Kɔ Asafo Nhyiam Ahorow ‘Daa’
1 Nhyiam ayɛ Yehowa nkurɔfo ahiade bere nyinaa. Ná Israelfo no wɔ asɔrefie ne hyia adan sɛ mmeae a wɔsom nokware som, wogye ɔsoro nkyerɛkyerɛ, na wonya fekubɔ a ɛyɛ anigye. Saa ara na tete Kristofo no annyae wɔn ho wɔn ho nhyiam. Bere a nhyɛso ne sɔhwɛ ahorow yɛ kɛse wɔ nna a edi akyiri a emu yɛ den yi mu no, yɛn nso yehia honhom fam denhyɛ a yɛn asafo nhyiam ahorow ma yenya no—na yehia ‘daa.’ (Heb. 10:25) Hyɛ nneɛma abiɛsa a enti yɛkɔ nhyiam ahorow no nsow.
2 Yenya Fekubɔ: Kyerɛwnsɛm no tu yɛn fo sɛ ‘yɛnkyekye yɛn ho werɛ na yempia yɛn ho yɛn ho.’ (1 Tes. 5:11) Fekubɔ pa ma yenya nsusuwii pa, na ɛkanyan yɛn ma yɛyɛ nnwuma pa. Nanso sɛ yɛtew yɛn ho a, akyinnye biara nni ho sɛ yɛn ani begye nkwaseasɛm, pɛsɛmenkominya, anaa ɔbrasɛe mpo ho.—Mmeb. 18:1.
3 Yenya Ɔkyerɛkyerɛ: Kristofo nhyiam ahorow ma yenya Bible nkyerɛkyerɛ a wɔasiesie no wɔ ɔkwan a ɛbɛma yɛakɔ so akura Onyankopɔn ho dɔ mu wɔ yɛn komam daa no. Ɛma yenya akwankyerɛ pa a ɛma yɛde “Onyankopɔn tirim agyina nyinaa” di dwuma. (Aso. 20:27) Asafo nhyiam ahorow tete yɛn wɔ asɛmpa no ka ne ɔkyerɛkyerɛ mu, ahokokwaw a ehia sen biara nnɛ ma yɛanya anigye a ɛkyɛn so wɔ wɔn a wobegye Bible mu nokware no atom a yebehu wɔn na yɛaboa wɔn no mu.
4 Yenya Ahobammɔ: Wɔ saa wiase bɔne yi mu no, asafo no yɛ honhom fam guankɔbea ankasa—baabi a asomdwoe ne ɔdɔ wɔ. Sɛ yɛwɔ asafo nhyiam ahorow ase a, Onyankopɔn honhom kronkron nya yɛn so tumi kɛse, na ɛma yɛsow aba a ɛne “ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, anidahɔ [ahosodi, NW].” (Gal. 5:22, 23) Nhyiam ahorow hyɛ yɛn den ma yegyina pintinn wɔ gyidi no mu. Esiesie yɛn ma yɛyɛ ahoboa ma sɔhwɛ a ɛwɔ yɛn anim no.
5 Sɛ yɛkɔ nhyiam daa a, yehu nea odwontofo no kaa ho asɛm a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Dwom 133:1, 3 no: “Hwɛ oye a eye ne fɛ a ɛyɛ sɛ anuanom bom tra faako.” Baabiara a Onyankopɔn nkurɔfo som na wohyiam nnɛ no, “ɛhɔ na [Yehowa, NW] ahyɛ nhyira, nkwa de kosi daa.”