Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/01 kr. 8
  • Ɔdɔ Kanyan Yɛn Ma Yɛka Asɛm No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔdɔ Kanyan Yɛn Ma Yɛka Asɛm No
  • Yɛn Ahenni Som—2001
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Ɔdɔ a Kristo Wɔ No Hyɛ Yɛn”
    “Bra Bedi M’akyi”
  • “Dɔ Yehowa Wo Nyankopɔn”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Yɛn Som Adwuma—Nokware Dɔ a Yɛda no Adi
    Yɛn Ahenni Som—1998
  • “Monkɔ Nkɔyɛ Aman Nyinaa M’asuafo”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2001
km 3/01 kr. 8

Ɔdɔ Kanyan Yɛn Ma Yɛka Asɛm No

1 Sɛ́ Yehowa Adansefo no, wonim yɛn sɛ nnipa a yɛde nsi ka Ahenni ho asɛm no. (Mat. 24:14) Nnipa bɛboro ɔpepem asia na wɔka asɛm no wɔ wiase nyinaa; na afoforo bɛka ho bere a wɔne yɛn bom ka asɛm no. Nnipa a wɔyɛ adwuma yi bi no na yɛde hu yɛn dodow.

2 Dɛn na ɛkanyan yɛn ma yetu yɛn ho ma yɛ adwuma a ne yɛ nna fam yi? Wɔnhyɛ yɛn, wɔmfa honam fam nneɛma nnaadaa yɛn na wonni yɛn ni wɔ ɔkwan titiriw bi so. Mfiase no, na ehu ka yɛn efisɛ na yɛte nka sɛ yɛmfata, na na nkurɔfo ntaa ntie asɛm no. (Mat. 24:9) Nnipa a wɔhwɛ yɛn no mu pii ntumi nhu nea ɛkanyan yɛn ma yɛyɛ saa. Ɛbɛyɛ sɛ ntease titiriw bi wɔ hɔ a enti ɛnsɛ sɛ yɛpa abaw.

3 Tumi a Ɔdɔ Wɔ: Yesu daa mmara a ɛso sen biara no adi bere a ɔkae sɛ ‘yemfi yɛn koma nyinaa mu, yɛn kra nyinaa mu, yɛn adwene nyinaa mu, ne yɛn ahoɔden nyinaa mu nnɔ Yehowa’ no. (Marko 12:30) Ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no gyina anisɔ kɛse a yɛwɔ ma onipa ko a ɔyɛ—Otumfoɔ Pumpuni, nneɛma nyinaa Bɔfo, a ‘ɔfata anuonyam, nidi ne tumi’—no so. (Adi. 4:11) Su biara ne Ne su ahorow a ɛyɛ nwonwa no nsɛ.—Ex. 34:6, 7.

4 Esiane sɛ yenim Yehowa na yɛdɔ no nti, ɛkanyan yɛn ma yɛma yɛn kanea hyerɛn nnipa anim. (Mat. 5:16) Yɛn kanea hyerɛn bere a yɛkamfo no wɔ baguam, ka ne nnwuma a ɛyɛ nwonwa ho asɛm, na yɛtrɛw N’ahenni ho asɛm no mu no. Te sɛ ɔbɔfo a ɔnam ɔsoro mfinimfini no, yekura ‘daa asɛmpa bi reka kyerɛ . . . aman ne mmusuakuw ne kasa ne nkurɔfo nyinaa.’ (Adi. 14:6) Ɔdɔ na ɛma yɛyɛ wiase nyinaa asɛnka adwuma no.

5 Wiase no bu yɛn asɛnka adwuma no sɛ “nkwaseasɛm” a ɛnsɛ sɛ obiara tie. (1 Kor. 1:18) Wɔabɔ mmɔden wɔ mmeae pii sɛ wobegu yɛn adwuma no. Yɛn nokware dɔ no ahyɛ yɛn den ma yetumi ka asɛm a asomafo no kae no bi sɛ: ‘Yentumi nnyae nea yɛahu na yɛate no ho asɛm ka. Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn sɛ sodifo mmom sen nnipa.’ (Aso. 4:20; 5:29) Asɛnka adwuma no kɔ so trɛw wɔ asase so nyinaa wɔ ɔsɔretia nyinaa akyi.

6 Ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no te sɛ ogya a ɛkanyan yɛn ma yɛka ne mmaninyɛ kyerɛ. (Yer. 20:9; 1 Pet. 2:9) Yɛbɛkɔ so ama ‘nkurɔfo ahu ne nneyɛe, efisɛ wayɛ ade kɛse’!—Yes. 12:4, 5.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena