Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/93 kr. 3-6
  • So Wubetumi Ayɛ Pii De Ahyɛ Yehowa Anuonyam?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wubetumi Ayɛ Pii De Ahyɛ Yehowa Anuonyam?
  • Yɛn Ahenni Som—1993
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nhyira a Akwampae Adwuma No De Ba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Akwampae Adwuma—So Wubetumi Ayɛ?
    Yɛn Ahenni Som—1998
  • Akwampaefo Boa Afoforo na Wonya Nhyira
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Akwampae Adwuma No Ho Anisɔ a Yɛbɛkyerɛ
    Yɛn Ahenni Som—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1993
km 5/93 kr. 3-6

So Wubetumi Ayɛ Pii De Ahyɛ Yehowa Anuonyam?

1 Ɛyɛ asemmisa a ɛho hia a ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa susuw ho. Sɛ́ nnipa a yɛde nokwaredi suasua yɛn Wura, Yesu Kristo, no, yɛhyɛ yɛn Nyankopɔn no anuonyam nnɛ denam ne din a yɛka ho asɛm wɔ baguam no so. Sɛ yebenya Onyankopɔn anim dom a, eyi yɛ asɛyɛde a ɛsɛ sɛ yedi ho dwuma. (Marko 13:10; Luka 4:18; Aso. 4:20; Heb. 13:15) Hokwan a enni kabea bɛn ara ni—yiw, ɛyɛ anuonyamhyɛ—sɛ yɛbɛka asɛmpa yi akyerɛ “nguan” a wɔaka a wɔahwete a wɔbɛba abɛyɛ Yehowa amansan nguankuw no mufo no!—Yoh. 10:16.

2 So mo ne mo mma betumi ayɛ pii de ahyɛ Yehowa anuonyam denam mo som adwuma a mobɛma anya nkɔanim no so? Mo nuanom mmarima ne mmea a wɔredɔɔso bere nyinaa wɔ wiase nyinaa de wɔn ho rehyɛ akwampae adwuma no mu. Wɔ 1992 ɔsram a ɛne April mu no, na dodow nkɔanim 5,230 a wɔwɔ Ghana no yɛ akwampaefo atitiriw, daa akwampaefo, anaa akwampaefo aboafo. So w’ankasa woasusuw akwampae adwuma no ho anibere so? So mohyɛ mo mma nkuran sɛ wɔnyɛ bere nyinaa som adwuma no sɛ wɔn asetra mu adwuma?

3 Dɛn nti wonhwehwɛ sɛnea w’ankasa wote nka wɔ akwampae adwuma no ho mu? Bere biara a wɔka ho asɛm no, so woka ntɛm ara sɛ wo nsɛm tebea mma kwan sɛ wobɛsom sɛ ɔsomfo kwampaefo? Ɛyɛ ampa sɛ ɛnyɛ obiara na obetumi ayɛ akwampae adwuma no bi. Kyerɛwnsɛm mu asɛyɛde ahorow ne akwanside afoforo mma nnipa pii ntumi mfa wɔn bere nyinaa nsom. (1 Tim. 5:8) Nanso so wode mpaebɔ asusuw asɛm no ho nnansa yi? So moasusuw asɛm no ho sɛ abusua na ama moahu sɛ anyɛ yiye koraa no, mo mu biako betumi ayɛ akwampae adwuma no? July 1, 1983 Ɔwɛn-Aban no kaa asɛm a ɛkanyan adwene yi wɔ kratafa 17 sɛ: “Nokwarem no, ɛsɛ sɛ ɔsomfo Kristoni biara de mpaebɔ susuw ho hwɛ sɛ ebia obetumi ayɛ ɔkwampaefo anaasɛ ɔrentumi. Awarefo bi a wɔwɔ South Africa a wɔayɛ akwampaefo mfe dunnum kae sɛ: ‘Dɛn nti na yɛreyɛ akwampae adwuma? Sɛ yɛanyɛ saa a, so yebetumi ayi yɛn ho ano wɔ Yehowa anim da bi?’ Pii a wɔnyɛ akwampaefo no betumi abisa asɛm a ɛte saa ara: ‘So metumi ayi me ho ano wɔ Yehowa anim wɔ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ menyɛ ɔkwampaefo no ho anaa?’”

