Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/04 kr. 6
  • Ahosiesie a Ɛho Tew na Ɛfata

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ahosiesie a Ɛho Tew na Ɛfata
  • Yɛn Ahenni Som—2004
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Enti a Ɛsɛ Sɛ Yɛhwɛ Yɛn Ntaadehyɛ Ne Yɛn Ahosiesie Yiye
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Ahosiesie a Ɛfata Kyerɛ Obu a Yɛwɔ Ma Onyankopɔn
    Yɛn Ahenni Som—2003
  • Kamfo Yehowa Wɔ Asafo Kɛse Mu
    Yɛn Ahenni Som—2005
  • W’ahosiesie Hyɛ Onyankopɔn Anuonyam?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2004
km 11/04 kr. 6

Ahosiesie a Ɛho Tew na Ɛfata

1. Bere a yɛreboaboa yɛn ho ama ɔmantam nhyiam no, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesusuw yɛn ahosiesie ho?

1 Ahɔhodan bi nanmusifo kaa yɛn nuanom a wɔyɛɛ ɔmantam nhyiam wɔ afe a etwaam no ho asɛm sɛ: “Yehowa Adansefo ye sen nnipa nyinaa! Mo nkurɔfo no yam ye, wɔn ho twa na wobu ade yiye nso.” Wɔ nhyiam foforo ase no, ahɔhodan mu dwumayɛni bi kae sɛ: “Ɛda adi sɛ mo nkurɔfo no de wɔn ahosiesie hyɛ Onyankopɔn anuonyam.” Yiw, nnipa hwɛ wɔn a wɔba nhyiam no. Enti, yɛpɛ sɛ yesiesie yɛn ho ma ‘ɛfata asɛmpa no,’ na eyi taa ka wɔn a wɔnyɛ adansefo no ma wɔkamfo yɛn na ɛma obiara hu sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asomfo. (Fil. 1:27) Bere a yɛreboaboa yɛn ho ama ɔmantam nhyiam yi no, ɛfata sɛ yefi ase susuw yɛn ahosiesie ho.

2. Dɛn nti na ɛyɛ den sɛ yɛbɛhyɛ ntade asiesie yɛn ho ma afata?

2 Ɔsomafo Yakobo kyerɛwee sɛ: “Nyansa a efi soro no de, nea edi kan ne sɛ ɛho tew.” (Yak. 3:17) Ebetumi ayɛ den sɛ yebesiesie yɛn ho ma afata. Satan wiase a ɔbrasɛe ahyɛ no ma no hyɛ nnipa ma wosiesie wɔn ho wɔ ɔkwan a ɛmfata na ɛkanyan nna ho akɔnnɔ so. (1 Yoh. 2:15-17) Ne saa nti sɛ yɛresi ntadehyɛ ne ahosiesie ho gyinae a, ɛsɛ sɛ yetie Bible mu afotu a ese ‘yɛmpa mmusubɔ ne wiase akɔnnɔ, na yɛmfa adwenemtew ntra nnɛ wiase yi mu’ no. (Tito 2:12) Yɛmpɛ sɛ yɛde yɛn ahosiesie haw afoforo, sɛ́ wɔyɛ yɛn nuanom, ahɔhodan ne adidibea adwumayɛfo anaa afoforo a wɔhwɛ yɛn no.—1 Kor. 10:32, 33.

3. Nsɛmmisa bɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛahwehwɛ yɛn ahosiesie mu yiye?

3 Ahosiesie a Ɛsɛ na Ɛfata: Sɛ woreyɛ ahoboa ama nhyiam no a, bisa wo ho sɛ: ‘Me ntade fata, anaa ɛma afoforo hwɛ me sɛnea ɛnsɛ? Ɛkyerɛ sɛ midwen afoforo nkate ho? Me kaba ahorow no ma me bo so anaa m’awaamu gu hɔ, anaa ɛyɛ tia dodo? M’atade yɛ tiatiaa, ɛyɛ nahanaha anaa ɛkyekyere me ho? M’atade ani tew na pampan biara nnim? Sɛ merekogye anɔpaduan wɔ ahɔhodan anaa adidibea hɔ anaasɛ meregye m’ahome bere a yɛapɔn nhyiam no a, mehyɛ ntade a ɛho tew a ɛkyerɛ sɛ meyɛ Onyankopɔn somfo, anaa mehyɛ ntade a aba so a ɛmfata koraa sɛ obi a ɔbɔ nhyiam baagye bɛhyɛ? So ntade a mehyɛ bere a menyɛ hwee no bɛma ayɛ me fɛre sɛ medi adanse bɔnnɔ so?’—Rom. 15:2, 3; 1 Tim. 2:9.

4. Ɔkwan bɛn so na afoforo betumi aboa yɛn ama yɛn ahosiesie ho atew?

4 Sɛ yesusuw nsɛm a Kristofo a wɔn ho akokwaw ka ho a, ɛbɛboa yɛn. Ɛsɛ sɛ ɔyerenom bisa wɔn kununom sɛnea ebia afoforo bebu wɔn ahosiesie no. Awofo a wɔyɛ Kristofo betumi aboa wɔn mma a wɔn ani afi no wɔ ntadehyɛ mu. Bio nso, mmaa mpanyimfo a wosuro Onyankopɔn no betumi akae ‘mmabaa ma wɔde adwenemtew’ asiesie wɔn ho “na wɔanka Onyankopɔn asɛm no ho asɛmmɔne.” (Tito 2:3-5) Ahosiesie a ɛsɛ na ɛfata ho mfonini a ɛbɛboa yɛn wɔ yɛn nhoma ahorow no mu.

5. Ɔkwan bɛn so na yɛn nyinaa betumi ayi Yehowa ayɛ bere a yɛreyɛ nhyiam no?

5 Yi Yehowa Ayɛ: Ɔmantam nhyiam ma yɛne wɔn a wonya nhyiam dwumadi mu kyɛfa nyinaa nya hokwan a ɛso ni de yi Yehowa ayɛ. Ɛnyɛ ɛno nko, yɛn kasa ne suban pa a yɛbɛda no adi sɛ Kristofo no nso bɛhyɛ no anuonyam. Nanso yɛn ntadehyɛ ne ahosiesie yɛ ade a edi kan a nnipa pii a wɔhwɛ yɛn no de hu yɛn. Ɛmmra sɛ yɛn nyinaa de yɛn ahosiesie a ɛho tew na ɛfata no beyi Yehowa ayɛ.—Dw. 148:12, 13.

[Kratafa 6 adaka]

Nea Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛasiesie Yɛn Ho Yiye

◼ Onyankopɔn Asɛm

◼ Hwehwɛ wo ho mu

◼ Nea afoforo ka

◼ Kristofo nhoma ahorow

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena