Sɛnea Wɔde Nimdeɛ Nhoma no Yɛ Asuafo
1 Botae pa a ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa nya ne sɛ wɔde nokware no bɛkyerɛkyerɛ afoforo, na wɔayɛ wɔn a “wɔpɛ daa nkwa” no asuafo. (Aso. 13:48, NW; Mat. 28:19, 20) Yehowa ahyehyɛde no ama yɛn adwinnade bi a ɛyɛ nwonwa a yɛde bɛyɛ eyi—Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no. N’asɛmti no si hia a ofie Bible adesua ho hia yiye no so dua, efisɛ daa nkwa gyina Yehowa, nokware Nyankopɔn koro no, ne ne Ba, Yesu Kristo, ho nimdeɛ a yebenya so.—Yoh. 17:3.
2 Seesei Nimdeɛ nhoma no ne Asafo ti no nhoma titiriw a yɛde yɛ ofie Bible adesua ahorow. Sɛ yɛde di dwuma a, yebetumi akyerɛkyerɛ nokware no wɔ ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw, emu da hɔ, na ɛyɛ tiawa so. Eyi bɛboa ma yɛadu wɔn a yɛkyerɛkyerɛ wɔn no koma mu. (Luka 24:32) Nokwarem no, ɛho hia sɛ nea ɔhwɛ adesua no so no de nkyerɛkyerɛ akwan a etu mpɔn di dwuma. Ɛno nti na wɔayɛ krataa a ɛhyem yi. Ɛde nyansahyɛ ahorow ma, na ɛde akwan a wɔfa so kyerɛkyerɛ a ada adi sɛ etu mpɔn wɔ mfe pii mu no ma. Bere a wode nhumu yɛ adwuma no, wubetumi de nea wɔada no adi wɔ ha no bi anaa ne nyinaa adi dwuma nkakrankakra a egyina sɛnea obiara nsɛm tebea te so. Fa krataa yi sie, na taa hwɛ mu. Ebetumi aboa wo ma woatu mpɔn kɛse wɔ asuafoyɛ mu, bere a wode Nimdeɛ nhoma no di dwuma no.
3 Yɛ Ofie Bible Adesua a Etu Mpɔn: Kyerɛ nokware anigye wɔ osuani no ho sɛ obi a obetumi abɛyɛ Kristo suani ne honhom fam onua anaa onuawa. Da ɔdɔ, adamfofa, ne anigye adi. Sɛ woyɛ otiefo pa a, wubetumi ahu nea wo ne no kasa no yiye—ne ntetee ne n’asetra tebea—na ɛbɛboa wo ma woahu ɔkwan a eye sen biara a wubetumi afa so aboa no honhom fam. Nya ɔpɛ sɛ wode wo ho bɛbɔ afɔre ama osuani no.—1 Tes. 2:8.
4 Sɛ wohyehyɛ adesua bi pɛ a, ɛbɛyɛ papa sɛ mubesua Nimdeɛ nhoma ti ahorow no nnidiso nnidiso. Eyi bɛma osuani no ate nokware no ase nkakrankakra, efisɛ wɔahyehyɛ Bible mu nsɛm a ɛwɔ nhoma yi mu no nnidiso wɔ ɔkwan a ɛfata kɛse so. Ma adesua no nyɛ mmerɛw na ɛnyɛ anigye na ama ayɛ nea emu yɛ hyew na ɛkɔ yɔɔ. (Rom. 12:11) Ɛdenam sɛnea osuani no nsɛm tebea ne ne mmɔdenbɔ te so no, ebia mubetumi de dɔnhwerew biako anaa nea ɛte saa asua ti ahorow no mu dodow no ara awie wɔ adesua biako mu, bere a momfa adesua no ntu mmirika. Sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no ne osuani no nyinaa di wɔn adesua nhyehyɛe no so dapɛn biara a, asuafo no benya nkɔso pa. Enti, wɔ nnipa pii fam no, ɛsɛ sɛ wotumi sua nhoma no ti ahorow 19 no wie wɔ asram kakraa bi mu.
5 Ka nsɛm ntiantiaa di adesua biara anim fa kanyan asɛm no ho anigye. Wubehu sɛ ti biara atifi asɛm ne n’asɛmti, na ɛho hia sɛ wusi so dua. Asɛmti ketewa biara da asɛntitiriw bi adi, na ɛboa wo ma wode w’adwene si ti no asɛmti no so. Hwɛ yiye na woankasa pii. Mmom no, bɔ mmɔden boa osuani no ma ɔnkasa. Nsɛmmisa a wɔde hwehwɛ mmuae a ɛteɛ pɔtee a wubebisa osuani no, a egyina nea onim dedaw so no bɛboa no ma wasusuw nsɛm ho na wama mmuae a ɛteɛ. (Mat. 17:24-26; Luka 10:25-37; hwɛ School Guidebook, kratafa 51, nkyekyem 10.) Di Nimdeɛ nhoma no mu nsɛm a wɔatintim no akyi pɛpɛɛpɛ. Nsɛm foforo a wode bɛka ho no betumi ama woaman afi nsɛntitiriw no ho anaasɛ ayera ma adesua no ayɛ tenteenten. (Yoh. 16:12) Sɛ obisa asɛm bi a ɛmfa nea moresua no ho a, mpɛn pii no wubetumi ama ho mmuae wɔ adesua no awiei. Eyi bɛma moatumi awie dapɛn no adesua no a biribi foforo biara ntwetwe mo adwene. Kyerɛkyerɛ mu kyerɛ osuani no sɛ bere rekɔ so no ɔnam adesua no so benya ne nsɛmmisa dodow no ara ho mmuae.—Hwɛ School Guidebook, kratafa 94, nkyekyem 14.
6 Sɛ osuani no gye Baasakoro, ɔkra a enwu, hellgya, anaa atoro nkyerɛkyerɛ foforo a ɛtete saa di denneennen, na sɛ nkyerɛkyerɛmu a ɛwɔ Nimdeɛ nhoma no mu no amma no ante ne ho ase a, wubetumi de Reasoning nhoma no anaa nhoma foforo a ɛka ho asɛm ama no. Ka kyerɛ no sɛ wo ne no besusuw asɛm no ho bere a wadwen nea wakenkan no ho awie no.
7 Mpae a mobɛbɔ ahwehwɛ Yehowa akwankyerɛ ne ne nhyira a mode befi adesua no ase na mode awie no ma adeyɛ no yɛ nea nidi wom, na ɛma obi nya obu, na ɛtwe adwene si Yehowa so sɛ ɔne nokware Kyerɛkyerɛfo no. (Yoh. 6:45) Sɛ osuani no da so nom tawa a, bere bi akyi no ɛho behia sɛ woka kyerɛ no sɛ onnyae nom wɔ bere a moreyɛ adesua no.—Aso. 24:16; Yak. 4:3.
8 Fa Kyerɛwnsɛm, Mfatoho Ahorow, ne Ntimu Nsɛmmisa, Kyerɛkyerɛ Wɔ Ɔkwan a Etu Mpɔn So: Ɛmfa ho mpɛn dodow a ebia woasua asɛm no, ɔkyerɛkyerɛfo a ne ho akokwaw bɛsan ahwɛ adesua biara mu a osuani pɔtee bi ho adwene wɔ ne tirim. Eyi boa ma odi kan hu nsɛm a osuani no betumi abisa no bi. Sɛ wubetumi akyerɛkyerɛ wɔ ɔkwan a etu mpɔn so a, di kan te ti no mu nsɛntitiriw ase yiye. Kenkan kyerɛw nsɛm ahorow no na hwɛ sɛnea ɛfa asɛm no ho, na paw nea ɛsɛ sɛ mokenkan wɔ adesua no mu. Susuw sɛnea wubetumi de mfatoho ahorow no ne nsɛmmisa a ɛwɔ ti no awiei no akyerɛkyerɛ ho.
9 Wonam kyerɛw nsɛm no a wode bedi dwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so no so bɛboa osuani no ma wanya anisɔ sɛ ɔresua Bible no ampa. (Aso. 17:11) Bere a wode adaka “Fa Wo Bible Di Dwuma Yiye,” a ɛwɔ Nimdeɛ nhoma no kratafa 14 redi dwuma no, kyerɛkyerɛ no sɛnea wobue kyerɛw nsɛm no. Kyerɛ no sɛnea ɛbɛyɛ a obehu nkyekyem ahorow a wɔafa mu asɛm aka wɔ adesua no mu no. Bue kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so a wɔamfa mu asɛm anka no na kenkan sɛnea bere bɛma kwan. Ma osuani no nka sɛnea ɛfoa nea wɔaka wɔ nkyekyem no mu no so anaa ɛkyerɛkyerɛ mu ho asɛm. Si kyerɛw nsɛm no afã titiriw so dua na ama wate adesua no mu nsɛntitiriw no atirimpɔw ase. (Neh. 8:8) Mpɛn pii no, ɛho nhia sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no de kyerɛw nsɛm pii ba nkɔmmɔbɔ no mu gye nea ɛwɔ nhoma no mu. Ka mfaso a ɛwɔ hu a obehu Bible mu nhoma no din ne sɛnea wɔahyehyɛ no nnidiso nnidiso no so. Ɛso bɛba osuani no mfaso sɛ ɔbɛkenkan June 15, 1991, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 27-30. Sɛ ɛfata a, hyɛ no nkuran ma ɔmfa New World Translation nni dwuma. Wubetumi akyerɛ no sɛnea wɔde n’afã horow te sɛ kyerɛw nsɛm foforo a wɔatwe adwene asi so wɔ anoano ne Bible mu nsɛm a wɔahyehyɛ no di dwuma.
10 Theocratic Ministry School Guidebook no mu adesua a ɛto so 34 no kyerɛkyerɛ mu sɛ mfatoho ahorow kanyan sɛnea obi susuw nsɛm ho, na ɛma ɛyɛ mmerɛw ma no sɛ ɔbɛte nsɛm foforo ase. Enya adwene ne nkate nyinaa so tumi, ma enti ɛda nsɛm adi wɔ ɔkwan a tumi wom so a mpɛn pii no ɛnyɛ nokwasɛm ara kɛkɛ na ɛka. (Mat. 13:34) Mfatoho pii a asete nyɛ den nanso tumi wom wɔ Nimdeɛ nhoma no mu. Sɛ nhwɛso no, mfatoho bi a wɔde dii dwuma wɔ ti 17 no ma yenya anisɔ wɔ sɛnea Yehowa nam Kristofo asafo no so ma yɛn aduan, ntama, ne dabere wɔ honhom fam no ho. Yebetumi de Nimdeɛ nhoma no mu mfonini ahorow a ɛyɛ fɛ no adi dwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so de akanyan nkate horow. Wɔ asɛmti ketewa “Owusɔre a Ɛyɛ Anigye No” a ɛwɔ kratafa 185 ase no, sɛ woma osuani no san hwɛ mfonini a ɛwɔ kratafa 86 no a, ɛbɛma nkyekyem 18 no anya ne so tumi kɛse. Eyi bɛka no ma wasusuw owusɔre no ho sɛ ɛbɛba paara wɔ Onyankopɔn Ahenni mu.
11 Ɛho hia sɛ Bible asuafo nya honhom fam nkɔso wɔ adesua biara mu. Ne saa nti, mmu w’ani ngu so sɛ wubebisa nsɛm a wɔde yɛ ntimu a ɛwɔ “Sɔ Wo Nimdeɛ Hwɛ” adaka mu wɔ ti biara awiei no. Ɛnyɛ nea musuae no ho nkyerɛkyerɛmu a ɛfata nko na ɛsɛ sɛ wutie. Wɔyɛɛ nsɛmmisa no mu dodow no ara na ama obi aka ne komam asɛm. Sɛ nhwɛso no, hwɛ kratafa 31, baabi a wobisa osuani no sɛ: “Yehowa Nyankopɔn su horow bɛn na w’ani gye ho titiriw?” no.—2 Kor. 13:5.
