Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/95 kr. 7
  • Fa W’adwene Si Ɔsoro Nneɛma So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fa W’adwene Si Ɔsoro Nneɛma So
  • Yɛn Ahenni Som—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Fa W’adwene Si Nneɛma a Ɛwɔ Soro So’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Ka Ahenni no Ho Asɛm
    Yɛn Ahenni Som—1996
  • Nkrasɛm a Ɛsɛ sɛ Yɛka
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Anidaso a Yebenya wɔ Wiase a Ɔhaw Ahyɛ Mu Ma Yi Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1995
km 11/95 kr. 7

Fa W’adwene Si Ɔsoro Nneɛma So

1 Bere a The New York Times a ɛbaa December 31, 1994, no mu asɛm bi reka awo ntoatoaso a yɛte mu ne daakye ho adwene a ekura ho asɛm no, ɛkae sɛ: “Wosuro daakye. Nnwuma ho nsɛm, nyarewa ho nsɛm, sikasɛm, ne wiase nsɛm tebea no na ɛma wosuro.” Baabiara a yɛbɛhwɛ no, yehu wɔn a wɔn adwenem ayɛ wɔn naa wɔ asetra ho. Sɛ́ Yehowa Adansefo no, yɛn som adwuma no ma yehyia nnipa a wosusuw nsɛm ho saa kwan yi so no da biara. Bere a yehyia ɔhaw ahorow a wohyia no ara bi no, yɛn gyidi ne ahotoso a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn Asɛm mu bɔhyɛ ahorow a enni huammɔ mu no ma yetumi nya asetra ne adesamma daakye ho adwene soronko koraa.—Yes. 65:13, 14, 17.

2 Anidaso a enni huammɔ no mu ahotoso ne adwene a yɛwɔ no ma komapafo bebree tie asɛm a yɛde kɔ wɔn nkyɛn no. Nnipa bebree a wɔn werɛ ahow na wɔabotow nya awerɛkyekye bere a wɔne yɛn kasa no. Esiane sɛ wɔn ani gye nea wɔte no ho nti, ebinom pene so ma yɛne wɔn sua Bible no. Nanso, ɛtɔ mmere bi a, ebia nkurɔfo bɛpɛ sɛ wɔka wɔn ankasa haw ahorow ho asɛm kyerɛ ansa. Bere a yebetumi agye bere de atie obi ankasa dadwen ahorow ho nsɛm no, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi yɛn botae a ɛne sɛ yɛde Onyankopɔn Asɛm mu nokware ahorow a mfaso wɔ so bɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo no.

3 Yɛpɛ sɛ yenya tema ma wɔn a dadwen ahyɛ wɔn so. Yesu yɛɛ nhwɛso bere a ɔkaa asɛm a ɛwɔ Mateo 11:28 no: “Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnosoa nyinaa, mommra me nkyɛn.” Yɛpɛ sɛ yɛhyɛ nkurɔfo nkuran wɔ saa kwan no ara so. Nanso, hyɛ no nsow, wɔ nkyekyem 28 awiei no, Yesu kae sɛ: “Mɛma moahome.” Ɛsɛ sɛ ɛno yɛ yɛn botae. Yɛnam Onyankopɔn Asɛm mu bɔhyɛ ahorow a ɛma akomatɔyam a yɛka kyerɛ wɔn no so na ɛyɛ saa. Atiefo pa a yɛbɛyɛ no kyerɛ afoforo ho anigye a yɛwɔ ne dwen a yedwen wɔn ho, na ɛho hia na yɛatumi adi ahyɛde a wɔde ama yɛn sɛ yɛnka Ahenni no ho asɛmpa no so, na yɛaboa afoforo ma wɔahu sɛ Ahenni no nkutoo ne adesamma haw ahorow nyinaa ano aduru a enni huammɔ.—Mat. 24:14.

4 Yɛn adwuma no nyɛ akwahosan adwumayɛfo abenfo adwuma. Mmom no, sɛnea ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu a wɔakyerɛw wɔ 1 Timoteo 4:6 no, ɛyɛ ɔsom adwuma a ɛtwe adwene si “kyerɛ pa,” nkyerɛkyerɛ a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm no mu no so. Ebia ɛho behia sɛ yɛhyɛ wɔn a wɔwɔ wɔn ankasa anaa nkate fam haw ahorow no nkuran sɛ wɔmfa wɔn ho nto Yehowa so. Kyerɛkyerɛ wɔn ma wɔmfa wɔn “adwene nsi nneɛma a ɛwɔ soro no so”—nneɛma a ɛfa Ahenni anidaso ho no. (Kol. 3:2, NW) Sɛ nkurɔfo de wɔn adwene si Onyankopɔn Asɛm no so a, wobetumi anya denhyɛ esiane tumi kɛse a enya wɔ wɔn asetra so no nti.—Heb. 4:12.

5 Enti yɛn botae ne sɛ yɛbɛboa nkurɔfo ma wɔadwen nneɛma a ‘ɛteɛ, ɛho tew, nea ɛwɔ ɔdɔ, ne nea ɛfata ayeyi’ no ho. (Fil. 4:8) Sɛ wɔde wɔn adwene si Ahenni anidaso no so a, wobenya nhyira te sɛ yɛn ara. Wɔn nso benya anigye a efi nimdeɛ a ɛne sɛ awiei koraa no, Yehowa nam n’Ahenni no so bedi wɔn haw ahorow nyinaa ho dwuma ama wɔn no mu ba no bi.—Dw. 145:16.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena