Teokrase Nsɛmmansɛmma
◆ Burma nyaa adawurubɔfo dodow nkɔanim foforo a eye 1,552 January mu. Ne enye sɛ wohui sɛ nnipa 2,216 kɔɔ wɔn Yehowa mu Ahotoso” Ɔmantam Nhyiam horow anan no na wɔbɔɔ 58 asu.
◆ Wɔbɔɔ adawurubɔfo dodow nkɔanim foforo 122,608 ho amanneɛ wɔ Federal Republic of Germany January mu. Bible adesua dwumadi da so ara nya nkɔso ntɛmntɛm, na wonyaa dodow nkɔanim a ɛsen biara foforo 60,566.
◆ Guam supɔw no nyaa adawurubɔfo dodow nkɔanim foforo a ɛyɛ 278 January mu, ɛyɛ afe a etwaam no nkyekyem so nkɔanim 8%.
◆ Ireland bɔɔ adawurubɔfo dodow nkɔanim a ɛto so anum a ɛyɛ 2,795 ho amanneɛ January mu. Sɛ wɔkyekyem a asafo mu adawurubɔfo nyae nnɔnhwerew 13.2 wɔ asɛnka mu.
◆ Madagascar de adawurubɔfo dodow nkɔanim foforo 2,764 nyaa nkɔanim 14% January mu. Sɛ wɔkyekyem a asafo mu adawurubɔfo nyaa nnɔnhwerew 136.6, sankɔhwɛ 7.4. ne Bible adesua 1.6.
◆ South Africa nyaa adawurubɔfo dodow nkɔanim foforo 43,184 wɔ January mu, ɛyɛ afe a etwaam no nkyekyem so nkɔanim 7%.
◆ Trinidad nyaa adawurubɔfo dodow nkɔanim foforo a ɛyɛ 5,116 January mu a ɛyɛ nkɔanim 9%.