4 Ɔwɛn-Aban no mu asɛm foforo a ɛfa asɛm no ho kaa asɛm a ɛho hia yi sɛ: “Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara di nokware. So woka sɛ, ‘Honhom no pɛ, na ɔhonam no yɛ mmerɛw’? Nanso so honhom no pɛ ampa? Momma yɛnkwati sɛ yɛde mmerɛw a ɔhonam no yɛ no bɛyɛ anoyi ama pɛ a honhom no mpɛ no.”—w78 8/15 kr. 23.

5 Awofo a Wɔpɛ sɛ Esi Wɔn Mma Yiye: Mmebusɛm 15:20 ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Ɔba nyansafo ma n’agya ani gye.” Akyinnye biara nni ho sɛ awofo a wosuro Nyankopɔn ani gye bere a wɔn mmabarima ne wɔn mmabea hyira wɔn nkwa so som Yehowa no. Nanso, ɛnyɛ ade a ɛba ara kwa sɛ mma bɛpaw ade a nyansa wom yi. Nneɛma a ɛtwetwe adwene wɔ wiase no wɔ tumi yiye. Awofo, mo ankasa mo gyinapɛn titiriw so na mo mma nam nya wɔn de. Sɛ moka bere nyinaa som adwuma no mu mfaso horow ho asɛmpa bere nyinaa, sɛ mohyɛ mo mma nkuran sɛ wɔne akwampaefo a wɔwɔ ahofama mmɔ, sɛ mugye di ampa sɛ bere nyinaa som adwuma no ne asetra mu adwuma a nidi wom sen biara a mo mma betumi ayɛ a, akyinnye biara nni ho sɛ adwempa yi benya mo mma so nkɛntɛnso kɛse. Mommoa wɔn mma wonhu mfaso a ɛwɔ din pa a wobenya wɔ Yehowa anim sen nnipa anim so no.

6 Mmofra, Mmebusɛm 22:1 si nea ɛsɛ sɛ mopaw no so dua: “Din pa na ɛsɛ sɛ wɔpaw sen ahonyade pii, na anuonyam ye sen dwetɛ ne sika.” Din bɛn na mubenya? Munsusuw mmarima ne mmea a wɔnam ahofama som so nyaa din wɔ Onyankopɔn anim a yɛkenkan wɔn ho asɛm wɔ Bible mu no ho. Ná oduruyɛfo dɔfo Luka, ne Henok a ɔne nokware Nyankopɔn no nantewee ka ho. Samuel nyaa nkyerɛkyerɛ a ɛsen biara a obetumi anya, na ofii ne som wɔ Yehowa asɔrefi hɔ ase bere a na ɔyɛ abofra ketewa no. So wususuw sɛ nkoa anokwafo yi nuu wɔn ho wɔ nea wɔpaw no ho? Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wonu wɔn ho? Wɔn nyinaa nyaa asetra a ɛyɛ anigye na mfaso wom. Na wonyaa Yehowa anim dom a ɛtra hɔ daa!—Dw. 110:3; 148:12, 13; Mmeb. 20:29a; 1 Tim. 4:8b.

7 Sɛ mmofra ma wɔn asetra si wɔn yiye a, awofo ani gye. Wonya nea a wɔde tetee “[Yehowa] agyapade” yi, wɔde teɛɛ wɔn so, na wɔde kyerɛkyerɛɛ wɔn no so akatua pii. (Dw. 127:3) Dɛn na ebetumi ama ɔwofo ani agye kɛse asen ɔbabarima anaa ɔbabea a ɔyɛ nea obetumi nyinaa na wahyɛ Yehowa anuonyam? Nnɛyi mmofra no mu pii redi Luka, Henok, ne Samuel anammɔn akyi, sɛnea krataa bi kyerɛkyerɛ mu no: “Madi mfe 16. Mifii akwampae adwuma ase . . . bere a wɔbɔɔ me asu akyi asram akron, na merenya Yehowa nhyira fi saa bere no. . . . Akwampae adwuma no boa wo nso wɔ sukuu mu. Kan no, na me mfɛfo sukuufo di me ho fɛw wɔ Ɔdansefo a meyɛ no ho. Mprempren, esiane sɛ ɛsɛ sɛ meyɛ kokoam adesua pii nti, mitumi ‘bua nea ɔrebɔ me ahohora no.’”

8 Nhomasua a Ɛbɛboa Obi wɔ Ɔsom Adwuma no Mu: Ɛde besi ha no, yebetumi asusuw nhomasua ho. Eyi ne ade a ehia sɛ yenya adwene a ɛkari pɛ wɔ ho titiriw. November 1, 1992, Ɔwɛn-Aban no kaa “Nhomasua a Ɛwɔ Atirimpɔw” ho asɛm. Wɔkaa asɛm yi wɔ asɛmti ketewa “Nhomasua a Ɛfata” no ase, sɛ: “Ɛsɛ sɛ Kristofo tumi hwɛ wɔn ho, sɛ wɔyɛ bere nyinaa akwampaefo asomfo mpo a. (2 Tesalonikafo 3:10-12) . . . Nhomasua a ekodu he na Kristoni abofra hia na ama ɔde Bible nnyinasosɛm ahorow yi adi dwuma, adi ne Kristofo asɛyɛde ahorow no ho dwuma? . . . [Akatua] bɛn na ebia ɛbɛyɛ nea ‘ɛfata’ ma wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ asɛmpa no ho asomfo akwampaefo no? Nea saafo no taa hia ne adwuma a wɔde bere fã yɛ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔremfa ‘adesoa a emu yɛ duru’ nto wɔn nuanom anaa wɔn abusuafo so.—1 Tesalonikafo 2:9.”

9 Sɛ nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔkwampaefo no hia nhomasua foforo na aboa no ma wɔayɛ bere nyinaa som adwuma no a, November 1, 1992, Ɔwɛn-Aban no kamfo kyerɛ sɛ: “Ɛbɛyɛ yiye a, ɔntra fie nkɔ sukuu no na ama watumi akura Kristofo adesua su mu, akɔ nhyiam ahorow no ne asɛnka.”

10 Osuahu yi a efi Takoradi no fa abofra bi a wadi mfe 22 a na ɔkɔ Takoradi Polytechnic, ɛwom sɛ na ɔpɛ akwampae adwuma no de, ho. Bere a na ɔwɔ pɔlitekinik no, ɔyɛɛ akwampaefo boafo. N’atipɛnfo dii ne ho fɛw kae sɛ obedi nkogu wɔ ne sɔhwɛ mu. Na mmuae a ɔde ma wɔn bere nyinaa ne sɛ: “Monhwehwɛ Onyankopɔn Ahenni ne ne trenee kan.” Esiane sɛ na ɔda ahohyɛso adi nti, na ɔsɔre ntɛm anɔpa de nnɔnhwerew abien siesie ne ho ma nea wobesua wɔ sukuu no, na afei ɔkɔɔ asɛnka awia bere a wɔapɔn sukuu no. Sukuufo no nyinaa ho dwiriw wɔn bere a abofra yi tɔɔ so abiɛsa wɔ sɔhwɛ titiriw bi a wɔyɛ de paw sukuufo baasa a wɔbɔ mmɔden yiye na ama wɔahwɛ wɔn wɔ sukuu no mu no. Ná sukuuni a ɔtoo so abien no yɛ onigyeni a yɛn nua ɔkwampaefo no ne no suaa Bible wɔ sukuu. Sukuuni a odii kan no yɛ Ɔdansefo abofra mmɔdenbɔfo foforo a na ɔwɔ sukuu no mu.

11 Mpanyimfo Yɛ Wɔn Fam De: Asafo mu mpanyimfo a adwuma a akwampaefo no reyɛ no ma wɔn ani gye no de nkuranhyɛ kɛse ma asomfo mmɔdenbɔfo yi. Mpanyimfo ani gye ho sɛ wɔbɛyɛ saa efisɛ wonim sɛ akwampaefo mmɔdenbɔfo a wɔsow aba no yɛ nhyira ma asafo biara. Bere a saafo de afe biako anaa nea ɛte saa ayɛ daa akwampae adwuma no, wɔfata sɛ wobenya ntetee foforo wɔ Akwampaefo Ɔsom Sukuu no mu. Adesua no ayɛ adwinnade a mfaso wɔ so a ɛma akwampaefo mpɔntu nya nkɔanim. Ɛwom sɛ akwampaefo di adwuma no anim de, nanso wɔn nso wohia nkuranhyɛ a ɔdɔ wom, na ɛsɛ sɛ mpanyimfo no hu sɛ wobedi ahiade yi ho dwuma.—1 Pet. 5:1-3.

12 Ɔkwan bɛn so na mpanyimfo no betumi ahyɛ akwampae adwuma no ho nkuran? Ade pa a wɔbɛyɛ de afi ase ne sɛ wɔbɛyɛ nhwehwɛmu wɔ bere ne bere mu de ahu wɔn a wobetumi agye asɛyɛde yi atom. Mpanyimfo betumi akɔ ankorankoro a ɛte sɛ nea wobetumi ayɛ akwampae adwuma no, a pii a wɔyɛ akwampaefo aboafo adwuma daa, nnipa a onyin ama wɔagyae adwuma, mmea awarefo a wɔhwɛ fie, ne sukuufo ka ho nkyɛn. Ɛwom sɛ ɛnsɛ wɔma obiara te nka sɛ wɔhyɛ no sɛ ɔmfa ne ho nhyem de, nanso ebia sɛ wɔn a wɔwɔ ɔpɛ no nanso wotwentwɛn wɔn nan ase nya nkuranhyɛ pa kakra a, wobehu sɛ wobetumi ayɛ akwampae adwuma no.

13 Sɛ mpanyimfo de nkuranhyɛ rema wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde wɔn ho hyem no a, ɛsɛ sɛ wɔma ɛtra wɔn adwenem sɛ enhia sɛ wɔma nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ akwampae adwuma no de asram pii yɛ akwampaefo aboafo adwuma ansa na wayɛ daa ɔkwampaefo. (krataa a ɛhyɛ kmTW 9/86 mu, nky. 24-26) Nokwarem no, mpanyimfo no bɛpɛ sɛ wohu sɛ nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ no betumi anya nnɔnhwerew a wɔhwehwɛ no.

14 Bere a Asafo Ɔsom Boayikuw no ahwɛ akwammisa kratasin no mu, na ɔkyerɛwfo no ahwɛ mu yiye de ahwɛ ahu sɛ wabua nsemmisa no nyinaa akyi no, ɛsɛ sɛ ɔde mana Asafo ti no ntɛm ara.

15 Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no ka ɔhaw ahorow biara a ebia akwampaefo no rehyia ho asɛm kyerɛ mpanyimfo no. Eyi ho hia titiriw wɔ asafo ahorow a akwampaefo pii wom no mu. Wɔ akwampaefo adwuma mu a wɔbɛhwehwɛ wɔ ɔsom afe no awiei akyi, sɛnea wɔhwehwɛe wɔ Congregation Analysis Report (S-10) no so no, na wɔhwɛ kwan sɛ ɔkyerɛwfo no bɛto nsa afrɛ ɔsom adwuma sohwɛfo no ma ɔne no ahyia ntɛm wɔ March mu ahwɛ wɔn a ebia wontumi nnya nnɔnhwerew a wɔhwehwɛ no, a wohia mmoa no. (Monhwɛ April 1993 Yɛn Ahenni Som, Nkaebɔ Ahorow no mu.) Sɛ wɔde mmoa ma ntɛm a, ebia ɔkwampaefo no betumi anya nnɔnhwerew a wɔhwehwɛ no wɔ ɔsom afe no awiei.

16 Akwampaefo afoforo pii nnyinii na wɔnkyɛɛ pii wɔ nokware no mu ɛ. Akyinnye biara nni ho sɛ ɔpɛ honhom a wɔwɔ no ma yɛn ani gye! Nanso, afoforofo yi da so ara hia ntetee na wɔn ho akokwaw wɔ afie afie adwuma no mu, na wɔayɛ sankɔhwɛ ahorow a etu mpɔn, na wɔakyerɛkyerɛ wɔ Bible adesua mu. Sɛ afoforofo no annya ntetee yi a, ebia wɔn abam bebu wɔ afe anaa nea ɛte saa akyi, na awiei koraa no wobegyae akwampae adwuma no, esiane sɛ wonnya nnepa wɔ ɔsom adwuma no mu nti. Mpanyimfo a wɔn ani da hɔ betumi ahu ɔhaw nketenkete anaa wɔn dwumadi a abrɛ ase no. Sɛ wodi ho dwuma ntɛm na wɔboa ɔkwampaefo no wɔ ne haw no ho a, obetumi de mfe pii ayɛ adwuma a ɛsow aba.

17 So Wubetumi Ayi Mpataa wɔ Nsu a Ɛwɔ Akyirikyiri Mu? Ná Yesu asuafo no mu binom yɛ apofofo. Ɛtɔ mmere bi a, wɔn asawu no nyi hwee bere a wɔagu anadwo mũ nyinaa. (Yoh. 21:3) Wɔ ɔman yi mmeae a wɔde mfe pii ‘ayi nnipa’ no, ebia akwampaefo bi benya adwene sɛ “mpataa” kakraa bi na wɔda so ara wɔ asafo no “nsu” mu. (Mat. 4:19) Nea ɛne eyi bɔ abira no, so yɛn ani nnye sɛ yɛbɛkenkan amanneɛbɔ ahorow a efi ɔman no ne wiase no mmeae afoforo a adawurubɔfo ne akwampaefo reyɛ Bible adesua pii no? Anigye a akwampaefo ne asɛmpatrɛwfo nya wɔ nsase yi so no da adi pefee. (wTW92 9/1 kr. 20 nky. 15) Enti, sɛ akwampaefo mmɔdenbɔfo bi betumi atu akɔ ɔman no baabi foforo a mmoa kɛse ho hia wɔ hɔ a, ɛsɛ sɛ wɔne wɔn hɔnom baa dwumadibea susuw ho ansa na wɔatu akɔ hɔ.

18 Ebia mfiase no, ebinom fii akwampae adwuma ase efisɛ na wonim sɛ ɛne ade a ɛteɛ sɛ wɔyɛ, nanso na wontumi nhu sɛ wobetumi ayɛ. Ebia wɔde adwenem naayɛ bi na ebisaa ho kwan. Mfiase no, ebia biribi kakraa bi na efii wɔn asɛnka no mu bae. Nanso, bere bi akyi no, wɔn ho kokwaw kɛse, na wohuu adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa ahyira wɔn adwuma no so. Enti, wɔn anigye ne wɔn ahotoso yɛɛ kɛse. Ebinom fam no, akwampae adwuma yɛɛ ade a wɔnam so kɔyɛɛ adwuma wɔ Betel, wonyaa Gilead ntetee, na wɔkɔyɛɛ asɛmpatrɛw ne akwantu adwuma mpo.

19 Ebia wuntumi ntu nkɔtra ɔman foforo bi so anaa worennya Gilead ntetee, nanso woda so ara wɔ hokwan ahorow a ɛbɛma woayi mpataa wɔ ɔman yi mu nsu afoforo mu, sɛ mo mprempren asasesin no nsow aba titiriw a. Ebia eyi bɛhwehwɛ sɛ woyɛ nsakrae wɔ w’asetra kwan mu, nanso wubenya honhom fam mfaso pii.—Mat. 6:19-21.

20 Anaa, sɛ wo nsɛm tebea ma kwan a, wubetumi aboa mo mansin no mu asafo bi a ɛbɛn. Sɛ wofata a, mo mansin sohwɛfo no ani begye sɛ ɔde ɔmansin no mu asafo ahorow a wobenya ɔkwampaefo foforo ho mfaso ho nyansahyɛ ahorow bɛma.

21 Akwampaefo ne adawurubɔfo binom atumi adi wɔn mpɔtam hɔ ahiade ahorow ho dwuma bere a wontu nkɔtra baabi foforo no. Ebia wɔte kasa foforo. So wuhu sɛ mo asasesin no mu nnipa no dodow bi ka kasa foforo bi? Wɔn a wɔte kasa foforo bi no betumi aboa kɛse ma wɔaka Ahenni nkrasɛm no akyerɛ nnipa nyinaa. Ɛwom sɛ eyi betumi agye mmɔdenbɔ kɛse de, nanso ebetumi ayɛ nea mfaso wɔ so yiye.—1 Tim. 2:4; Tito 2:11.

22 Sɛ mprempren woyɛ nea wubetumi nyinaa de ahyɛ Yehowa anuonyam a, ma w’ani nnye ɔsom mu hokwan ahorow a wowɔ mprempren no ho. Sɛ wote nka sɛ wubetumi ayɛ pii a, ka ho asɛm kyerɛ Yehowa wɔ mpaebɔ mu. Fa nokwaredi hwehwɛ nsakrae ahorow a wo nsɛm tebea bɛma woayɛ no mu. Wo ne ɔpanyin bi a ɔwɔ akwampae honhom anaa ɔmansin sohwɛfo no mmɔ ho nkɔmmɔ. Bere a wonam mpaebɔ so asi gyinae pa no, di ho dwuma ntɛm ara, na nya Yehowa bɔhyɛ sɛ ɔbɛhyɛ wɔn a wɔhyɛ no anuonyam no anuonyam no mu ahotoso.—Heb. 13:5, 6; 1 Sam. 2:30.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena