Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/96 kr. 1
  • Yɛn Bɔhyɛ a Yebedi So Daa Daa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛn Bɔhyɛ a Yebedi So Daa Daa
  • Yɛn Ahenni Som—1996
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • “Nea Woahyɛ Ho Bɔ no, Tua”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Sɛnea Wobɛtra Ase Ma Ɛne W’aware Mu Ntam Ahyia!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Anokwafo Di Wɔn Bɔhyɛ So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1996
km 7/96 kr. 1

Yɛn Bɔhyɛ a Yebedi So Daa Daa

1 Odwontofo Dawid koma kaa no ma ɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Mɛto dwom pa mama wo din daa, na mama m’aboade daa daa.” (Dw. 61:8) Ná Dawid nim sɛ bɔ a wɔhyɛ yɛ ade a obi fi ne pɛ mu koraa yɛ. Na ɔtee ase nso sɛ sɛ ɔhyɛ bɔ a, ɛyɛ n’asɛyɛde sɛ odi so. Nanso, oyii Yehowa ayɛ wɔ hokwan a onyae sɛ obedi ne bɔhyɛ so daa daa no ho.

2 Bere a yehyiraa yɛn ho so maa Yehowa no, yefi yɛn pɛ mu hyɛɛ bɔ sɛ yɛbɛyɛ n’apɛde. Yɛpaa yɛn ho akyi na yɛmaa Yehowa som bɛyɛɛ yɛn asetram ade titiriw. (Luka 9:23) Enti, ɛsɛ sɛ yɛn nso yedi yɛn bɔhyɛ so daa daa. (Ɔsɛnk. 5:4-6) Ɛsɛ sɛ yɛma yɛn baguam mpaemuka a yɛyɛe wɔ bere a wɔbɔɔ yɛn asu wɔ nsu mu no da adi wɔ yɛn asetra kwan nyinaa mu, efisɛ yenim sɛ “ano na wɔde pae mu ka kɔ nkwagye mu.” (Rom. 10:10) Asɛmpa a yɛbɛka no ka eyi ho. (Heb. 13:15) Ɛsono ankorankoro nsɛm tebea kɛse, nanso yɛn nyinaa betumi ama yɛn ani aku hia a ehia sɛ yɛka asɛmpa no kyerɛ afoforo no ho daa daa.

3 Hwehwɛ Hokwan a Wode Bɛka Asɛm Da Biara Da: Asɛmpa no a wobɛka akyerɛ obi foforo no yɛ osuahu a ɛyɛ anigye. Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛayɛ eyi da biara da no, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ hokwan de ka asɛm bere biara a yɛn tebea bɛma yɛn kwan. Pii anya osuahu ahorow a ɛyɛ anigye afi nkurɔfo a wɔne wɔn yɛ adwuma anaa mfɛfo sukuufo ne afipamfo ne afoforo a wohyia wɔn da biara da a wɔde hokwan no di wɔn adanse bɔnnɔ so no mu. Krataa a yɛbɛkyerɛw anaa telefon a yɛde bedi dwuma no mpo betumi ayɛ ɔkwan a yɛfa so di afoforo adanse. Saa hokwan yi nyinaa a yɛde bedi dwuma ne bere nhyehyɛe a yɛbɛyɛ ama apon ne apon ano adansedi anaa sankɔhwɛ no betumi ama yɛanya anigye titiriw a efi ofie Bible adesuayɛ mu ba no. Yiw, yebetumi anya hokwan de aka asɛm no da biara da.

4 Onuawa bi fii ase kenkan Kyerɛwnsɛm no mu a Wobɛhwehwɛ Daa wɔ n’adwumam ahomegye bere mu. Ɔtoo nsa frɛɛ ne yɔnko dwumayɛni bi sɛ ɔne no mmɛkenkan da no mu asɛm no, na ankyɛ na ɔne ɔbea no yɛɛ Bible adesua. Wɔde dɔnhwerew fã suaa ade da biara, mpɛn anum dapɛn biara. Ɔyɔnko dwumayɛni foforo bi huu adesua a wɔyɛ no daa no. Bere bi akyi no, ɔdaa ne ho adi sɛ onua a wayɛ mmerɛw. Onuawa no nsiyɛ a ɛkanyan no no nti, ɔkɔɔ asafo mu panyin bi nkyɛn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsan ahyɛ no den. Onuawa yi nyaa nnipa baanu asetra so tumi wɔ ɔkwan a eye so, esiane ne bɔhyɛ a ɔkɔɔ so dii so daa daa no nti.

5 Sɛ nneɛma pa a Yehowa ayɛ ama yɛn no nyinaa ma anisɔ hyɛ yɛn koma ma na ɛkanyan yɛn a, yɛn bɔhyɛ a yebedi so sɛnea yebetumi biara no de anigye ne akomatɔyam bɛbrɛ yɛn. Te sɛ odwontofo no, yebetumi aka sɛ: “O Awurade, me Nyankopɔn, mede me koma nyinaa mɛda wo ase, na mahyɛ wo din anuonyam daa.”—Dw. 86:12.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena