Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/88 kr. 1-2
  • Boa Mmofra Ma Wonnya Mfaso Pii Mfi Nhyiam Horow Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Boa Mmofra Ma Wonnya Mfaso Pii Mfi Nhyiam Horow Mu
  • Yɛn Ahenni Som—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • FA HIA A NHYIAMKƆ HO HIA HYƐ WƆN MU
  • WO NHWƐSO SƐ ƆWOFO
  • Sɛnea Yehowa Redi Yɛn Anim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Wokɔ Yehowa Adansefo Nhyiam a Ɛbɛboa Wo Sɛn?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Wo Mma A Wobɛtete Wɔn Ma Wɔadɔ Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yehyiam Som?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1988
km 6/88 kr. 1-2

Boa Mmofra Ma Wonnya Mfaso Pii Mfi Nhyiam Horow Mu

1 Sɛ wo mma kɔ nhyiam horow no a, so wotie ankasa? So wobetumi aka nneɛma a wɔasua afi nhyiam no biara mu akyerɛ wo akyiri yi? So woahyɛ wɔn nkuran sɛ wɔnyɛ aso na wɔmfa nimdeɛ a wɔnam nneɛma a wɔhwɛ no yiye so anya no nni dwuma? So wonam wo nkasae wɔ nhyiam horow no ase, nea wobetumi ahu, ate, na wɔasuasua so yɛ nhwɛso pa ma wɔn? So wo mma suasua wo gyidi? Nsemmisa yi ho mmuae pa ho hia yiye sɛ mmofra benyin abɛyɛ Yehowa asomfo a wɔahyira wɔn ho so a.

FA HIA A NHYIAMKƆ HO HIA HYƐ WƆN MU

2 Sɛ abofra bi benya daa nkwa a, ohia Bible mu ɔkyerɛkyerɛ. (Yoh. 17:3) Sɛ abofra bi besua sɛ ɔbɛkyerɛ honhom mu nneɛma ho anisɔ a, nhyiamkɔ ho hia. Ɛtɔ mmere bi a, awofo twentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔde wɔn mma bɛkɔ nhyiam efisɛ wosuro sɛ wɔbɛhaw afoforo. Ebia ebinom begyaw wɔn mma wɔ fie ma wɔayɛ wɔn sukuu nnwuma a wɔde aba fie. Nanso, ɔwofo nyansafo de ne mma kɔ nhyiam horow no.​—Deut. 31:12.

3 Ade a edi kan a ɛsɛ sɛ abofra sua fi ne mmofraase ne sɛ ɔkɔ Ahenni Asa so kotie asɛm. Nanso sɛ wɔma no nneɛma a ɛbɛma wanya biribi ayɛ, te sɛ agode anaasɛ aduan, anaasɛ wɔma no kwan ma odi agoru wɔ n’akongua no so a, so obesua sɛ ɔbɛkyerɛ anisɔ wɔ nea enti a yɛkɔ nhyiam horow wɔ Ahenni Asa so no ho? Yegye tom sɛ mmofra binom tumi yɛ aso sen afoforo. Nanso, sɛ abofra bi yɛ asoɔden a, ɔwofo nyansafo bɛteɛ no so na wafi ɔdɔ mu atete no ma watie, ɛnyɛ denam tɔfe anaa agode a ɔde bɛma no so, na mmom denam Onyankopɔn Asɛm mu nteɛso a ɔde bedi dwuma so.​—Mmeb. 13:24; Efe. 6:4.

WO NHWƐSO SƐ ƆWOFO

4 Watchtower a ɛbae January 15, 1982 mu no kratafa 17 bisaa nsɛm a edidi so yi: “So wo mma nim sɛ wofa Bible adesua nhyiam horow no aniberesɛm? So wohu sɛ wubu nhyiam horow yi aniberesɛm ma enti ɛnsɛ sɛ wokɔ nko na mmom wunya mu kyɛfa, na wokasa bere a wɔhwehwɛ saa no anaa?” Sɛ wo mma hu sɛ wokasakasa kwa wɔ nhyiam ase anaasɛ wo anaa afoforo ne wɔn di agoru a, ɛno bɛka wɔn dɛn? Wobebu bere a wɔde kɔ nhyiam horow no dɛn? Esiane sɛ mmofra yɛ asuasuafo pa nti, wo nhwɛso betumi anya wɔn so nkɛntɛnso kɛse.

5 Awofo binom ahu sɛ ɛboa sɛ wɔma mmofra nkumaa mpo ankasa nya nhoma ahorow a wɔde di dwuma wɔ nhyiam horow ase no bi. Ebia wɔ abusua adesua ase no, wɔboa wɔn mma no ma wosiesie nsɛm a ɛfata a wɔbɛka. Afei nso, awofo betumi ahyɛ wɔn mma nkuran denam nsɛntitiriw a wosusuw ho wɔ nhyiam ase a wɔbɛsan atĩ mu anaasɛ denam bere a wobegye de abua nsemmisa ahorow a ebia wɔwɔ no so. Ɛsɛ sɛ awofo ma wɔn ani da hɔ nso sɛ wɔbɛkamfo wɔn mma wɔ kyɛfa a wonya wɔ nhyiam horow no mu no ho.

6 Ɛyɛ nokware sɛ saa ntetee yi yɛ adwumaden ma awofo. Nanso, nneɛma a wɔyɛ no Onyankopɔn kwan so de nnepa ba. Sɛnea kyerɛwsɛm no ka no: “Ɔtreneeni a ɔnam ne pɛyɛ mu, wobehyira ne mma wɔ n’akyi.”​—Mmeb. 20:7.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena