“Nnipa Mu Akyɛde” De Anigye Hwɛ Onyankopɔn Nguankuw No
1 Hwɛ nsiesiei a ɔdɔ wom a Yehowa nam ne Ba so ayɛ de ‘nnipa mu akyɛde’ ama! (Efe. 4:8, 11, 12) Wɔwɔ asɛyɛde pii a nea ɛka ho ne anigye a wɔde hwɛ Onyankopɔn nguankuw no. (1 Pet. 5:2, 3) Yɛn nyinaa nya nsiesiei a yehia paa yi so mfaso. Sɛ ebia ebinom rehyia nsɛnnennen, afei na wɔde wɔn ho abɛbɔ yɛn, wɔwɔ mmerɛwyɛ bi, anaasɛ wɔafom kwan no, mmarima yi susuw wɔn nyinaa honhom fam yiyedi ho kɛse.—Fil. 2:4; 1 Tes. 5:12-14.
2 Sɛ nsɛm a ɛhaw adwene a esisi wɔ wiase no ma ehu ka yɛn a, nguanhwɛfo nkumaa yi da no adi sɛ wɔyɛ “mframa ano hintabea ne osu ano guankɔbea.” Bere a yɛabrɛ anaa yɛabotow na yɛte nka sɛ yehia awerɛkyekye no wɔma yɛsan nya ahoɔden, te sɛ “nkyerekyerewa so nsuwansuwa,” anaasɛ “asase a akyen so botan kɛse onwini.”—Yes. 32:2.
3 Wɔn a Wɔayɛ Mmerɛw a Wɔhyɛ Wɔn Nkuran: Mpanyimfo rebɔ mmɔden titiriw sɛ wɔbɛhyɛ wɔn a wɔntaa nkɔ asɛnka ne nhyiam anaasɛ wɔayɛ mmerɛw no nkuran, na wɔreboa wɔn ma wɔasan de wɔn ho ahyɛ asafo no dwumadi nyinaa mu bio. Nsrahwɛ a efi ɔdɔ mu no aboa nnipa pii ma wɔkɔ asafo nhyiam daa na ama wɔayɛ den wɔ honhom mu ma wɔasan afi ase rekɔ asɛnka. Mmɔden a ɛte saa a mpanyimfo bɔ nyinaa da ɔdɔ mu a Yehowa fi dwen yɛn ho ne di a Yesu Kristo di yɛn kan bere nyinaa no adi. Ɔno na ɔyɛɛ nhwɛso a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wodwen ne nguan no mu biara a ebia wafom kwan anaasɛ wayera no ho.—Mat. 18:12-14; Yoh. 10:16, 27-29.
4 Nguanhwɛfo nkumaa no hwehwɛ nsɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ ebia ebinom rehinhim wɔ honhom fam. Ɛda adi sɛ obiara a ɔyɛ nneɛma a ɛkyerɛ sɛ n’abam abu, ɔntaa mma asafo nhyiam, anaasɛ ɔma n’asɛnka adwuma kɔ fam no hia honhom fam mmoa. Mpanyimfo no wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛboa obiara a ofi ase suasua wiase no ntadehyɛ ne ahosiesie anaa ɔkasa tia asafo no. Ahwɛfo a wodwen afoforo ho no fi wɔn pɛ mu nam nokware anigye ne tema so ‘de wɔn ankasa kra ma’ de bɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa saafo no ma wɔasan ahyɛ ɔdɔ a wɔwɔ ma Yehowa no mu den.—1 Tes. 2:8.
5 Wɔ bere a atwam mu no, Kristofo a wɔahyira wɔn ho so no bi ne asafo no agyae bɔ, na esiane sɛ nyarewa, sikasɛm mu ahokyere, anaasɛ abusuafo nhyɛso bunkam wɔn so nti, wɔyɛɛ mmerɛw wɔ honhom fam. Mpanyimfo yi nkasa ntia wɔn, wofi ayamye mu ma wɔn awerɛhyem sɛ Yehowa dwen ne nguan nyinaa ho na ɔbɛwowaw wɔn wɔ ahokyere bere mu. (Dw. 55:22; 1 Pet. 5:7) Nguankuw no ahwɛfo a wɔn ani da hɔ betumi aboa wɔn ma wɔahu sɛ, sɛ ‘wɔbɛn Onyankopɔn a, ɔbɛbɛn wɔn,’ na ɛma wonya awerɛkyekye ne ɔhome.—Yak. 4:8; Dw. 23:3, 4.
6 Ayarefo a Yebebu Wɔn sɛ Wɔsom Bo: Nguanhwɛfo nkumaa a wɔwɔ ɔdɔ yi dwen wɔn a yebetumi abu yɛn ani agu wɔn so no. Ebinom a wɔyare, wɔn a wɔte nkwakoraa ne mmerewa atrae, anaasɛ ɔyare ama wɔaka dan mu wɔ asafo biara mu. Wɔn tebea no nti, kyɛfa a wonya wɔ Ahenni asɛm no ho dawurubɔ mu no sua. Ebia nkitaho a wɔne nsrahwɛfo, ayarefo afoforo, ne wɔn a wɔhwɛ ayarefo di no nkutoo na ɛma wonya hokwan di adanse. Nanso, yebu nea wotumi yɛ biara sɛ mmoa a ɛsom bo a wɔyɛ wɔ asɛnka adwuma no mu. (Mat. 25:15) Sɛ wɔde simma 15 pɛ mpo di adanse a, ɛsɛ sɛ wobu ho akontaa, na wobebu wɔn sɛ daa Ahenni adawurubɔfo.
7 ‘Nnipa mu akyɛde’ no nim wɔn nuanom honhom fam ahiade wɔ bere yi mu titiriw—Nkaedi bere. Bere a ɛfata a ɛsɛ sɛ mpanyimfo bɔ mmɔden paa boa wɔn a wɔafom kwan no nyinaa no ma wonya anigye ne asomdwoe a efi asafo no a wɔne no bɔ denneennen mu ba bɛn ara ni! Yedi ahurusi ankasa bere a yehu saafo a “wɔyɛ gyidifo fiefo” no sɛ wɔba asafo nhyiam na wɔkɔ asɛnka de si gyidi a wɔwɔ wɔ ogye afɔrebɔ no mu so dua no.—Gal. 6:10; Luka 15:4-7; Yoh. 10:11, 14.