Wubetumi Aboa?
1 Ɔsomafo Paulo tuu asafo no mufo fo sɛ ‘wonnwen ade koro mma wɔn ho.’ (1 Kor. 12:25) Enti ɛsɛ sɛ yɛma afoforo ho hia yɛn, na yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛboa wɔn bere a abehia saa. Sɛ yɛbɛfa nhwɛso biako a, honhom fam anuanom mmea a wɔwɔ yɛn mu no bi nkutoo na wɔde nokware no retete wɔn mma. Saa anuanom mmea yi mma honhom fam ntetee ho asɛyɛde nyinaa da wɔn so. Akyinnye biara nni ho sɛ ɛfata sɛ yɛhyɛ wɔn nkuran boa wɔn wɔ nneɛma a ‘ehia wɔn’ mu. (Rom. 12:13a) Wubetumi aboa wɔn?
2 Akwan a Wubetumi Afa so Aboa: Sɛ ebinom te akyiri ma enti ɛsɛ sɛ wɔfa kar daa ba asafo nhyiam anaa nhyiam akɛse ase a, yɛn kar a yɛde bɛfa wɔn no bɛtew wɔn ka so. Sɛ yeso ɛna bi ba ketewa mu bi ma no wɔ nhyiam ase a, ebetumi ama wanya dwumadi no so mfaso kɛse. Saa ara nso na sɛ yɛboa no ma ɔde mmofra no kɔ asɛnka a, ebetumi ama wanya ahotɔ kakra. Nokware anigye a yɛbɛkyerɛ wɔ mmofra no ho—adamfofa a yɛne wɔn benya—no betumi aboa yɛn mmofra no paa. Ɔwofo a onni hokafo abusua bi a wobɛma wɔabɛka mo ho wɔ mo abusua adesua ase wɔ bere ne bere mu no betumi ama wɔanya honhom fam ahoɔden.
3 Yɛ Anifere: Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛamfa yɛn mmoa no ampuapua obi a ɔnte nka sɛ ohia. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ asɛmpɛ wɔ nkurɔfo abusuasɛm mu bere a yɛde mmoa rema no. Nokwarem no, anuanom mmea ne awarefo paa na wobetumi aboa onuawa bi a ohia mmoa.
4 Wɔhyɛ Kristofo nyinaa nkuran sɛ ‘wonyi ahɔhoyɛ adi’ nkyerɛ wɔn ho wɔn ho. (Rom. 12:13b) Mmoa a yɛde bɛma yɛn honhom fam anuanom mmarima ne mmea no yɛ akwan pii a yɛfa so kyerɛ sɛ yɛwɔ Kristo dɔ wɔ yɛn ntam no biako.—Yoh. 13:35.