Akwampae Adwuma no Mu Nhyira Ahorow
1, 2. Nhyira ahorow bɛn na akwampae adwuma no de ba, na dɛn ntia?
1 Ɔkwampaefo bi kae sɛ: “Minim sɛ adwuma foforo biara nni hɔ a ebetumi ama manya abotɔyam sɛ nokware no a meka ho asɛm kyerɛ afoforo no.” Ɔfoforo kae sɛ: “Anadwo biara, me nna yɛ me dɛ, na anigye hyɛ me koma ma.” Saa akwampaefo yi rekasa ama anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ mmaa nyinaa a wɔanya akwampae adwuma no mu nhyira ahorow no.—Mmeb. 10:22.
2 Afoforo a yɛbɛboa wɔn ma wɔanya Onyankopɔn Asɛm mu nimdeɛ a ɛma nkwa no de nokware abotɔyam ba. (Aso. 20:35; 1 Tes. 2:19, 20) Onua bi a ɔde bere tenten ayɛ akwampae adwuma no kyerɛwee sɛ: “Ɛma ahomeka na ɛhyɛ gyidi den sɛ wubehu tumi a Onyankopɔn Asɛm wɔ sɛ ɛkanyan nkurɔfo ma wɔyɛ nsakrae wɔ wɔn asetram.” Yiw, sɛ akwampaefo tu wɔn ho ma boa nkurɔfo ne wɔn yɛ Bible adesua a, wonya nhyira te sɛ nea yɛaka ho asɛm no.
3, 4. Akwan bɛn so na akwampae adwuma kyerɛkyerɛ obi ma ɔde ne ho to Yehowa so, na ɔkwan bɛn so na eyi boa ma obi nyin honhom fam?
3 Wɔn Ho a Wɔde To Yehowa So: Onyankopɔn honhom so a akwampaefo de wɔn ho to daa bere a wɔreyɛ wɔn som adwuma no boa wɔn ma wɔsow “honhom aba,” na ɛbɔ wɔn ho ban. (Gal. 5:16, 22, 23) Bio nso, esiane sɛ akwampaefo de Onyankopɔn Asɛm di dwuma daa nti, wɔn ho taa kokwaw wɔ Kyerɛwnsɛm no a wɔde gyina nokware no akyi de hyɛ afoforo den no mu. (2 Tim. 2:15) Onua bi a ɔde mfe pii ayɛ akwampae adwuma no kae sɛ: “Akwampae adwuma no aboa me ma manya Bible mu nimdeɛ a emu dɔ, nimdeɛ a mede aboa nnipa pii ma wɔahu Yehowa ne n’atirimpɔw ahorow.” Abotɔyam bɛn ara ni!
4 Ɛsɛ sɛ daa akwampaefo de wɔn ho to Yehowa so wɔ akwan foforo pii so nso. Wɔn gyidi yɛ den bere a wohu sɛnea Yehowa hyira wɔn mmɔdenbɔ so na ɔma wɔn wɔn honam fam ahiade ahorow no. Onua bi a wadi mfirihyia 72 a ɔde mfirihyia 55 ayɛ akwampae adwuma kae sɛ: “Yehowa mmaa me nsa nsii fam da.” Bio nso, ɛdenam akɛsesɛm a wɔkwati so no, akwampaefo bɔ wɔn ho ban fi asetram dadwen pii ho. So w’ani gye eyi ho?—Mat. 6:22; Heb. 13:5, 6.
5. Ɔkwan bɛn so na akwampae adwuma no boa ma obi bɛn Yehowa?
5 Onyankopɔn a Yɛbɛbɛn No: Abusuabɔ a yɛne Yehowa wɔ no yɛ agyapade a ɛsom bo sen biara. (Dw. 63:3) Sɛ yenya ɔsom adwuma no mu kyɛfa kɛse esiane ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa nti a, saa abusuabɔ no mu yɛ den. (Yak. 4:8) Onua bi a ɔde bɛboro mfe 18 ayɛ akwampae adwuma no kae sɛ: “Akwampae adwuma no ma ‘yɛka hwɛ hu sɛ Yehowa ye,’ na ɛma yɛne yɛn Bɔfo no nya abusuabɔ a emu yɛ den daa.”—Dw. 34:8.
6. Dɛn na ɛsɛ sɛ akwampaefo nya, na akwampaefo akyi no, henanom bio na wonya mfaso?
6 Sɛ tebea a ɛho hia a ɛsɛ sɛ akwampaefo nya no da nkyɛn a, ɛsɛ sɛ wonya gyidi a emu yɛ den, ɔdɔ a edi mũ ma Onyankopɔn ne mfɛfo nnipa, na wonya ɔpɛ sɛ wɔde nneɛma bɛbɔ afɔre. (Mat. 16:24; 17:20; 22:37-39) Nanso, sɛnea akwampaefo a wɔwɔ mmaa nyinaa anim a ɛyɛ sereserew da no adi no, akwampae adwuma no mu nhyira ahorow no kyɛn so koraa. (Mal. 3:10) Ɛnyɛ akwampaefo no nko na wonya nhyira ahorow yi, na mmom, wɔn mmusua ne asafo no nso nya honhom pa a akwampaefo da no adi no so mfaso kɛse.—Fil. 4:23.