12 Tete Asuafo Ma Wonsiesie Wɔn Ho Mma Adesua No: Osuani a odi kan kenkan adesua no, twitwa mmuae no ase, na osusuw ɔkwan a ɔbɛfa so de n’ankasa ne nsɛm ama mmuae ho no benya honhom fam nkɔso ntɛmntɛm. Wonam wo nhwɛso ne wo nkuranhyɛ so betumi atete no ma wasiesie ne ho ama adesua no. Fa wo nhoma a woahyehyɛ nneɛma agyirae anaa woatwitwa nsɛmfua anaa nsɛntitiriw ase wom no kyerɛ no. Kyerɛkyerɛ sɛnea wonya nsɛmmisa a wɔatintim no ho mmuae tee. Eti biako a mobɛbom asua no bɛboa osuani no. Hyɛ no nkuran na ɔmfa ɔno ankasa nsɛm mma mmuae. Saayɛ so nkutoo na ɛbɛda adi sɛ ebia ɔte asɛm no ase anaa. Sɛ ɔkenkan ne mmuae fi nhoma no mu a, wonam bisa a wubebisa no sɛnea ɔde n’ankasa nsɛm bɛkyerɛkyerɛ asɛm no mu akyerɛ obi foforo no so betumi akanyan ne nsusuwii.
13 Hyɛ osuani no nkuran ma ɔnkenkan kyerɛw nsɛm a wɔnkaa mu asɛm no nka ne dapɛn dapɛn ahosiesie no ho, efisɛ ebia morennya bere nkenkan ne nyinaa wɔ adesua no mu. Kamfo no wɔ mmɔden a ɔrebɔ wɔ n’adesua no mu no ho. (2 Pet. 1:5; hwɛ sɛnea ɔkyerɛkyerɛfo ne osuani no nyinaa betumi ama nea wosua wɔ Bible adesua mu no adɔɔso ho nyansahyɛ foforo wɔ August 15, 1993, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 13-14 mu.) Saa kwan yi so no, wotete osuani no ma osiesie ne ho ma asafo nhyiam horow ma ɔma mmuae a etu mpɔn. Obesua sɛnea wonya kokoam adesua ho nhyehyɛe pa a ɛbɛboa no ma watoa so anya nkɔso wɔ nokware no mu bere a wawie ne Bible adesua wɔ Nimdeɛ nhoma no mu no.—1 Tim. 4:15; 1 Pet. 2:2.
14 Kyerɛ Asuafo Kwan Bra Yehowa Ahyehyɛde no Mu: Ɛyɛ nea ɔreyɛ asuafo no asɛyɛde sɛ ɔbɛkyerɛ osuani no kwan aba Yehowa ahyehyɛde no mu. Sɛ osuani no gye ahyehyɛde no tom na ɔkyerɛ ho anisɔ, na ohu hia a ɛho hia sɛ ɔbɛyɛ emuni a, obenya nkɔso ntɛmntɛm akɔ honhom fam ahokokwaw mu. Yɛpɛ sɛ onya Onyankopɔn nkurɔfo fekubɔ mu anigye na ne kɔn dɔ sɛ ɔne yɛn bɛbɔ wɔ Ahenni Asa so, baabi a obetumi anya honhom ne nkate fam mmoa a Kristofo asafo no de ma no.—1 Tim. 3:15.
15 Wɔayɛ Yehowa Adansefo—Wɔde Biakoyɛ Reyɛ Onyankopɔn Apɛde wɔ Wiase Nyinaa nhomawa no na ama ankorankoro ahu ahyehyɛde biako pɛ a aniwa hu a Yehowa de redi dwuma nnɛ de ayɛ n’apɛde no. Sɛ wunya hyehyɛ adesua pɛ a, dɛn nti na womma osuani no bi? Efi mfiase pɛɛ no, kɔ so to nsa frɛ osuani no sɛ ɔmmra asafo nhyiam horow ase. Kyerɛ sɛnea wɔyɛ no no mu kyerɛ no. Wubetumi aka baguam ɔkasa bi a wɔrebɛma asɛmti akyerɛ no anaasɛ woakyerɛ no asɛmti a wobesua wɔ Ɔwɛn-Aban Adesua ase no. Ebia wubetumi ne no akɔhwɛ Ahenni Asa no bere a wɔnyɛ asafo nhyiam, na abrɛ ehu biara a ebia ɔwɔ sɛ ɔbɛkɔ baabi foforo nea edi kan no ase. Ebia wubetumi ayɛ kar ho nhyehyɛe a ɛde no bɛkɔ asafo nhyiam horow no. Sɛ ɔba a, ma n’ani nka na onnya abotɔyam. (Mat. 7:12) Fa no kyia Adansefo foforo, a mpanyimfo no ka ho. Yɛwɔ anidaso sɛ obefi ase abu asafo no sɛ ne honhom fam abusua. (Mat. 12:49, 50; Marko 10:29, 30) Wubetumi de botae bi te sɛ asafo nhyiam biako a ɔbɛkɔ dapɛn biara asi n’anim, na wode botae no bi aka ho nkakrankakra.—Heb. 10:24, 25.
16 Sɛ wode Nimdeɛ nhoma no reyɛ ofie Bible adesua no a, si afã a ɛka hia a ɛho hia sɛ obi ne asafo no bɔ fekuw daa wɔ asafo nhyiam horow ase no so dua. Hyɛ nkratafa 52, 115, 137-9, 159, ne ti 17 titiriw nsow. Ka anisɔ kɛse a w’ankasa wɔ ma Yehowa ahyehyɛde no kyerɛ no. (Mat. 24:45-47) Ka ɛhɔnom asafo no ne nneɛma a musua wɔ asafo nhyiam horow ase no ho nsɛm a ɛhyɛ nkuran. (Dw. 84:10; 133:1-3) Ɛbɛyɛ papa sɛ osuani no betumi ahwɛ Asafo ti no video ahorow no biara, a ɔde Jehovah’s Witnesses—The Organization Behind the Name befi ase. Sɛ wopɛ sɛ wunya sɛnea wɔkyerɛ afoforo kwan ba ahyehyɛde no mu ho nyansahyɛ foforo a, hwɛ May 1, 1985, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 14-18, ne krataa a ɛhyɛ April 1993 Yɛn Ahenni Som mu no mu.
17 Hyɛ Asuafo Nkuran Ma Wonni Afoforo Adanse: Botae nti a yɛne nkurɔfo sua ade ne sɛ yɛbɛyɛ asuafo a wodi adanse ma Yehowa. (Yes. 43:10-12) Ɛno kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no hyɛ osuani no nkuran ma ɔka nea ɔresua wɔ Bible mu no kyerɛ afoforo. Ɔkwan a ɛnyɛ den koraa a wubetumi afã so ayɛ eyi ne sɛ wubebisa no sɛ, “Ɔkwan bɛn so na wobɛkyerɛkyerɛ nokware yi mu akyerɛ w’abusuafo?” anaasɛ “Kyerɛwsɛm bɛn na wubetumi de akyerɛ eyi mu akyerɛ w’adamfo bi?” Si Nimdeɛ nhoma no mu mmeae atitiriw a wɔhyɛ adansedi ho nkuran te sɛ nkratafa 22, 93-5, 105-6, ne ti 18 so dua. Wubetumi ama osuani no nkratawa bi ma ɔde adi afoforo adanse wɔ bɔnnɔ so. Hyɛ no nkuran sɛ ɔnto nsa mfrɛ n’abusuafo ma wɔmmɛtra n’adesua no mu bi. So ɔwɔ nnamfo bi a wɔn nso wɔpɛ sɛ wosua ade? Bisa no ma ɔnkyerɛ wo wɔn a wɔn ani gye ho no.
18 Sɛ nea ɔrebɛyɛ osuani no ba Teokrase Ɔsom Sukuu ne Ɔsom Nhyiam ase a, obetumi anya ntetee ne nkuranhyɛ foforo a ɛbɛboa no ma wabɛyɛ asɛmpa no ho dawurubɔfo. Sɛ ɔda no adi sɛ ɔpɛ sɛ ɔde ne ho hyɛ sukuu no mu anaa ɔbɛyɛ ɔdawurubɔfo a wɔmmɔɔ no asu a, momfa nnyinasosɛm ahorow a ɛwɔ Yɛn Som Adwuma nhoma no nkratafa 98 ne 99 no nni dwuma. Sɛ n’asetra mu biribi mma ɔmfata a, wubetumi ahwehwɛ Asafo ti no nhoma ahorow mu ahwehwɛ asɛm bi a ɛfa dekode no ho a ebetumi aboa no na wo ne no asusuw ho. Sɛ nhwɛso no, ebia na ɛyɛ den ma osuani bi sɛ obedi tawa anaa nnuru foforo a ne nom aka ne hɔ so. Reasoning nhoma no kyerɛ Kyerɛwnsɛm mu ntease a emu yɛ den nti a Kristofo kwati subammɔne a ɛtete saa no, na ɛkyerɛ ɔkwan bi a atumi aboa afoforo ma wɔatwe wɔn ho afi ho wɔ kratafa 122. Wo ne no mmɔ asɛm no ho mpae, na kyerɛkyerɛ no sɛnea ɔde ne ho bɛto Yehowa so ahwehwɛ mmoa.—Yak. 4:8.
19 Wɔakyerɛkyerɛ ɔkwan a wɔfa so hu sɛ ebia obi fata sɛ onya baguam som adwuma no mu kyɛfa no mu wɔ January 15, 1996, Ɔwɛn-Aban no kratafa 16, nkyekyem 6. Sɛ osuani no fata a, ɛbɛyɛ nea mfaso wɔ so sɛ mobɛbobɔ nneɛma so de asiesie no ama ne da a edi kan wɔ asɛnka mu no. Mommɔ nkurɔfo nneyɛe ne nneɛma a wɔtaa de yiyi wɔn ho ano wɔ mo asasesin mu no ho nkɔmmɔ wɔ ɔkwan a ɛhyɛ nkuran so. Sɛ ɛbɛyɛ yiye paa a, wo ne no nyɛ afie afie adwuma kan, na afei tete no wɔ ɔsom adwuma no afã foforo mu nkakrankakra. Sɛ woma asɛm a woka kyerɛ no yɛ tiawa na ɛyɛ mmerɛw a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama no sɛ obesua. Hyɛ no nkuran ma ɔnyɛ den, na da anigye adi wɔ adwuma no mu, na ama wasua honhom a woda no adi no ayi bi adi. (Aso. 18:25) Ɛsɛ sɛ botae a osuani foforo no de si n’ani so ne sɛ ɔbɛyɛ asɛmpa no ho dawurubɔfo a ɔkɔ asɛnka daa na ɔyɛ nnam. Ebia wubetumi aboa no ma wayɛ bere nhyehyɛe pa ama ɔsom adwuma no. Sɛnea ɛbɛyɛ na wanya nkɔso wɔ mmɔden a ɔbɔ sɛ obedi afoforo adanse mu no, wubetumi ahyɛ no nkuran ma wakenkan Ɔwɛn-Aban ahorow a ɛbae May 1, 1985, nkratafa 15-25; September 1, 1988, nkratafa 9-20; January 15, 1991, nkratafa 15-20; ne January 1, 1994, nkratafa 20-5.
20 Hyɛ Asuafo Nkuran Ma Wonhyira Wɔn Ho So na Wɔmmɔ Asu: Ɛsɛ sɛ etumi yɛ yiye sɛ osuani a ɔwɔ komapa benya nneɛma a ɛdɔɔso afi Nimdeɛ nhoma no sua mu ma wahyira ne ho so ama Onyankopɔn, na wafata ama asubɔ. (Fa toto Asomafo no Nnwuma 8:27-39; 16:25-34 ho.) Nanso, ehia sɛ obi nya ahofama ma Yehowa ansa na biribi akanyan no ma wahyira ne ho so. (Dw. 73:25-28) Wɔ adesua no nyinaa mu no, hwehwɛ hokwan ahorow a wobɛfa so aboa no ma wanya Yehowa su horow ho anisɔ. Da ɔdɔ kɛse a w’ankasa wowɔ ma Onyankopɔn no adi. Boa osuani no ma onsusuw abusuabɔ a ɔdɔ wom a n’ankasa ne Yehowa benya no ho. Sɛ obehu Onyankopɔn ankasa na onya ne ho dɔ a, ɛno na ɛbɛma wasom No nokware mu, efisɛ onyamesom pa ne sɛnea yɛte nka wɔ Yehowa ho sɛ obi no wɔ abusuabɔ.—1 Tim. 4:7, 8; hwɛ School Guidebook, kratafa 76, nkyekyem 11.
21 Bɔ mmɔden du osuani no koma mu. (Dw. 119:11; Aso. 16:14; Rom. 10:10) Ehia sɛ ohu sɛnea nokware no fa ne ho ankasa, na osi nea ɛsɛ sɛ ɔde nea wasua no yɛ ho gyinae. (Rom. 12:2) So ogye nokware no a wɔka kyerɛ no dapɛn biara no di ankasa? (1 Tes. 2:13) Wɔ ɛno ho no, wubetumi ahu nea ɛwɔ osuani no tirim bere a wubisa no nsɛm a wɔde hu obi adwene te sɛ: Wote nka dɛn wɔ eyi ho? Ɔkwan bɛn so na wubetumi de eyi adi dwuma wɔ w’asetra mu? Wonam ne mmuae horow so betumi ahu baabi a mmoa pii ho hia na ama woadu ne koma mu. (Luka 8:15; hwɛ School Guidebook, kratafa 52, nkyekyem 11.) Nsɛm a ɛwɔ Nimdeɛ nhoma no mu mfonini a ɛwɔ nkratafa 172 ne 174 no ho bisa sɛ: “So woahyira wo ho so ama Onyankopɔn wɔ mpaebɔ mu?” ne “Dɛn na esiw wo kwan sɛ mmɔ asu?” Eyinom betumi akanyan osuani no wɔ ɔkwan a etu mpɔn so ma wakeka ne ho.
22 Wɔakyerɛkyerɛ ɔkwan a sɛ ɔdawurubɔfo a ɔmmɔɔ asu pɛ sɛ ɔbɔ asu a wɔfa so no mu wɔ January 15, 1996, Ɔwɛn-Aban, kratafa 17, nkyekyem 9. Wɔde adwene a ɛne sɛ wobesiesie obi ma watumi abua “Nsemmisa Ma Wɔn a Wɔpɛ Asubɔ,” a ɛwɔ Yɛn Som Adwuma nhoma no nkekaho a mpanyimfo no ne no besusuw ho no na ɛyɛɛ Nimdeɛ nhoma no. Sɛ woasi nsɛmmisa a ɛwɔ Nimdeɛ nhoma no mu no mmuae so dua a, ɛsɛ sɛ esiesie osuani no yiye ma nsɛmmisa nhyiam a mpanyimfo no ne no yɛ de siesie no ma n’asubɔ no.
23 Boa Wɔn a Wowie Ofie Bible Adesua No: Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ ebedu bere a obi besua Nimdeɛ nhoma no awie no, na ne nokwaredi ne anigye kɛse a wanya sɛ ɔbɛsom Onyankopɔn no ada adi. (Mat. 13:23) Ɛno nti na nhoma no mu asɛmti ketewa a etwa to no bisa sɛ: “Dɛn na Wobɛyɛ?” Nkyekyem ahorow a edi akyiri no ka kyerɛ osuani no sɛ ɔmfa n’adwene nsi abusuabɔ a ɔne Onyankopɔn anya, hia a ehia sɛ ɔde nimdeɛ a wanya no di dwuma, ne hia a ehia sɛ ɔyɛ ade ntɛm de da ɔdɔ a ɔwɔ ma Yehowa no adi so. Nsiesiei biara nni hɔ sɛ wɔne wɔn a wosua Nimdeɛ nhoma no wie no besua nhoma foforo bi. Fi ayamye mu kyerɛkyerɛ nea ɛsɛ sɛ osuani a ɔnkekaa ne ho wɔ Onyankopɔn ho nimdeɛ ho no yɛ na ama wanya honhom fam nkɔso no mu kyerɛ no pefee. Wubetumi akɔsra no bere ne bere mu, na woabɔ kwan a ɔbɛfa so atu anammɔn a ɛde kɔ daa nkwa mu no ama no.—Ɔsɛnk. 12:13.
24 Ɛho behia sɛ osuani foforo a ogye nokware no na ɔbɔ asu no kɔ so nyin pii wɔ nimdeɛ ne ntease mu na ama n’ase atim yiye wɔ gyidi no mu. (Kol. 2:6, 7) Sɛ́ anka wobɛkɔ so ne no ayɛ ne fie Bible adesua bere a moawie Nimdeɛ nhoma no, wubetumi atu wo ho ama de mmoa biara a ebia obehia na ama wanyin honhom fam no ama no. (Gal. 6:10; Heb. 6:1) Wɔ ne fam no, ɔnam Bible a ɔbɛkenkan no da biara da, Ɔwɛn-Aban ne akoa nokwafo no nhoma foforo a obesua wɔ kokoam ne asafo nhyiam horow a obesiesie ne ho ama na wakɔ, ne ne mfɛfo gyidifo a ɔne wɔn bɛbɔ nokware no ho nkɔmmɔ so betumi ama ne ntease adi mũ. (Mat. 24:45-47; Dw. 1:2; Aso. 2:41, 42; Kol. 1:9, 10) Yɛn Som Adwuma nhoma no a ɔbɛkenkan na ɔde mu nsɛm no ayɛ adwuma no bedi dwuma titiriw wɔ teokrase nhyehyɛe pa a obenya de awie ne som no koraa no mu.—2 Tim. 2:2; 4:5.
25 Ma Wo Nkyerɛkyerɛ Ntu Mpɔn: Wɔama yɛn ahyɛde sɛ ‘yɛnkɔyɛ amanaman asuafo na yɛnkyerɛkyerɛ wɔn.’ (Mat. 28:19, 20) Esiane sɛ nkyerɛkyerɛ a etu mpɔn ne asuafoyɛ wɔ abusuabɔ a emu yɛ den nti, yɛpɛ sɛ yɛbɔ mmɔden tu mpɔn sɛ akyerɛkyerɛfo. (1 Tim. 4:16; 2 Tim. 4:2) Sɛnea ɛbɛyɛ na woanya sɛnea wohu nkyerɛkyerɛ a etu mpɔn ho nyansahyɛ foforo no, ebia wobɛpɛ sɛ wokenkan: “Wo Nkyerɛkyerɛ a Wobɛma Atu Mpɔn” ne “W’atiefo Komam a Wubedu” a ɛwɔ School Guidebook, adesua a ɛto so 10 ne 15 mu no; “Ɔkyerɛkyerɛfo, Nkyerɛkyerɛ” a ɛwɔ Insight, Po 2 mu; ne Ɔwɛn-Aban mu nsɛm “Nneɛma a Ogya Ntumi Nhyew a Yɛde Bɛyɛ Ɔdansi Adwuma No” ne “Sɛ Wokyerɛkyerɛ a, Du Koma no Mu,” February 1, 1985; “Wususuw Kyerɛwnsɛm no Ho Wɔ Ɔkwan a Etu Mpɔn So?” March 1, 1986, Engiresi de; ne “Sɛnea Wubenya Anigye Wɔ Asuafoyɛ Mu,” February 15, 1996.
26 Bere a wobɔ mmɔden sɛ wode Nimdeɛ nhoma no bɛyɛ asuafo no, bɔ mpae bere nyinaa sɛ Yehowa “a ɔma enyin” no behyira wo mmɔden a wobɔ sɛ wode Ahenni ho asɛmpa no bedu nnipa koma mu no so. (1 Kor. 3:5-7) Ɛmmra sɛ wubenya anigye a efi afoforo a wokyerɛkyerɛ wɔn ma wɔte nimdeɛ a ɛde kɔ daa nkwa mu no ase, nya ho anisɔ, na wɔyɛ ho ade mu ba no!