Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/93 kr. 3-4
  • ‘Momma Yɛnkɔ Yehowa Fi’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Momma Yɛnkɔ Yehowa Fi’
  • Yɛn Ahenni Som—1993
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asuafo a Yɛbɛkyerɛ Wɔn Kwan Aba Ahyehyɛde a Egyina Hɔ Ma Yɛn Din no Mu
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Anigye A Yɛbɛdan Akɔ Ahyehyɛde No So—Ɔfã 1
    Yɛn Ahenni Som—1982
  • Boa Afoforo Ma Wɔnkɔ Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—2001
  • Bible Asuafo a Yɛbɛkyerɛ Wɔn Kwan Aba Yehowa Ahyehyɛde No Hia
    Yɛn Ahenni Som—1990
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1993
km 4/93 kr. 3-4

‘Momma Yɛnkɔ Yehowa Fi’

1 Dawid de ahopere gyee nsato a ese: “Ma yɛnkɔ [Yehowa] fi” no so. (Dw. 122:1) Ná Yehowa “fi” a asɔrefi no gyina hɔ ma no, yɛ beae a wɔn a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛsom nokware Nyankopɔn no hyia. Na ɛyɛ guankɔbea a ahobammɔ ne asomdwoe wɔ. Ɛnnɛ, wiase nyinaa Kristofo asafo no yɛ Onyankopɔn “fi,” ‘nokware no adum ne ne nnyinaso.’ (1 Tim. 3:15) Eyi so na wɔnam de nkwagye ho nsiesiei nyinaa ma. Eyi nti, ‘ɛsɛ sɛ amanaman nyinaa sen yuu ba mu’ sɛ wɔpɛ sɛ wonya nhyira horow a wɔahyɛ bɔ sɛ ɛbɛba wɔ Onyankopɔn Ahenni no nniso ase no bi a.—Yes. 2:2.

2 Asafo ahorow bɛboro 69,000 na ɛwɔ saa “fi” yi mu wɔ nsase 229 so. Wɔabue Ahenni Asa ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa apon, na adwumayɛfo nsiyɛfo bɛboro ɔpepem anan de nsato yi ma: “Bra! . . . nea ɔpɛ no mmegye nkwa nsu no kwa.” (Adi. 22:17) Pii ate nkrasɛm yi na wɔde anisɔ ayɛ ho biribi. Aka afoforo nso koma nanso wonnya mmaa Yehowa fi denam Kristofo asafo no a wɔne no bɛbɔ so. Saafo no wɔ ‘honhom mu ahiade’ bi a nsiesiei ahorow a wɔde ma wɔ asafo no mu nkutoo na ebetumi adi ho dwuma. (Mat. 5:3) Yɛte mmere a emu yɛ den mu, na nhyehyɛe yi awiei rebɛn ntɛmntɛm. Anibiannaso anaa nan ase a wɔtwentwɛn betumi ayɛ asiane a ɛyɛ hu. Ehia ntɛm sɛ nnipa bɛpere ‘abɛn Onyankopɔn’ denam n’ahyehyɛde no a wɔbɛbɛn no kɛse so. (Yak. 4:8) Ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi aboa wɔn?

3 Twe Anigyefo Adwene Ba Ahyehyɛde no So: Efi bere a edi kan a yehyia anigyefo no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so twe wɔn adwene ba ahyehyɛde no so. Ɛwom sɛ ebia yɛn ankasa betumi ahu kyerɛw nsɛm na yɛakyerɛkyerɛ nkyerɛkyerɛ atitiriw mu akyerɛ wɔn de, nanso ɛnyɛ yɛne saa nimdeɛ no fibea. Biribiara a yɛasua no fi ahyehyɛde no hɔ, na wɔnam akoa kuw a ɔma “aduan ɛbere a ɛsɛ mu” no so na wɔde mae. (Mat. 24:45-47) Mfiase pɛɛ no, ehia sɛ afoforofo hu sɛ pii wɔ ɔsom kronn mu sen yɛn ankasa anaa yɛn hɔnom asafo no mpo; wiase nyinaa asafo a wɔahyehyɛ, a ɛyɛ teokrase kwan so de a ɛyɛ adwuma wɔ Yehowa akwankyerɛ ase wɔ hɔ.

4 Akwankyerɛ a yɛn nsa ka no fi Yehowa a wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛkyerɛ yɛn kwan na wakyerɛkyerɛ yɛn no hɔ. (Dw. 32:8; Yes. 54:13) Yɛn nhoma ahorow no so titiriw na wɔnam de nkyerɛkyerɛ yi ma. Sɛ yebetumi aboa anigyefo ma wɔanya obu kɛse ama nhoma no, na wɔahu sɛ ɛde nkyerɛkyerɛ a egye nkwa ma a, ɛbɛyɛ mmerɛw kɛse ama wɔn sɛ wɔbɛkenkan na wɔde emu nkrasɛm no adi dwuma sen sɛ wobebu wɔn ani agu so ntɛm. Ɛsɛ sɛ yɛde nhoma no ma na yɛde di dwuma wɔ ɔkwan a ɛbɛma wɔanya obu ama so bere nyinaa. Eyi kyerɛkyerɛ afoforofo ma wonya anisɔ ma ahyehyɛde no, na wɔde wɔn ho ato ne nsiesiei ahorow so.

5 Ma anigyefo nhu sɛ beae titiriw bi a yehyiam wɔ hɔ wɔ mpɔtam hɔ, na wɔde nkyerɛkyerɛ ma wɔ hɔ daa. Fa Ahenni Asa no address ne mmere a mode yɛ adesua ma wɔn. Kyerɛkyerɛ nsonsonoe a ɛda yɛn adesua ahorow no ne nyamesom nhyiam horow a ebia wɔakɔ pɛn wɔ bere a atwam no mu no ntam. Obiara betumi aba bi; yennyigye sika na yɛnsrɛsrɛ sika mfi ankorankoro hɔ. Ɛwom sɛ asomfo a wɔapaw wɔn na wɔhwɛ dwumadi no so de, nanso obiara wɔ hokwan sɛ ɔde ne ho hyɛ mu denam mmuae a ɔbɛma ne dwumadi no afã horow a ɔde ne ho bɛhyɛ mu no so. Mmusua betumi aba bi; wɔma mmofra nya yɛn Bible nkɔmmɔbɔ no mu kyɛfa. Yɛn asomfo nhyɛ ntade atenten yuu anaa ntade soronko bi. Wɔasiesie Ahenni Asa no so fɛfɛ, na kyɛnere anaa ahoni biara nni hɔ. Wɔn a wɔba hɔ no mu fã kɛse no te mpɔtam hɔ ara.

6 Fa Bible Adesua So Kyerɛ Anigyefo Kwan Nkakrankakra: Bible adesua atirimpɔw titiriw ne sɛ yɛde bɛkyerɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm mu nokware no. Ɛsɛ sɛ ɛma osuani no nya anisɔ nso ma Yehowa ahyehyɛde no na ohu sɛnea ehia sɛ ɔbɛyɛ emuni. Adwuma kɛse a Yesu ne n’asuafo yɛe wɔ afeha a edi kan no mu no twetwee nnipa komapafo ma ɛkaa wɔn boom ma wɔyɛɛ adwuma wɔ sodikuw bi akwankyerɛ ase. Wɔ mmeae a wɔyɛɛ ho biribi pa no, wɔhyehyɛɛ asafo horow na akɔ so de ntetee ne nkyerɛkyerɛ ama. Wɔhyɛɛ emufo den honhom mu, na wɔboaa wɔn ma wotumi gyinaa ahohia mmere ano. (Heb. 10:24, 25; 1 Pet. 5:8-10) Wɔ yɛn nna yi mu no, Yehowa atirimpɔw ne sɛ ‘ɔbɛpãtã nneɛma nyinaa abom bio Kristo mu.’ (Efe. 1:9, 10) Enti, yɛwɔ wiase nyinaa ‘anuanom kuw.’—1 Pet. 2:17.

7 Ɛsɛ sɛ wode nkyerɛkyerɛ a ɛbɛboa asuafo no ma wɔanya anisɔ ama ahyehyɛde no, na wode nsiesiei ahorow a ɛbɛma wɔanya nkwagye ka dapɛn dapɛn Bible adesua no ho. Dapɛn biara gye simma kakra fa ka ahyehyɛde no ho biribi ne sɛnea ɛyɛ adwuma ho asɛm. Wubetumi anya nsɛm a ɛbɛboa wɔ November 1, 1984, Watchtower mu. Jehovah’s Witnesses in the Twentieth Century ne Yehowa Adansefo—Wɔde Biakoyɛ Reyɛ Onyankopɔn Apɛde wɔ Wiase Nyinaa brochure ahorow no ka ahyehyɛde no afa atitiriw ne sɛnea yebetumi anya mu mfaso ho asɛm. Nhyehyɛe a wobɛyɛ ma wo Bible asuafo ahwɛ video a wɔato din Jehovah’s Witnesses—The Organization Behind the Name no bɛma wɔn ankasa ahu nea ahyehyɛde no reyɛ. Amanneɛbɔ ne osuahu ahorow a wobɛpaw afi Yearbook no mu betumi akyerɛ nkɔso a adwuma no renya wɔ aman ne amammerɛ afoforo mu. Wubetumi de nhoma afoforo nso adi dwuma. Bere bi akyi no, kyerɛkyerɛ nsɛm te sɛ nea enti a yɛkɔ afie afie, yɛn nhyiam horow no atirimpɔw, sɛnea yenya sika de yɛ yɛn adwuma, ne beae a yɛn adwuma no atrɛw akodu wɔ wiase nyinaa mu nkakrankakra.

8 Adansefo afoforo a afoforofo behu wɔn betumi akanyan wɔn, na wɔahu asafo no ho nneɛma pii. Eyi nti, to nsa frɛ adawurubɔfo afoforo ma wɔmmɛtra adesua no mu bi wɔ bere ne bere mu. Asafo no muni bi a n’asetra mu tebea ne n’anigyede ahorow ne wo suani no de di nsɛ no betumi ama wanya biribi foforo a ebebue n’adwenem. Ebia ɔpanyin bi betumi aka wo ho akɔ na ama wɔahu wɔn ho wɔn ho ara kwa. Nhyehyɛe a wobɛyɛ ma ɔmansin sohwɛfo anaa ne yere akɔsra osuani no betumi ayɛ nhyira ankasa. Sɛ Adansefo bi te bɛn hɔ a, Bible suani no a wobehu no no betumi de nkuranhyɛ foforo ama osuani no ma waba asafo nhyiam ahorow.

9 Hyɛ Afoforofo Nkuran ma Wɔmmra Adesua: Ɛsɛ sɛ afoforofo hu sɛnea ehia sɛ wɔba adesua. Bɔ mmɔden kanyan wɔn anigye. Kyerɛ wɔn nsɛm a mubesua wɔ Ɔwɛn-Aban adesua no mu. Kyerɛ wɔn baguam kasa a wɔbɛma no nsɛmti. Ma wonhu nsɛntitiriw a mubesua wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no ne Asafo Nhoma Adesua mu no. Ma wonhu sɛnea w’ankasa wote nka wɔ nneɛma a wusua wɔ adesua horow yi ase, ne nea enti a wote nka sɛ ehia sɛ wokɔ no. Sɛ wubetumi a, fa wo kar kɔfa no. Sɛ telefon wɔ hɔ a, frɛ a wobɛfrɛ no wɔ so ansa na nhyiam bere aso no betumi ahyɛ no nkuran kɛse ma waba.

10 Sɛ wo Bible suani bi ba adesua a, ma ɔnte nka sɛ mo ani gye sɛ waba. Fa no kyia afoforo a mpanyimfo no ka ho. Sɛ ɔreba abetie bɛguam ɔkasa a, fa no kyia ɔkasafo no. Kyerɛkyerɛ no Ahenni Asa so hɔ. Kyerɛkyerɛ no nhoma ne nsɛmma nhoma apon, ntoboa adaka, nhomakorabea, ne afe asɛm no atirimpɔw mu. Ma onhu sɛ asa no nyɛ ɔdan a wɔsom wom nko, na mmom ɛyɛ beae a wɔyɛ mo hɔnom asɛnka ho nhyehyɛe nso.

11 Kyerɛkyerɛ no sɛnea yɛyɛ yɛn adesua ahorow no mu. Fa nhoma ahorow a yɛde di dwuma no kyerɛ osuani no. Ma onhu sɛ Bible no ne nhoma titiriw a yɛde di dwuma. Obiara, a mmofra nso ka ho, tumi de ne ho hyem. Kyerɛkyerɛ mu sɛ Yehowa Adansefo na wɔhyehyɛɛ yɛn nnwom nhoma no mu nnwom ne emu nsɛm no nyinaa na yɛde adi dwuma wɔ yɛn som mu. Twe n’adwene si wɔn a wɔba adesua no nsɛm tebea horow a ɛsonsonoe no so. Ka adamfofa ne ahɔhoyɛ su ho asɛmpa kyerɛ no. Saa ayamye ne nokware anigye a wobɛda no adi yi betumi ayɛ nneɛma atitiriw a ɛbɛkanyan osuani no ma wasan aba bio no mu biako.

12 Nea Enti a Ebinom Twentwɛn Wɔn Nan Ase: Mpɛn pii no, wɔ nea woyɛ biara nyinaa akyi no, ebinom twentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛbɛn ahyehyɛde no kɛse. Mpa abaw ntɛm ara. Bɔ mmɔden susuw ho sɛ wowɔ wɔn tebea no mu. Ebetumi aba sɛ, ebesi saa bere yi wonhuu sɛnea ehia ankasa sɛ wɔkɔ asɔre, gye sɛ wɔ mmere atitiriw bi mu. Ebia wɔn abusuafo anaa wɔn nnamfonom a wɔbɛn wɔn paa no de nhyɛso ba wɔn so. Ebia animtiaabu nsɛm a wɔn afipamfo ka kyerɛ wɔn no ma wɔbɔ hu. Na nokwarem no, asetra mu nneɛma ne anigyede a egu ahorow betumi atwetwe wɔn adwene. Ebia wobebu eyinom sɛ akwanside a wontumi nni so; ehia sɛ woboa wɔn ma wohu nneɛma wɔ ɔkwan a ɛfata so na ‘wɔasɔ nneɛma a eye koraa no ahwɛ.’—Fil. 1:10.

13 Fa Kyerɛwnsɛm no kyerɛ wɔn nea enti a ɛsɛ sɛ womia wɔn ani gyina mu. Si so dua sɛ yɛn nyinaa hia nkuranhyɛ ne honhom mu denhyɛ a yenya fi hyia a yehyia bom no mu ntɛm ara. (Rom. 1:11, 12) Yesu kaa no pefee sɛ ɔtaa a efi abusuafo hɔ nyɛ ade a edi mu a ɛsɛ sɛ obi gyina so twentwɛn ne nan ase. (Mat. 10:34-39) Paulo hyɛɛ yɛn nkuran sɛ ɛnsɛ sɛ yɛn ani wu sɛ yɛbɛma nnipa ahu sɛ yɛyɛ Yesu asuafo. (2 Tim. 1:8, 12-14) Ɛsɛ sɛ yetumi di nneɛma a yɛn ani gye ho ne nea ɛtwetwe adwene so; anyɛ saa a ɛbɛyɛ afiri. (Luka 21:34-36) Wɔn a wɔde wɔn koma nyinaa som Yehowa, na wonyɛ no fã ne fã, na wobenya ne nhyira. (Kol. 3:23, 24) Bible mu nnyinasosɛm ahorow a ɛte saa ho anisɔ a wode bedua wɔn mu betumi abue kwan ma wɔanya honhom mu nkɔso.

14 Apon no Abue: Wɔama Yehowa nokware som fi no so asen afoforo nyinaa. Wɔde nsato yi rema wɔ aman 229 so wɔ wiase afanan nyinaa: “Mommra mma yɛnkɔ [Yehowa] bepɔw so . . . na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnantew n’atempɔn so.” (Yes. 2:3) Ɛho biribi pa a afoforofo bɛyɛ no betumi agye wɔn nkwa. Akwan a eye a yɛbɛfa so aboa wɔn no mu biako ne sɛ yɛbɛtwe wɔn adwene aba Yehowa ahyehyɛde no so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena