Monyɛ Kronkron Abrabɔ Nyinaa Mu
1 Sɛnea na ɛte mmere a atwam mu no, kronkronyɛ yɛ ɔsoro ahwehwɛde ma Onyankopɔn nkoa nnɛ. Enti ahiade kɛse wɔ hɔ ma yɛn mu biara sɛ ɛnyɛ nea kronkronyɛ kyerɛ nkutoo na ɛsɛ sɛ ɔte ase pefee na mmom sɛnea ɛsɛ sɛ ɛda adi wɔ ɔsom a yɛde ma Yehowa no mu ne nea enti a ɛsɛ sɛ ɛyɛ saa no nso. Eyi nti, “Monyɛ Kronkron Abrabɔ Nyinaa Mu” ne asɛmti a yebesusuw ho wɔ 1991 ɔsom afe no da koro nhyiam titiriw no dwumadi mu.—1 Pet. 1:15.
2 Esiane sɛ Yehowa trenee nnyinasosɛm ne mmara horow no fi ne nkyɛn sɛ Onyankopɔn a Ɔyɛ Kronkron nti, trenee gyinabea a yɛwɔ no fi yɛne no ntam abusuabɔ a emu yɛ den no mu tee. Enti, dwumadi no bɛkyerɛ akwan horow a sɛ yɛfa so a yebetumi ama yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ no anya nkoanim. Nea ɛka eyinom ho ne osetie a yɛbɛyɛ ama ne gyinapɛn ahorow a ɛyɛ kronkron no, wɔ nea yebebu no sɛ ɛyɛ nneɛma nketewaa no mpo mu. (Luka 16:10) Ɛbɛboa yɛn ma yɛanya Yehowa ahwehwɛde ahorow a ɛyɛ kronkron no ho anisɔ a emu dɔ na akae yɛn nea entia ɛsɛ sɛ eyinom nya yɛn adwene, yɛn su, ne yɛn akwan so nkɛntɛnso no.
3 Kasa atitiriw abien a wɔbɛma ne “Yɛn ho a Wɔtew Nkakrankakra no a Yɛbɛma ho Kwan” ne “Yehowa Nkurɔfo a Wɔyɛ Kronkron no Dwumadi Ahorow a Emu Trɛw.” Bere a wiase nsɛm a esisi a ɛkanyan nkate no ma sɛnea yɛn mmere no gye ntɛmpɛ no tra yɛn adwenem da biara no, ɔsom afe foforo no da koro nhyiam titiriw no dwumadi bɛkanyan yɛn ma yɛakɔ so ahwɛ Yehowa ma wama yɛn akwankyerɛ na yɛahwehwɛ sɛ yɛbɛsɔ n’ani yiye denam yɛn abrabɔ a yɛbɛma ayɛ kronkron no so.—1 Pet. 1:14, 16.