Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/97 kr. 1
  • Boa Wɔn a Wɔn Ho Nkokwawee Ma Wonnya Ntease

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Boa Wɔn a Wɔn Ho Nkokwawee Ma Wonnya Ntease
  • Yɛn Ahenni Som—1997
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Yɛde Asɛmpa a Efi Onyankopɔn Hɔ! no
    Yɛn Ahenni Som—2013
  • Anigye a Wobɛkanyan wɔ Ahenni Nkrasɛm no Ho
    Yɛn Ahenni Som—1992
  • So Wode Ahwehwɛde Nhomawa no Refi Adesua Ase?
    Yɛn Ahenni Som—2002
  • Suasua Yehowa Denam Afoforo Ho a Wubedwen Nokwarem So
    Yɛn Ahenni Som—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1997
km 4/97 kr. 1

Boa Wɔn a Wɔn Ho Nkokwawee Ma Wonnya Ntease

1 Yɛnam asuafoyɛ adwuma no so kyerɛkyerɛ afoforo nea Onyankopɔn hwehwɛ fi wɔn hɔ. (Mat. 28:19, 20) Adansefo bɛboro ɔpepem anum reyɛ saa de abɔ mmɔden ayɛ eyi wɔ wiase nyinaa. Ɛnyɛ nnɔnhwerew dodow, nhoma dodow a yɛde ma, anaa Bible adesua dodow a yefi ase no na yɛde hwɛ nkɔso a yenya. Yedu yɛn botae ho bere a nkurɔfo nya ntease na wɔde nea wosua no di dwuma no.

2 Afoforo a yɛbɛboa wɔn wɔ honhom fam no hwehwɛ sɛ ‘yɛma wɔn a wɔn ho nkokwawee no nya ntease.’ (Dw. 119:130) Bere a nkurɔfo ‘nya ntease’ nkutoo na ɛkyerɛ sɛ yɛatumi adu wɔn komam akanyan wɔn. (Mat. 15:10) Bere a yɛn adwuma no mu trɛw na ɛyɛ kɛse no, yebehu hia a ehia yiye sɛ yɛma yɛn kasa ne yɛn nkyerɛkyerɛ mu da hɔ no. Ɛno nti na Asafo ti no atintim Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? nhomawa no. Ekura Bible nkyerɛkyerɛ atitiriw a emu da hɔ ho adesua. Adesua no yɛ ntiatia, nsɛm no mu da hɔ, na nkyerɛkyerɛ a ɛwom no ase te nyɛ den, na ɛma nnipa pii ani gye nhomawa no ho.

3 Yɛde nhomawa yi bɛma na yɛama wɔakra nsɛmma nhoma aka ho wɔ April ne May asram no mu. Yɛhyɛ nyansa sɛ sɛ woyɛ wo dapɛn dapɛn asɛnka adwuma ho nhyehyɛe a, yɛ nhyehyɛe sɛ wode nsɛmma nhoma horow bɛma Memeneda, na wode nhomawa no adi dwuma wɔ dapɛn no mu nna a aka no mu wɔ w’asɛnka adwuma no mu. Fa nhomawa no ma nkurɔfo a wogyee nhoma bere a atwam no. Kae sɛ mfaso bɛba so titiriw bere a wode kyerɛkyerɛ mmofra, nkurɔfo a wɔnte mo hɔnom kasa, ne wɔn a wonnim akenkan papa no.

4 Ma Wo Nsɛm Nyɛ Ntiatia: Sɛ wode Ahwehwɛde nhomawa no rema a, dan kɔ kratafa 2, faako a ɛkyerɛkyerɛ mu sɛ “Wɔayɛ nhomawa yi sɛ wɔmfa nsua Bible” no. Twe adwene si nkyekyem 3 wɔ kratafa 3 no so fa kyerɛ nea enti a ehia sɛ onii no sua Bible. Fa adesua nsɛmti a ɛda Bible mu nokware a asete nyɛ den adi no kanyan n’anigye. Kyerɛ no sɛnea nhomawa yi ma adesua yɛ anigye, na kyerɛ no sɛ wobɛpɛ sɛ woboa no.

5 Yɛ Adesua a Enya Nkɔso: Ɛnyɛ yɛn botae ara ne sɛ yɛbɛyɛ adesua horow—yɛpɛ sɛ yenya asuafo a wɔbɛyɛ nokware som akyitaafo a wɔyɛ den. Yebetumi asua nhomawa no wɔ adapɛn kakraa bi mu, na ɛsɛ sɛ yɛtoa adesua no so wɔ Nimdeɛ nhoma no mu ntɛm ara. (Hwɛ ase hɔ nsɛm a ɛwɔ kratafa 31 no.) Boa osuani no fi mfiase pɛɛ ma onhu Yehowa ahyehyɛde no. (Hwɛ Reasoning nhoma no nkratafa 283-4.) Si sɛnea asafo nhyiam horow som bo so dua, na kyerɛkyerɛ mu sɛ kɔ a ɔbɛkɔ no bɛma wanya sɛnea wɔde nokware som di dwuma no mu ntease a emu dɔ.—Heb. 10:24, 25.

6 Akyinnye biara nni ho sɛ saa adwuma titiriw yi mu kyɛfa a yebenya akosi ase wɔ April ne May mu no de anigye a efi komapafo a yɛboa wɔn ma ‘wonya ntease’ a ɛde kɔ nkwa mu mu no bɛba.—Mmeb. 4:5.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena