Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/03 kr. 8
  • Nea Yɛbɛka Afa Nsɛmma Nhoma Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Yɛbɛka Afa Nsɛmma Nhoma Ho
  • Yɛn Ahenni Som—2003
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Yɛbɛka Afa Nsɛmma Nhoma Ho
    Yɛn Ahenni Som—2004
  • Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho
    Yɛn Ahenni Som—2006
  • Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • Nea Yɛbɛka Afa Nsɛmma Nhoma Ho
    Yɛn Ahenni Som—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2003
km 1/03 kr. 8

Nea Yɛbɛka Afa Nsɛmma Nhoma Ho

Ɔwɛn-Aban Jan. 15

“Esiane mogyahwiegu bebrebe a akɔ so nti, so wususuw sɛ bɔne adi papa so nkonim? [Ma ommua.] Hyɛ nea Bible ka fa Onyankopɔn ho no nsow. [Kenkan Dwom 83:18b.] Esiane sɛ Onyankopɔn ne Ɔsorosoroni wɔ asase so nti, so bɔne betumi adi nkonim ankasa? [Ma ommua.] Saa Ɔwɛn-Aban yi de asɛmmisa no ho mmuae a ɛma abotɔyam ma.”

Nyan! Jan. 22

“Yɛn ahobammɔ ho aba asɛm sen bere biara. Ade a ɛrehaw ɔmanfo adwene kɛse ne biribi a wɔfrɛ no korɔn a wɔbɔ wɔ obi din mu no. So woate ho asɛm? [Ma ommua.] Bible hyɛ bɔ sɛ bere bi bɛba a asase yi bɛde ne ho afi nneɛma a ɛde yɛn ahobammɔ to asiane mu nyinaa ho. [Kenkan Yesaia 11:9.] Engiresi Nyan! yi kyerɛkyerɛ ɔkwan a eyi bɛfa so aba no mu.”

Ɔwɛn-Aban Feb. 1

“Adwuma a wonnya nyɛ ho asɛm haw nnipa pii nnɛ, na afoforo wɔ nhyɛso kɛse ase wɔ adwumam. So wususuw sɛ wubetumi anya anigye ne ahobammɔ wɔ adwumam? [Ma ommua. Afei kenkan Yesaia 65:21-23.] Saa Ɔwɛn-Aban yi ka bere bi a nnipa nyinaa benya adwuma a abotɔyam wom ayɛ ho asɛm.”

Nyan! Feb. 8

“Nyan! yi bɔ awerɛhosɛm bi a ɛrekɔ so wɔ yɛn bere yi so—mmofra tutuusi—ho amanneɛ. Saa ayayade a wɔde yɛ mmofra yi yɛ biribi a Bible hyɛ bɔ sɛ ebefi hɔ nnansa yi ara. [Kenkan Mmebusɛm 2:21, 22.] Nsɛmma nhoma yi kyerɛ dekode a ɛma wɔyɛ mmofra ayayade a ɛte saa ne ɔkwan a ɛbɛfa so afi hɔ.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena