Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/01 kr. 4
  • Awofo—Momfa Su Pa Nnua Mo Mma Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Awofo—Momfa Su Pa Nnua Mo Mma Mu
  • Yɛn Ahenni Som—2001
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ma Suban Nni Mmoa Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Monkyerɛkyerɛ Mo Mma Mma Wɔnnɔ Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Awofo—Mommoa Mo Mma Ma Wɔnnɔ Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Tete Wo Ba Fi Ne Mmofraase
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2001
km 1/01 kr. 4

Awofo—Momfa Su Pa Nnua Mo Mma Mu

1 Yennya su pa mfi awo mu, na saa ara na ɛmma kwa. Afei nso, egye mmɔdenbɔ ansa na yɛama mmofra anya su pa. Sɛ ‘wɔde biribi bedua obi mu’ no kyerɛ sɛ wɔbɛma onipa no ahu “biribi nkakrankakra.” Egye mmɔdenbɔ na awofo atumi ‘ayɛn wɔn mma wɔ Yehowa kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.’—Efe. 6:4.

2 Mumfi Ase Wɔ Wɔn Mmofraberem: Tumi a mmofra nkumaa de sua ade na wɔyɛ nneɛma foforo no yɛ nwonwa. Ɛwom sɛ ɛtaa yɛ den ma mpanyimfo sɛ wobesua kasa foforo de, nanso, mmofra a wonnya mfii sukuu ase no tumi sua kasa abien anaa abiɛsa wɔ bere koro mu. Nnya adwene da sɛ wo ba sua dodo sɛ obetumi asua su pa. Sɛ wufi ase de Bible mu nokware no kyerɛkyerɛ wo ba ntɛm a, ɛntɔ sɛ onnyin kakra no, na wanya nimdeɛ a ebetumi ama wahu ‘nyansa akɔ nkwagye mu.’—2 Tim. 3:15.

3 Ma Wɔmfa Asɛnkakɔ Nyɛ Wɔn Su: Su pa a yebetumi de adua abofra mu bere a ɔrenyin no ne sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ no ma waka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa daa. Awofo pii fi eyi ase denam wɔn mma a wɔne wɔn kɔ afie afie asɛnka bere a wosusua no so. Asɛnka a awofo no kɔ daa no boa wɔn mma ma wɔda anisɔ ne mmɔdenbɔ adi wɔ asɛnka adwuma no ho na ɛma wohu sɛnea wɔyɛ asɛnka adwuma no afa horow nyinaa.

4 Teokrase Ɔsom Sukuu no a mmofra de wɔn ho hyem no nso boa wɔn. Ɛma wotumi hu sɛnea wosua ade na wɔkenkan ade te ase. Wotumi hu sɛnea wofi Bible mu nkɔmmɔbɔ ase, yɛ sankɔhwɛ ne Bible adesua. Ntetee a ɛte saa betumi akanyan wɔn ma wɔayɛ akwampae adwuma na wɔanya ɔsom adwuma mu hokwan atitiriw. Betelfo ne asɛmpatrɛwfo pii de anigye kae bere a wodii kan de wɔn ho hyɛɛ sukuu no mu no, na wosusuw sɛ ɛno na ɛboaa wɔn ma wotumi nyaa su pa.

5 Yɛn nyinaa te sɛ dɔte a ɛwɔ Ɔnwemfo Kɛse, Yehowa, nsam. (Yes. 64:8) Sɛ dɔte no ye a, ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔde bedi dwuma. Sɛ wɔde bere tenten tõ a, ɛma ɛyɛ den. Saa ara na ɛte wɔ nnipa fam. Sɛ wosusua a na wotumi teɛ wɔn so—sɛ wonyin a ɛyɛ den. Sɛ wosusua a na wotumi de biribi dua wɔn mu ma esi wɔn yiye anaa ɛdan wɔn bɔne. Sɛ ɔwofo a wudwen wo mma ho no, fi ase ntɛm kyerɛkyerɛ wɔn mma wonnya Kristofo som adwuma no ho su pa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena