Boa Mmofra Ma Wonyi Yehowa Ayɛ
1 Efi bere a woyii Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm adi wɔ 1978 mu no, ayɛ mmoa kɛse ama awofo ne mmofra. Ɛna biako bi ani gyei kɛse bere a ne babarima a wadi mfe akron a na anka n’ani nnye ho sɛ ɔbɛtra ase asua ade no baa fie na obisae sɛ: “Mama, wode me nhoma foforo no bɛma me?” no. Eyi yɛ sɛnea Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm no anya mmofra no so nkɛntɛnso no ho nhwɛso. Ɔkwan bɛn so na yebetumi de adi dwuma kɛse de aboa mmofra ma wɔayi Yehowa ayɛ?
SƐNEA WOBETUMI AYƐ NO
2 Wubetumi de Bible Mu Nsɛm nhoma no adi dwuma de honhom mu su ahorow ahyɛ wo mmofra adwene ne wɔn koma mu. Sɛ nhwɛso no, asɛm a ɛto so 58 no si akokoduru ne Yehowa so a wɔde ho to so dua bere a ɛka sɛnea Dawid hyiaa Filistini ɔbran Goliat no ho asɛm no. (1 Sam. 17:45-51) Ɛtɔ bere bi a mmofra hyia akwanside ahorow a ɛte sɛ abran ma wɔn. So awofo di kan siesie wɔn mma a, mmofra betumi de akokoduru ayi Yehowa din ayɛ a nhyɛso ne sɔhwɛ ahorow mfa ho.—Mmeb. 22:6; hwɛ Genesis 18:19.
3 Ebia na w’ankasa wunni mmofra. Nanso wubetumi ne mmofra a wɔwɔ asafo no mu ayɛ adwuma na woaboa wɔn ma wɔayi Yehowa din ayɛ. Sɛ asomfo a wɔapaw wɔn wɔ asafo no mu no kyerɛ Kristofo mmofra ho anigye a, ɛhyɛ wɔn nkuran na ɛkanyan wɔn. (Mmeb. 27:23) So wubetumi anya bere pii ama mmofra no? Ɛbo wɔ mfaso titiriw sɛ yɛbɛboa wɔn wɔ asɛnka adwuma mu.
BIBLE MU NSƐM NHOMA A YƐDE BƐMA
4 Wɔ December mu no, yɛde Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm na ɛbɛma. Yebetumi aboa mmofra ma wɔde ama wɔ ɔkwan a etu mpɔn so wɔ asɛnka mu. Ebia wobetumi de afi adesua ase mpo.
5 Yɛhyɛ mo mmofra no nkuran sɛ mommɔ mmɔden titiriw wɔ December mu mfa nyi Yehowa ayɛ wɔ mo sukuu mu. Ebegye akokoduru na moatumi ayɛ saa, nanso Yehowa bɛma mo ahoɔden a muhia no. Hwehwɛ hokwan ahorow a wode bɛka Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm no mu nsɛm akyerɛ wo mfɛfo sukuufo.
6 Awofo, mo ne mo mma mmobɔ asɛm a wɔbɛka a wɔahyɛ ho nyansa no bi so. Mommoa wɔn ma wɔmmfa Nkɔmmɔbɔ Asɛmti foforo no mu kyerɛw nsɛm no nni dwuma. Sɛ mmofra a wɔasiesie wɔn yiye reyi Yehowa ayɛ a, mmofra ne mpanyin nyinaa behu.
7 Afei nso momma yɛnkyerɛ yɛn mmofra no bo a afie afie kyerɛwtohɔ pa som no sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi asan akɔsra wɔn a wɔkyerɛ anigye no. Fa ofie Bible adesua a wobefi ne yɛ ase botae si wɔn anim. Ebia ɛho behia sɛ woboa wɔn wɔ adesua no yɛ mu bere a wɔafi bi ase no.
8 Yɛpɛ sɛ yɛn mmofra no ka wɔn a odwontofo a ɔkaa eyi no ka wɔn ho asɛm no ho: “Momma nea ɛhome nyinaa nyi Yah ayɛ. Munyi [Yehowa] ayɛ!” (Dw. 150:6) Bɔ mpae srɛ Yehowa akwankyerɛ bere a wode mmoa a wohia no ma no.