Adwuma a Onyankopɔn Gyina Akyi
1 Wɔ Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ mu no, kakraa bi na wɔasua nhoma akɔ akyiri, wɔwɔ ahode pii, anaa wɔagye din kɛse wɔ mprempren nhyehyɛe yi mu. Ne saa nti, nnipa binom po yɛn som adwuma no sɛ ɛho nhia. (Yes. 53:3) Nanso, Bible nkyerɛkyerɛ adwuma a yɛyɛ no ama nnipa mpempem pii a wɔwɔ wiase nyinaa anya awerɛkyekye ne anidaso. Ɛyɛɛ dɛn na nnipa mpapahwekwa tumi yɛɛ biribi a ɛda nsow saa? Egyina Onyankopɔn mmoa nkutoo so. (Mat. 28:19, 20; Aso. 1:8) Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, “wiase nkwaseade na Onyankopɔn apaw sɛ ɔde bɛhyɛ anyansafo aniwu.”—1 Kor. 1:26-29.
2 Ná asomafo no ne afeha a edi kan Kristofo afoforo pii yɛ nnipa a wobu wɔn sɛ ‘wonsuaa nhoma da ne mpapahwekwa.’ (Aso. 4:13) Nanso wɔde akokoduru yɛɛ asɛmpaka adwuma a wɔde hyɛɛ wɔn nsa no, na Yehowa hyiraa wɔn mmɔdemmɔ no so. Ɛmfa ho akwanside ne ɔsɔretia no, ‘Yehowa asɛm no nam ahoɔden so nyinii na ɛyɛɛ den.’ Biribiara antumi ansiw adwuma no kwan, efisɛ na Onyankopɔn gyina akyi. (Aso. 5:38, 39; 19:20) Saa ara na ɛte nnɛ nso. Ɔsɔretia a sodifo a wɔyɛ den mpo de ba no ntumi nsiw nkɔso a asɛmpa no renya no kwan.—Yes. 54:17.
3 Ɛho Ayeyi Nyinaa Wɔ Yehowa: So ɛsɛ sɛ yɛde hokwan soronko a Onyankopɔn de ama yɛn sɛ n’asomfo no hoahoa yɛn ho? Ɛnte saa koraa. Paulo retwe adwene asi Kristofo som adwuma no so no, ɔkyerɛwee sɛ: “Yɛwɔ saa ademude yi anwenne mu, na tumi a ɛboro so no ayɛ Onyankopɔn dea, na amfi yɛn mu.” (2 Kor. 4:7) Paulo hui sɛ ahoɔden a Onyankopɔn de maa no no nkutoo na ɛma otumi yɛɛ ne som adwuma no.—Efe. 6:19, 20; Fil. 4:13.
4 Yɛn nso yenim sɛ di a ‘Onyankopɔn di yɛn akyi nti’ na yetumi yɛ asɛnka adwuma no. (Aso. 26:22) Yehowa nam asɛm a ɛte saa a yɛreka no wiase nyinaa no so de yɛn redi dwuma wɔ ɔkwan soronko so de atemmu a ɛyɛ hu a ɛnkyɛ ɛbɛba no ho kɔkɔbɔ rema wɔ amanaman mu. (Hag. 2:7) Hwɛ hokwan a yɛanya sɛ yɛabɛyɛ “Onyankopɔn adwumayɛboafo,” wɔ honhom mu otwa adwuma kɛse yi mu!—1 Kor. 3:6-9.