Yɛn Nhwɛsofo no a Yebedi N’akyi sɛ Hann Kurafo
1 Yesu ka faa n’ankasa ho sɛ: “Mene wiase hann.” Esiane sɛ Yesu asuafo no dii ne nhwɛso akyi nti, na wɔn nso yɛ “wiase hann.” (Mat. 5:14) Sɛ́ “wiase hann” no, na Yesu betumi aka sɛ wɔn a wobedi n’akyi nyinaa benya “nkwa hann.” (Yoh. 8:12) Ɛno ma yɛyɛ honhom mu hann kurafo a ɛnsɛ sɛ yɛma biribiara kwan ma ɛkata saa hann no so.
2 Yehowa ahyehyɛde no de ntetee a ɛkyerɛ yɛn sɛnea yɛbɛyɛ hann kurafo a wotu mpɔn ma. Sɛ yedi afotu ne akwankyerɛ a yɛn nsa ka no akyi yiye a, yebetumi de Ahenni ho nokware no akyerɛkyerɛ nnipa ahorow nyinaa. (1 Tim. 4:6) Hann kurafo a yɛbɛyɛ no nhwehwɛ sɛ yɛde hokwan biara a yebenya no ka nokware no ho asɛm nko, na mmom, sɛ yebekura Kristofo abrabɔ pa mu nso. Wɔannya asɛmmɔne biara anka wɔ yɛn Nhwɛsofo no abrabɔ ho. Sɛ n’akyidifo no, ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ sɛ Kristosom yɛ yɛn da biara asetra kwan. (Efe. 5:9; Tito 2:7, 8, 10) Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nnwuma pa a afoforo betumi ahu, na aka wɔn ma wɔahyɛ Onyankopɔn anuonyam.—Mat. 5:16.
3 Bere a Ɔdansefo bi rekɔ afie afie no, ohyiaa adesrɛ soronko bi. Ná ofiewura no ne ne yere yare denneennen, nanso na ɛsɛ sɛ wɔde sika bi kɔto sikakorabea. Wobisae sɛ ebia Ɔdansefo no bɛkɔ anaa. Ɔpenee so na wɔde dɔla 2,000 maa no sɛ ɔmfa nkɔto sikakorabea! Bere a ofi sikakorabea hɔ san bae no, obisae sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na mubetumi agye me adi bere a munnim me mpo no?” Mmuae no ne sɛ: “Yenim, na obiara nso nim sɛ Yehowa Adansefo nkutoo na wobetumi agye wɔn adi.” Hwɛ aseda ara a yebetumi de ama sɛ Bible abrabɔ ho nnyinasosɛm a yedi so yiye no de din pa a ɛte saa a ɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam ba!
4 Mfitiase sukuu kyerɛkyerɛfo bi kyerɛkyerɛɛ nea enti a na Ɔdansefo sukuuni bi a wadi mfe asia renyɛ Halloween mfonini bi no mu kyerɛɛ sukuufo a ɔkyerɛ wɔn ade no. Ɔkyerɛkyerɛfo no kae sɛ na n’ani gye ne ho yiye sɛ ɔwɔ akokoduru a ɛma ɔyɛ soronko esiane nea ogye di nti. Ɔkyerɛkyerɛfo no kae sɛ, sɛ yegye biribi di ampa a, ɛsɛ sɛ yenya akokoduru de gyina akyi. Saa anadwo no, ɔkyerɛkyerɛfo no hwehwɛɛ nneɛma a n’ankasa gye di mu na ogye toom sɛ ɔnnaa saa akokoduru no ara adi mfa nyinaa nneɛma a ogye di no akyi da. Ade kyee no, ɔbɔɔ amanneɛ sɛ ɔremma sukuufo a ɔkyerɛ wɔn ade no mfa wɔn ho nhyɛ daakye nnapɔnnadi a na n’ankasa nnye emu bi nni no mu!
5 Yehowa nkurɔfo wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛma wɔn kanea ahyerɛn, ɛmfa ho beae biara a wɔwɔ no. Abrabɔ pa a mmofra da no adi wɔ sukuu mu no anya mfɛfo sukuufo ne akyerɛkyerɛfo so nkɛntɛnso. Abrabɔ pa a Adansefo a wɔn ani afi da no adi wɔ wɔn afie mu no ma afoforo ka Ahenni asɛm no ho asɛmpa. Bɔnnɔ so adanse a wodi no tebea ahorow pii mu no twetwe nnipa komapafo a wɔpɛ sɛ wosua pii no. Yɛn nsiyɛ ne nokwaredi wɔ honam fam adwuma mu mpo di adanse. Yiw, ɛmfa ho beae biara a yɛwɔ anaa nea yɛreyɛ no, yebetumi akanyan nokware no ho anigye.
6 Ɛdenam yɛn ani a yɛde besi yɛn Nhwɛsofo kɛse no asetra kwan a asɛm biara nni ho so no, yebetumi akɔ so ama yɛn ho akokwaw kɛse sɛ n’akyidifo. Ne nhwɛso a yebedi akyi no bɛma yɛn kanea ‘ahyerɛn ama obiara.’—Mat. 5:15; 1 Pet. 2:21.