɔ asɛnka mu no ne yɛn nuanom a, ɛda Kristofo nipasu no adi. Momma yɛnhwehwɛ akwan horow a yɛbɛfa so ayi adi bere nyinaa mfa nni Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba Kristo Yesu akyi.​—Efe. 5:1, 2.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena