Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/95 kr. 1
  • “Monwɛn”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Monwɛn”
  • Yɛn Ahenni Som—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ ‘Yɛkɔ so Wɛn’?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • “Mo Ani Nna Hɔ Na Monwɛn!”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
  • “Monkɔ So Nwɛn”—Atemmu Bere No Adu!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Suasua Yesu na Wɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1995
km 7/95 kr. 1

“Monwɛn”

1 Bere a Yesu kaa nsɛm a wɔakyerɛw wɔ Mateo 26:38-41 no, na ɔrebɛn n’asetra sɛ ɔdesani no mu bere a emu yɛ den sen biara no. Ná ɛbɛyɛ bere titiriw a ɛsen biara wɔ nnipa abakɔsɛm nyinaa mu. Ná adesamma nyinaa nkwagye ho asɛm wom. Ná ehia sɛ Yesu asuafo no ‘wɛn.’

2 Ɛnnɛ, yɛabɛn bere a Yesu bɛba abɛyɛ adwuma sɛ ogyefo ne ɔbrafo no pɛɛ. Sɛ́ Kristofo a yɛwɛn a yɛahu sɛnea bere yi gye ntɛmpɛ no, ɛnsɛ sɛ yɛbobɔ yɛn nsa na yɛtwɛn nkwagye. Yenim sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahoboa bere nyinaa. Ehia sɛ yɛkɔ so “yɛ adwuma brɛ na yɛpere” wɔ yɛn som ma Yehowa no mu. (1 Tim. 4:10) Na yɛn mu biara sɛ ankorankoro nso ɛ? Yɛrewɛn?

3 Yɛn Ho Mu a Yɛbɛhwehwɛ: Yesu nso bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Monhwɛ mo ho so yiye.” (Luka 21:34, 35) Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ho so yiye, na yɛhwɛ hu sɛ yɛyɛ ‘wɔn a wonni dɛm na wɔyɛ kronn wɔ abusua a akontɔn na akyea no mu.’ (Fil. 2:15) Yɛtra ase da biara sɛ Kristofo, suasua Yesu na yɛnantew ma ɛne nnyinasosɛm a wɔakyerɛw wɔ Onyankopɔn Asɛm no mu hyia? Ɛsɛ sɛ yɛkwati wiase a ‘ɛda ɔbɔnefo no tumi mu’ no su a ɛnyɛ Kristofo de no. (1 Yoh. 5:19; Rom. 13:11-14) Sɛ yɛde Kyerɛwnsɛm no hwehwɛ yɛn ho mu a, yehu sɛ yɛrewɛn nokwarem sɛnea Yesu hyɛe no?

4 Ɛsɛ sɛ mpanyimfo de anidahɔ yɛ nsi wɔ wɔn asɛyɛde a wobedi ho dwuma wɔ asafo no mu ho, na wohu sɛ wobebu akontaa wɔ sɛnea wosi wɛn nguan no ho. (Heb. 13:17) Mmusua ti wɔ asɛyɛde titiriw a ɛne sɛ wɔbɛkyerɛ wɔn mmusua kwan ma wɔafa Yehowa akwan so. (Gen. 18:19; Yos. 24:15; fa toto 1 Timoteo 3:4, 5 ho.) Afei nso, hwɛ hia a ehia sɛ yɛn nyinaa bedi Kyerɛwsɛm mu ahyɛde a ɛne sɛ yɛnnodɔ yɛn ho yɛn ho no so! Ɛyɛ nokware Kristosom agyiraehyɛde.—Yoh. 13:35.

5 Fa Anidahɔ Bɔ Afoforo Kɔkɔ: Wɛn a yɛbɛwɛn no hwehwɛ pii sen hwɛ a yɛbɛhwɛ yɛn ho so yiye. Yɛwɔ ahyɛde a ɛne sɛ yɛnyɛ afoforo asuafo. (Mat. 28:19, 20) Ɛsɛ sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn yɔnko no ka yɛn ma yɛbɔ afoforo kɔkɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya wɔn ti adidi mu wɔ ɔsɛe a ɛreba wiase yi so no mu. Eyi yɛ Kristofo nyinaa asɛyɛde. Ɛyɛ yɛn som no fã titiriw. (Rom. 10:9, 10; 1 Kor. 9:16) Yɛtaa hyia anibiannaso ne ɔsɔretia ankasa wɔ nkwagye adwuma yi ho. Sɛ nnipa dodow no ara pow yɛn kɔkɔbɔ no mpo a, yɛwɔ asɛyɛde a ɛne sɛ yebemia yɛn ani agyina mu. (Hes. 33:8, 9) Nokware dɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne yɛn yɔnko no bɛka yɛn ma yɛamia yɛn ani agyina mu.

6 Eyi nyɛ bere a ɛsɛ sɛ yegye yɛn ho di dodo. Ɛnsɛ sɛ yɛma kwan ma da biara da asetra mu dadwen no twetwe yɛn, anaasɛ yɛde yɛn ho hyehyɛ nhyehyɛe yi anigyede ahorow mu ma esum yɛn afiri. (Luka 21:34, 35) Sɛ ɛho ahia pɛn sɛ yɛde ntɛmpɛ yɛ ade a, ɛnde na ɛyɛ mprempren. Bere a Yesu Kristo bebu nhyehyɛe bɔne yi atɛn no rebɛn ntɛmntɛm. Wɔn a wɔwɛn na wɔn ani da hɔ no nkutoo na wobenya wɔn ti adidi mu. Sɛ yetie Yesu ahyɛde ahorow na ‘yenya ahoɔden de guan fi nneɛma a ɛrebɛba no nyinaa mu’ a, hwɛ aseda ara a yɛde bɛma!—Luka 21:36.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena