Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/03 kr. 1
  • Kristofo Biakoyɛ—Ɛyɛ Dɛn na Ɛba?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kristofo Biakoyɛ—Ɛyɛ Dɛn na Ɛba?
  • Yɛn Ahenni Som—2003
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Biakoyɛ A Onyankopɔn Pene So
    Nyan!—1984
  • Biakoyɛ A Ɛwɔ Kristofo Mu Hyɛ Onyankopɔn Anuonyam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Biakoyɛ Ma Yehu Nokware Som
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Munkura Biakoyɛ Mu Wɔ Nna A Edi Akyiri Yi Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2003
km 12/03 kr. 1

Kristofo Biakoyɛ—Ɛyɛ Dɛn na Ɛba?

1 Dɛn na ebetumi ama nnipa bɛboro ɔpepem asia a wofi aman 234 mu a wɔka kasa bɛyɛ 380 no ayɛ biako? Ɛyɛ Yehowa Nyankopɔn som nkutoo. (Mika 2:12; 4:1-3) Nea ɛkɔ so wɔ Yehowa Adansefo mu no ama wɔahu sɛ wobetumi ayɛ biako wɔ Kristosom mu nnɛ. Sɛ “kuw biako” a yɛhyɛ “ɔhwɛfo biako” ase no, yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛko atia wiase honhom a ɛde mpaapaemu ba no.—Yoh. 10:16; Efe. 2:2.

2 Onyankopɔn atirimpɔw a ɛbɛbam ne sɛ abɔde a wɔwɔ nyansa nyinaa bɛyɛ biako wɔ nokware som mu. (Adi. 5:13) Esiane sɛ na Yesu nim sɛ eyi ho hia nti, ɔbɔɔ biako a n’akyidifo bɛyɛ no ho mpae denneennen. (Yoh. 17:20, 21) Ɔkwan bɛn so na yɛn mu biara betumi aboa ma Kristofo asafo no ayɛ biako?

3 Sɛnea Biakoyɛ Ba: Sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn Asɛm ne ne honhom a, anka biakoyɛ ntumi mma Kristosom mu. Nea yɛkenkan wɔ Bible mu a yɛde di dwuma no ma Onyankopɔn honhom yɛ adwuma wɔ yɛn asetra mu a biribiara nsiw no kwan. Eyi ma yetumi ‘de asomdwoe hama kura honhom biakoyɛ mu.’ (Efe. 4:3) Ɛkanyan yɛn ma yɛde firi yɛn ho yɛn ho wɔ ɔdɔ mu. (Kol. 3:13, 14; 1 Pet. 4:8) So wohyɛ biakoyɛ ho nkuran denam Onyankopɔn Asɛm a wudwennwen ho da biara no so?

4 Yɛn adwuma a ɛne sɛ yɛnka asɛm na yɛnyɛ asuafo no nso ma yɛyɛ biako. Sɛ yɛne afoforo yɛ Kristofo som adwuma no, na ‘yɛde ɔkra koro bom di apere ma asɛmpa no’ a, yɛbɛyɛ ‘yɔnko adwumayɛfo ma nokware no.’ (Fil. 1:27; 3 Yoh. 8) Bere a yɛyɛ saa no, yɛhyɛ ɔdɔ a ɛma yɛyɛ biako wɔ asafo no mu no mu den. Dɛn nti na wonto nsa mfrɛ obi a wo ne no nkɔɔ asɛnka nnansa yi sɛ ɔne wo nkɔ bi dapɛn yi?

5 Hwɛ hokwan ara a yɛanya sɛ yɛyɛ amanaman ntam anuanom kuw koro pɛ a ɛwɔ asase so nnɛ no mufo! (1 Pet. 5:9) Nnipa mpempem pii de wɔn aniwa behu biakoyɛ a ɛda adi wɔ wiase nyinaa yi wɔ “Monhyɛ Onyankopɔn Anuonyam” Amanaman Ntam ne Ɔmantam Nhyiam no ase. Momma yɛn mu biara mmoa mma biakoyɛ a ɛsom bo yi ntra hɔ denam nhyiam no a yɛbɛkɔ, Onyankopɔn Asɛm a yɛbɛkenkan da biara, yɛn ntam nsɛm a yebesiesie wɔ ɔdɔ mu, ne “koma koro” a yɛde bɛka asɛmpa no so.—Rom. 15:6.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena