Yehowa Hyɛ Yɛn Den
1 Wunim ɔsomafo Paulo dɛn? Sɛ yɛkenkan Asomafo no Nnwuma no a, yɛn ani sɔ sɛnea na ɔyɛ nsi wɔ Yehowa som mu no. Ɛyɛɛ dɛn na Paulo tumi bɔɔ mmɔden saa? Ɔkae sɛ: “Mitumi ade nyinaa yɛ, nea ɔhyɛ me den no mu.” (Fil. 4:13) Yɛn nso yebetumi anya denhyɛ afi Yehowa hɔ. Ɔkwan bɛn so? Denam akwan asia a ɔnam so hyɛ yɛn den honhom fam a yɛde bedi dwuma no so.
2 Onyankopɔn Asɛm: Sɛnea yedi aduan na ama yɛanya nipaduam ahoɔden no, saa ara na ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn Asɛm na ama yɛayɛ den honhom fam. (Mat. 4:4) Bible no ma yɛn tumi a ɛwowaw yɛn. Sɛ yɛbɛkɔ so anya nokware no ho anigye a, ɛsɛ sɛ sɛ ɛbɛyɛ yiye a, yɛyɛ kokoam adesua a etu mpɔn na yedwennwen nea yesua no ho daa.—Dw. 1:2, 3.
3 Mpaebɔ: Ɛho hia sɛ yɛbɛn Yehowa, ɛnkanka bere a yehia biribi pɔtee bi no. Ɔde ne honhom no hyɛ wɔn a wɔba ne nkyɛn wɔ mpaebɔ mu no den. (Luka 11:13; Efe. 3:16) Kyerɛwnsɛm no hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yenkura mpaebɔ mu ara.’ (Rom. 12:12) Woyɛ saa?
4 Asafo No: Asafo nhyiam ahorow ne fekubɔ a ɛyɛ anigye a yɛne yɛn nuanom nya no nso ma yenya denhyɛ ne nkuranhyɛ. (Heb. 10:24, 25) Sɛ yɛkɔ ɔhaw mu a, wɔhyɛ yɛn den na wofi ɔdɔ mu boa yɛn.—Mmeb. 17:17; Ɔsɛnk. 4:10.
5 Asɛnka Adwuma No: Asɛnka a yɛkɔ daa no ma yesusuw Ahenni no ne emu nhyira ahorow ho. Sɛ yɛboa afoforo ma wohu Yehowa a, yɛn ani gye kɛse. (Aso. 20:35) Ɛnyɛ obiara na obetumi akɔsom wɔ faako a mmoa ho hia kɛse anaasɛ ɔbɛsom sɛ bere nyinaa somfo, nanso yebetumi anya ɔsom adwuma no mu kyɛfa wɔ akwan afoforo a etu mpɔn so.—Heb. 6:10-12.
6 Kristofo Ahwɛfo: Yenya mfaso fi nkuranhyɛ ne mmoa a mpanyimfo de ma no mu. Yehowa apaw wɔn sɛ wɔnyɛn Nyankopɔn nguan. (1 Pet. 5:2) Te sɛ nea Paulo yɛe wɔ ne bere so no, ahwɛfo akwantufo nso hyɛ asafo ahorow no den nnɛ.—Rom. 1:11, 12.
7 Anuanom Anokwafo Nhwɛso: Yɛn mfɛfo adwumayɛfo anokwafo a wɔtraa ase tete ne nnɛ nyinaa nhwɛso pa a yesusuw ho no tumi hyɛ yɛn den. (Heb. 12:1) Sɛ wopɛ sɛ wunya denhyɛ a, dɛn nti na wonkenkan asetram nsɛm a ɛhyɛ nkuran a ɛwɔ yɛn nsɛmma nhoma ahorow mu, amanneɛbɔ a ɛma denhyɛ a ɛwɔ Yearbook mu, anaa Yehowa Adansefo nnɛyi abakɔsɛm a ɛwɔ Proclaimers nhoma mu no?
8 Onua bi a ɔwɔ ne mfe 90 mu seesei no huu nokware no bere a na ɔyɛ abarimaa. Wɔsɔɔ ne gyidi hwɛe bere a na ɔyɛ aberante no. Nea edi kan koraa no, ebinom a na wɔwɔ asafo no mu no fii Yehowa ahyehyɛde no mu. Afei, na ɛsɛ sɛ ɔde ne ho hyɛ afie afie asɛnka a na ne yɛ yɛ no den no mu. Nanso, ɔde ne ho too Yehowa so bere nyinaa. Ankyɛ koraa, onyaa anigye wɔ asɛnka adwuma no mu. Na nnɛ ɛ? Ɛmfa ho sɛ yare haw no no, ɔwɔ Brooklyn Betel abusua no mu a ɔresom sɛ Sodikuw no muni. Onnuu ne ho da sɛ ɔde ne ho bɔɔ Yehowa ahyehyɛde no.
9 Onuawa bi a ɔyɛ Britain Betel abusua no muni bɔɔ asu bere a na wadi mfe 13. Ɔne ne nuabarima panyin yɛɛ akwampae adwuma afe a edi hɔ no, na afe a edi ɛno akyi no wɔde ne papa kɔtoo afiase esiane ne ho a wamfa anhyɛ Wiase Ko II no mu nti. Ɔkɔɔ so de ne ho too Yehowa so hwehwɛɛ denhyɛ, na ɔkɔɔ so som nokware Nyankopɔn no. Akyiri yi ɔwaree onua nokwafo bi, na wɔn baanu kɔɔ so yɛɛ Yehowa apɛde. Wɔ wɔn aware akyi mfe 35 no, ne kunu no wui mpofirim. Saa bere yi nso ɔhwehwɛɛ mmoa fii Yehowa hɔ, na wakɔ so asom no de abesi nnɛ, na ɔhwɛ kwan sɛ ɔne Yehowa asase so abusua no bɛsom daa.
10 Yehowa boa n’asomfo anokwafo na ɔhyɛ wɔn den. “Ɔma nea wabrɛ otumi, na ɔma nea onni home ahoɔden dɔɔso.” Yebetumi anya ahoɔden a enni ano yi bi denam akwan asia a yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no a yɛde bedi dwuma no so. Kae sɛ: “Wɔn a wɔtwɛn Yehowa no nya ahoɔden. . . wotu mmirika, na wɔmpa abaw, wɔnantew, na wɔmmrɛ.” (Yes. 40:29-31) Paulo de ne ho too Yehowa so kɛse hwehwɛɛ denhyɛ, na saa na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ.