Atipɛnfo Nhyɛso ne Hokwan a Wowɔ sɛ Wobɛka Asɛm No
1 Yɛn atipɛnfo tumi nya yɛn so nkɛtɛnso kɛse—ɛma yɛyɛ bɔne anaa papa. Wɔn a yɛne wɔn som Yehowa no boa yɛn kɛse ma yɛda nnwuma pa adi sɛ Kristofo. (Heb. 10:24) Nanso, abusuafo, mfɛfo adwumayɛfo, mfɛfo sukuufo, afipamfo, anaa amannifo afoforo a wɔnyɛ Adansefo, betumi ahyɛ yɛn ma yɛapaw ɔkwan a ɛbɔ Kristofo nnyinasosɛm abira. Wobetumi ‘agu yɛn abrabɔ pa a ɛwɔ Kristo mu no ho fi.’ (1 Pet. 3:16) Yɛbɛyɛ dɛn atumi akɔ so aka asɛm no ɛmfa ho sɛ yɛn atipɛnfo hyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ bɔne no?
2 Abusuafo: Ɛtɔ da bi a, ebia okunu anaa agya a ɔnyɛ Yehowa Dansefo no rempɛ sɛ ne yere ne ne mma kɔ asɛnka. Saa na na ɛte wɔ ofie bi mu wɔ Mexico. Ɔbarima bi yere ne ne mma baason behuu nokware no. Mfiase no, na ɔsɔre tia n’abusua no efisɛ na ɔmpɛ sɛ wɔbɛkɔ nkurɔfo afie akɔka asɛm na wɔde Bible nhoma amema. Na osusuw sɛ adwuma a ɛte saa no mfata wɔn. Nanso, ne yere ne ne mma no gyinaa pintinn sɛ wɔbɛsom Yehowa na wɔakɔ asɛnka daa. Bere bi akyi no, ɔbarima no fii ase tee asɛnka nhyehyɛe a Onyankopɔn ayɛ no ase, na ɔno nso hyiraa ne ho so maa Yehowa. Egyee mfe 15 ansa na ɔrehu nokware no, nanso, sɛ anka n’abusua no anyere wɔn ho anka asɛm no a, so anka obetumi ahu nokware no da bi?—Luka 1:74; 1 Kor. 7:16.
3 Mfɛfo Adwumayɛfo: Ebia ebinom ani rennye mmɔden a wobɔ sɛ wubedi w’adwuma mufo adanse no ho. Onuawa bi kae sɛ bere a ofii ase bɔɔ wiase awiei ho nkɔmmɔ wɔ n’adwuma mu no, wodii ne ho fɛw esiane sɛ ɔkae sɛ wɔnkenkan Mateo ti 24 nti. Nanso, nna kakraa bi akyi no, n’adwumamfo no mu biako ka kyerɛɛ no sɛ wakenkan ti no na ne ho adwiriw no. Ɔmaa no nhoma, na ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ ɔne ne kunu bɛyɛ Bible adesua. Adesua a edi kan no toãã mu kosii ahemadakye nnɔn abien. Wɔ adesua a ɛto so abiɛsa akyi no, wofii ase kɔɔ asafo nhyiam ahorow, na ɛno akyi pɛɛ no, wogyaee tawanom na wofii ase kɔɔ asɛnka. Sɛ yɛn nuabea yi ammɔ mmɔden sɛ ɔbɛka n’anidaso ho asɛm akyerɛ afoforo a, so anka ɛbɛba saa?
4 Mfɛfo Sukuufo: Ɛnyɛ nwonwa koraa sɛ Adansefo mmofra behyia atipɛnfo nkɛntɛnso wɔ sukuu mu na wɔasuro sɛ mmofra afoforo bɛserew wɔn sɛ wɔkɔ asɛnka. Kristoni ababaa bi a ɔwɔ United States kae sɛ: “Na misuro sɛ medi mmofra afoforo adanse efisɛ na minim sɛ wobedi me ho fɛw.” Enti wampɛ sɛ obedi n’atipɛnfo ne wɔn a wɔwɔ asasesin no mu adanse. Wobɛyɛ dɛn atumi anya akokoduru de agyina atipɛnfo nhyɛso ano? Nya Yehowa mu ahotoso, na hwehwɛ sɛ wobɛsɔ n’ani. (Mmeb. 29:25) Ma w’ani nnye sɛ wutumi kyerɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm mu wɔ asɛnka mu. (2 Tim. 2:15) Ababaa a yɛaka ne ho asɛm seesei ara no bɔɔ Yehowa mpae, srɛe sɛ ɔmmoa no na ontumi nka asɛm no nkyerɛ ne mfɛfo sukuufo. Ofii ase dii bɔnnɔ so adanse wɔ sukuu mu, na afoforo tiei, na ankyɛ koraa na otumi dii obiara a onim no no adanse. Ɔde baa awiei sɛ: “Ɛsɛ sɛ saa mmofra no hu daakye anidaso no, na yɛn so na Yehowa nam boa wɔn.”
5 Afipamfo: Ebetumi aba sɛ yɛn afipamfo ne amannifo afoforo rempɛ yɛn asɛm esiane nnipa ko a yɛyɛ ne yɛn gyidi ahorow no nti. Sɛ nea wosusuw no haw wo a, bisa wo ho sɛ: ‘So wonim nokware a ɛkɔ daa nkwa mu no? Mɛyɛ dɛn atumi adu wɔn koma mu?’ Ɔmansin sohwɛfo bi hui sɛ mfaso wɔ so sɛ yebedi yɛn afipamfo adanse nkakrankakra bere nyinaa. Srɛ Yehowa na ɔmma wo ahoɔden ne nyansa a ɛbɛma woakɔ so ahwehwɛ nnipa akomapafo no.—Fil. 4:13.
6 Sɛ yɛma atipɛnfo nya yɛn so nkɛntɛnso bɔne a, ɛbɛma wɔn a wɔsɔre tia yɛn no ani agye, nanso sɛ ɛba saa a, so ɛso bɛba wɔn mfaso—na yɛn nso, ɛso bɛba yɛn mfaso? Yesu ankasa kuromfo sɔre tiaa no. Ne maame mma mpo kasa tiaa no denneennen. Nanso na onim sɛ sɛ ɔkɔ so yɛ adwuma a Onyankopɔn de hyɛɛ ne nsa no nkutoo a, na obetumi aboa wɔn. Enti, Yesu ‘nyaa boasetɔ bere a nnebɔneyɛfo kasa tiaa no no.’ (Heb. 12:2, 3) Ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa ara. Si wo bo sɛ wode bere a wowɔ no pii bɛka Ahenni ho asɛm no. Sɛ woyɛ saa a, “wubegye wo ho ne w’atiefo nkwa.”—1 Tim. 4:16.