Bɔ Mmɔden Hwehwɛ Mum a Wɔwɔ W’asasesin Mu No
1 Yehowa reto nsa frɛ obiara sɛ: ‘Ɔmmra mmɛnom nkwa nsu no bi kwa.’ (Adi. 22:17) Asotifo bebree nso regye ɔfrɛ yi so. Ne saa nti, yɛakɔ so ayɛ mum kasa ɔmantam nhyiam wɔ Ghana ha mfe kakra a abɛsen kɔ no mu.
2 Ɛwom sɛ akuw a wɔyɛ adesua wɔ mum kasa mu no de wɔn adwene si asotifo ne wɔn a wɔn asom yɛ den a wɔwɔ wɔn asasesin no mu nkutoo so de, nanso nnipa a wɔte saa pii wɔ hɔ a yebetumi anya wɔn adi wɔn adanse wɔ ɔman yi mu.
3 Wobɛyɛ Dɛn Atumi Aboa? Sɛ wonam abɔnten a, so wuhu sɛ nkurɔfo de mum kasa redi dwuma? Wunim obi wɔ w’adwumam anaa wo sukuu mu a ne busuani bi yɛ mum? Yɛ krado sɛ wobɛhwehwɛ wɔn a wɔyɛ mum no bere biara. Nanso, wobɛyɛ dɛn atumi ahu sɛ wobetie Ahenni ho asɛmpa no?
4 Adanse a Yebedi: Ka onipa no ho asɛm kyerɛ asafo a ɛbɛn a wɔde mum kasa yɛ wɔn nhyiam anaa ka ne ho asɛm kyerɛ Betel. Asotifo pii tumi nya nokware no ho nimdeɛ ntɛmntɛm bere a wɔde wɔn ho abɔ Adansefo a wɔyɛ mum wɔ nhyiam a wɔde mum kasa yɛ ase no. Enti, sɛ mum asafo bi bɛn mo a, ɛsɛ sɛ mo asafo mu kyerɛwfo no ka asotifo a wɔwɔ mo asasesin no mu ho asɛm kyerɛ wɔn.
5 Na sɛ obiara nni mo mpɔtam hɔ a obetumi de honhom fam mmoa ama wɔn a wɔyɛ mum wɔ mpɔtam hɔ nso ɛ? Wobɛyɛ dɛn atumi aboa? Dɛn nti na wonsan nkɔ ne nkyɛn na wo ne n’abusua no muni bi a otumi ne no kasa no nkɔbɔ nkɔmmɔ? Hwɛ sɛ wubeyi mum kasa ho video akyerɛ no na atumi akanyan n’anigye. Adawurubɔfo binom mpo asua mum kasa sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi aboa saafo no kɛse. (Aso. 16:9, 10) Wɔayɛ Ahwehwɛde nhomawa no ne Nimdeɛ nhoma no ho video wɔ Amerika Mum Kasa mu. Nnwinnade ahorow yi a wɔne afoforo de yɛ Bible adesua no so aba mfaso kɛse.
6 Sɛ woyere wo ho hwehwɛ asotifo a wɔwɔ faako a wote no a, wubetumi aboa wɔn ma wɔabenya nkwa nsu no bi kwa.—Mat. 10:11; Adi. 7:9.