Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wp20 nɔma 1 kr. 12-13
  • Onyankopɔn Ahenni Ho Nokwasɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyankopɔn Ahenni Ho Nokwasɛm
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2020
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Yesu Ka Faa Onyankopɔn Ahenni Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Wɔ Onyankopɔn Ahenni Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Onyankopɔn Ahenni Di Tumi
    Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu
  • Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni?
    Dɛn na Oyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2020
wp20 nɔma 1 kr. 12-13
Asase sɛn wim, na owia hann atɔ so

Onyankopɔn Ahenni Ho Nokwasɛm

Yesu kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ wɔmmɔ mpae sɛ: “Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew. W’ahenni mmra. W’apɛde nyɛ hɔ wɔ asase so te sɛ ɔsoro.” (Mateo 6:9, 10) Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni? Dwuma bɛn na Onyankopɔn Ahenni no di? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae sɛ ɛmmra?

Yesu ne Onyankopɔn Ahenni no so hene.

Luka 1:31-33: “Ɛsɛ sɛ woto ne din Yesu. Ɔbɛyɛ kɛse na wɔbɛfrɛ no Ɔsorosoroni no Ba; na Yehowa Nyankopɔn de n’agya Dawid ahengua bɛma no, na obedi Yakob fie so hene afebɔɔ, na n’ahenni remma awiei.”

Ahenni no ne ade titiriw a Yesu kaa ho asɛm.

Mateo 9:35: “Yesu kokyinkyin nkurow ne nkuraa nyinaa mu, kyerɛkyerɛe wɔ wɔn hyia adan mu kaa ahenni no ho asɛmpa, na ɔsaa nyarewa ne ahoɔmmerɛw ahorow nyinaa bi.”

Yesu maa n’asuafo no huu nneɛma bi a sɛ esisi a, na ɛbɛma wɔahu sɛ Ahenni no abɛn.

Mateo 24:7: “Na ɔman bɛsɔre atia ɔman na ahenni atia ahenni, na aduankɔm ne asasewosow bɛba mmeaemmeae.”

Ɛnnɛ, Yesu asuafo reka Ahenni no ho asɛm wɔ asase so baabiara.

Mateo 24:14: “Na wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”

Onyankopɔn Ahenni No Ho Nsɛm

Baabi a ɛwɔ. Onyankopɔn Ahenni yɛ aban ankasa a Onyankopɔn ahyehyɛ wɔ soro.​—DANIEL 2:44; MATEO 4:17.

Dwuma a ebedi. Onyankopɔn Ahenni bɛma asase adan paradise. Ɛbɛyɛ baabi a nnipa nyinaa bɛtena wɔ asomdwoe ne baakoyɛ mu. Obiara renyare, na obiara renwu nso.​—DWOM 37:11, 29.

Wɔn a wobedi ade wɔ Ahenni no mu. Onyankopɔn apaw Yesu sɛ Ɔhene a obedi ade wɔ soro. Ɔne nnipa 144,000 a wɔatɔ wɔn afi asase so na ebedi ade.​—LUKA 1:30-33; 12:32; ADIYISƐM 14:1, 3.

Wɔn a Ahenni no bedi wɔn so. Wɔn a Ahenni no bedi wɔn so no bɛtena asase so. Wɔbɛbrɛ wɔn ho ase ahyɛ Yesu tumidi ase, na wɔafi wɔn pɛ mu adi Ahenni no mmara so.​—MATEO 7:21.

Nea Enti a Yesu Na Ɔfata Paa Sɛ Odi Nnipa So

Bere a na Yesu wɔ asase so no, ɔyɛɛ nneɛma bi a ɛma yehu sɛ, sɛ ɔba bedi hene a, ɔbɛyɛ ɔhene a ɔwɔ ɔdɔ, na obetumi ayɛ nea ne manfo hia biara ama wɔn. Nea enti a yɛreka saa ne sɛ

  • Ná odwen ahiafo ho.​—LUKA 14:13, 14.

  • Ná okyi nyansakorɔn ne apoobɔ.​—MATEO 21:12, 13.

  • Ná ɔwɔ mframa a ano yɛ den, ɛpo asorɔkye, ne nneɛma a ɛtete saa so tumi.​—MARKO 4:39.

  • Ɔmaa nnipa mpempem aduan dii.​—MATEO 14:19-21.

  • Ná nkurɔfo a wɔyare asɛm yɛ no mmɔbɔ, na ɔsaa wɔn nyinaa yare.​—MATEO 8:16.

  • Onyan awufo baa nkwa mu bio.​—YOHANE 11:43, 44.

Sɛnea Onyankopɔn Ahenni Betumi Aboa Wo Nnɛ

Nnipa a Onyankopɔn Ahenni no di wɔn so no, sɛ woba bɛka wɔn ho a, wubenya anigye paa nnɛ. Nea enti ne sɛ

  • Saa nkurɔfo no ‘yɛ nea ɛbɛma asomdwoe atena wɔne nnipa nyinaa ntam.’​—HEBRIFO 12:14.

  • Asomdwoe ne baakoyɛ wɔ wɔn mmusua mu, efisɛ okununom ne ɔyerenom no dodɔ wɔn ho, na wobu wɔn ho wɔn ho nso.​—EFESOFO 5:22, 23, 33.

  • Wɔwɔ anigye ne akomatɔyam wɔ wɔn asetenam, efisɛ “wotie Onyankopɔn asɛm na wodi so.”​—LUKA 11:28.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena