Fa Nsɛm a Ɛresisi Nnansa Yi Kanyan Anigye
1 So wopɛ sɛ wunya nsɛm a ɛfata pii a ɛbɛma wo som adwuma no ayɛ anigye na akanyan nkurɔfo anigye wɔ Bible mu asɛm no ho? Ɛnde fa nsɛm a ɛresisi wɔ wiase ne faako a wote no fi nkɔmmɔbɔ ase. Wubetumi de nsɛm a ɛresisi wɔ faako a wote ne wo man mu anaa aman foforo so adi dwuma. Saa nneɛma yi sakra daa. (1 Kor. 7:31) Susuw nhwɛso a edidi so yi ho hwɛ.
2 Sikasɛm ne asetram ahokyere haw nkurɔfo ankasa. Enti wubetumi aka sɛ:
◼ “So wotee sɛ wɔrebɔ amanneɛ sɛ wɔretoto nneɛma [bɔ dekode din] mu bio?” Anaasɛ wubetumi aka adwuma a wonnya nyɛ ho asɛm, sɛ adwumakuw bi ayi emu adwumayɛfo pii adi a. Wubetumi agyina sɛnea wopɛ sɛ wotoa nkɔmmɔbɔ no so abisa sɛ “So woasusuw nea enti a asetra ayɛ den saa no ho pɛn?” anaa “So wususuw sɛ asetra bɛkɔ so ayɛ den saa daa?”
3 Wubetumi de basabasayɛ ho amanneɛbɔ te sɛ mmusua mu basabasayɛ anaa sukuu mu de afi nkɔmmɔbɔ ase. Wubetumi abisa sɛ:
◼ “So woakenkan wɔ atesɛm krataa mu sɛ [ka awerɛhosɛm bi a asi wɔ mpɔtam hɔ ho asɛm]?” Afei bisa sɛ “Wususuw sɛ dɛn na ama nsɛmmɔnedi pii aba wiase saa no?” anaasɛ “Wususuw sɛ bere bi bɛba a yebetumi ate nka sɛ yɛwɔ ahobammɔ?”
4 Nsuyiri a ɛsɛe ade, asasewosow, anaasɛ ɔmanfo basabasayɛ wɔ aman foforo bi so ho amanneɛbɔ a etumi kanyan anigye. Sɛ nhwɛso no, wubetumi aka sɛ:
◼ “So Onyankopɔn na ɔma [ka asiane ko] bae?” Anaasɛ wubetumi atwe adwene asi ɔmanfo basabasayɛ a asi nnansa yi ara so na woaka sɛ: “Sɛ obiara pɛ asomdwoe a, dɛn nti na ɛyɛ den paa sɛ yebenya?”
5 Wɛn w’aso sɛ wobɛte nsɛm a ɛresisi a wubetumi de afi nkɔmmɔbɔ ase. Nyansahyɛ ahorow a mfaso wɔ so wɔ “Nsɛm a Asisi Nnansa Yi” ase wɔ Sɛnea Wofi Bible Mu Nkɔmmbɔ Ase nhomawa no kratafa 5. Nanso, nkogyina amammui anaa asetram asɛm bi akyi. Mmom no, twe adwene si Kyerɛwnsɛm no ne Onyankopɔn Ahenni no so sɛ ɛno ne adesamma haw ahorow no ano aduru koro pɛ.