Suasua Wɔn Gyidi
1 Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ gyidi mu sɛ ɛne “ade a yɛn ani da so ho ahotoso ne nneɛma a yenhu ho adansegye.” Ɔde kaa ho sɛ “gyidi nnim a, obi ntumi nsɔ [Onyankopɔn] ani.” (Heb. 11:1, 6) Paulo hyɛɛ yɛn nkuran sɛ yennya gyidi, yɛmmoro so wom, na yenni akyi.—2 Kor. 4:13; Kol. 2:7; 2 Tim. 2:22.
2 Wɔaka gyidi ho nhwɛso a ɛda nsow pii ho asɛm wɔ Bible mu. Wɔ Hebrifo ti 11 no, Paulo bobɔ adansefo pii a wɔdaa gyidi a emu yɛ den adi din. Wɔn a wɔka ho bi ne Habel a ɔne obi a odi kan a owuu mogya dansefo wu, esiane ne gyidi nti no. Wɔbɔ Noa din efisɛ ɔnam ne gyidi so daa Onyankopɔn suro a na ɛho hia ma wɔagye ne fifo nkwa adi. Wɔkamfo Abraham wɔ ne gyidi ne ne setie ho. Woyii Mose ayɛ esiane sɛ ɔnam ne gyidi so miaa n’ani traa mu sɛnea ohu Nea wonhu no no nti. Na nhwɛsofo no dɔɔso araa ma Paulo kae sɛ sɛ ɔbobɔ wɔn nyinaa din a anka adagyew bɛbɔ no. Hwɛ anisɔ a ɛyɛ sɛ yebetumi ahyɛ yɛn gyidi den denam wɔn “abrabɔ kronkron ne onyamesom pa” a yɛbɛhwehwɛ mu no so!—2 Pet. 3:11.
3 Wɔ afeha a edi kan mu no, Yesu bisaa asɛm yi: “Onipa ba no ba a, so anka obehu gyidi asase so?” (Luka 18:8) Ɛnde, so yɛwɔ gyidi ho nhwɛsofo wɔ yɛn ntam nnɛ? Yehu mmarima ne mmea a wɔyɛ mmofra ne mpanyin a wɔda gyidi a enhinhim wɔ Yehowa mu adi sɛnea na ɛte wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu wɔ Bible mmere mu no?
4 Nnɛyi Gyidi Ho Nhwɛso Ahorow: Gyidi ho nhwɛso a ɛda nsow atwa yɛn ho ahyia! Ahwɛfo a wodi yɛn anim no gyidi yɛ nea ɛfata sɛ yesua. (Heb. 13:7) Nanso ɛnyɛ eyinom nkutoo na wɔda gyidi ho nhwɛso pa adi. Wɔ asafo biara mu no, yɛwɔ anokwafo a wɔde bere tenten asom Yehowa, mpɛn pii no, wɔ tebea horow a emu yɛ den mu.
5 Ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ yɛn nuanom mmea anokwafo a wɔde mfe pii agyina ɔsɔretia a efi wɔn kununom asɔretiafo hɔ ano no ho anigye. Awofo a wonni ahokafo agyina mma a wɔn nkutoo tete wɔn mu nsɛnnennen ano. Akunafo a ebia wonni abusuafo a wɔbɛyɛ wɔn mmoa nanso wɔnto asafo nhyiam horow mu da nso wɔ hɔ. (Fa toto Luka 2:37 ho.) Yɛn ho dwiriw yɛn wɔ wɔn a wogyina yare ahorow a enni sabea ano no ho. Pii kɔ so de nokwaredi som ɛmfa ho sɛ wɔwɔ sintɔ ahorow a ɛmma wonnya ɔsom hokwan afoforo. Adansefo nkumaa a wofi akokoduru mu ada gyidi adi, ɛmfa ho sukuu mu ɔsɔretia no wɔ hɔ. Yɛn nyamesom ahofama nya nkɔanim bere a yɛhwɛ akwampaefo anokwafo a afe biara wɔkɔ so de animia gyina mu ɛmfa ho ɔhaw ahorow a yennim a wohyia no. Te sɛ Paulo no, sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛka Ahenni som adwuma mu osuahu ahorow ne gyidi nnwuma a anuanom mmarima ne mmea ayɛ ho asɛm a, adagyew bɛbɔ yɛn!
6 Anokwafo nhwɛso yi ma yɛn awerɛkyekye ne nkuranhyɛ. (1 Tes. 3:7, 8) Eye sɛ yebesua wɔn gyidi efisɛ ‘wɔn a wodi nokware no sɔ Yehowa ani.’—Mmeb. 12:22.