Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/02 kr. 1
  • Ahenni Asɛnka Boa Ma Wogye Nkwa!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ahenni Asɛnka Boa Ma Wogye Nkwa!
  • Yɛn Ahenni Som—2002
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kɔ So Ka Asɛm No Denneennen
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • ‘Yɛka Papa Ho Asɛmpa’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • “Monkɔ Nkɔyɛ Aman Nyinaa M’asuafo”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • Monka Asɛm no Denneennen!
    Yɛn Ahenni Som—2009
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2002
km 4/02 kr. 1

Ahenni Asɛnka Boa Ma Wogye Nkwa!

1 Ɛno ne adwuma a ɛho hia sen biara a wɔreyɛ wɔ wiase wɔ saa bere yi mu. Yehowa Nyankopɔn, Yesu Kristo, ne abɔfodɔm de wɔn adwene asi so. Ɛyɛ dɛn, na dɛn nti na ɛho hia? Ɛyɛ Ahenni asɛnka, na ɛboa ma wogye nkwa!—Rom. 1:16; 10:13, 14.

2 Ebia ebinom bɛte nka sɛ, sɛ yɛbɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛboa ma wiase a yɛte mu no ayɛ papa a, anka ɛbɛboa afoforo paa. Nnipa pii rebɔ mmɔden denneennen sɛ wɔbɛma asomdwoe aba, asa nyarewa, anaa wɔama sikasɛm ayɛ papa. Nanso dɛn na ɛbɛboa nkurɔfo asen biara?

3 Adwuma a Ɛho Hia Sen Biara: Ahenni asɛm no nkutoo na ɛkyerɛkyerɛ asetra atirimpɔw, nea ɛma nnipa hu amane, ne daakye ho anidaso koro pɛ a yebetumi de yɛn ho ato so no mu. Asɛmpa no tumi ma nkurɔfo ne Onyankopɔn yɛ nnamfo na wɔnam saayɛ so nya “Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so” no. (Fil. 4:7) Ahenni asɛm no nkutoo na ɛde akwankyerɛ pa ma na ɛboa nkurɔfo ma wogyina asetra mu ɔhaw ahorow ano nnɛ na ɛkyerɛkyerɛ sɛnea wɔbɛkora yɛn so bere a wɔasɛe wiase bɔne yi daakye no. (1 Yoh. 2:17) So ɛno mma mmɔden kɛse a yɛbɔ sɛ yɛbɛka Ahenni no ho asɛm no nyɛ nea ɛfata?

4 Mfatoho bi ni: Dɛn na ɛbɛyɛ ɔkwan a eye sen biara a wobɛfa so aboa akuraa bi a emufo adeda a nsu mu ban bi rebebu ama nsu afa wɔn no? So wobɛhwew nsu a ɛtaa nsu mu ban a ɛreyɛ abu no akyi no? So wubesiesie akuraa a ɛrebɛsɛe no fɛfɛɛfɛ? Dabi! Ɛsɛ sɛ wunyan akuraa no asefo, bɔ wɔn kɔkɔ wɔ asiane a ɛreba no ho na woboa wɔn ma woguan! Wɔn a wɔada wɔ honhom fam nnɛ no wɔ asiane kɛse mu. (Luka 21:34-36) Esiane sɛ ɛrenkyɛ na nneɛma nhyehyɛe yi asɛe nti, momma yɛmmɔ mmɔden sɛ yɛde ntɛmpɛ a ɛsen biara bɛka asɛm no akyerɛ obiara sɛnea yebetumi!—2 Tim. 4:2; 2 Pet. 3:11, 12.

5 Kɔ So Ka Asɛm No: Momma yɛnhwehwɛ akwan a yɛbɛfa so akɔ nnipa a wɔpɛ sɛ wotie asɛmpa no mu pii nkyɛn—wɔ wɔn afie mu, mmɔnten so, wɔ telefon so, ne bɔnnɔ so. Adwuma a Yehowa de ama yɛn sɛ yɛnyɛ no ne adwuma a ɛho hia sen biara a yebetumi ayɛ. Sɛ yɛde nsi yɛ a, ‘yebegye yɛn ho ne yɛn atiefo nkwa.’—1 Tim. 4:16.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena