Kyerɛ W’aseda
1 Ɛwom sɛ yɛte “mmere a emu yɛ den” mu de, nanso yɛwɔ nneɛma pii a enti ɛsɛ sɛ yɛda Yehowa ase. (2 Tim. 3:1) Nea ɛsen biara wɔ ne nyinaa mu ne ne Ba a ɔsom bo a ɔde no maa yɛn no. (Yoh. 3:16) Bio nso, bere a atorosom mufo redi honhom mu kɔm no, yenya honhom fam nnuan pa pii. (Yes. 65:13) Yɛka wiase nyinaa nuayɛ kuw no ho, na yɛanya hokwan reyɛ nokware som ntrɛwmu adwuma a ɛyɛ anigye no bi. (Yes. 2:3, 4; 60:4-10, 22) Yɛbɛyɛ dɛn ada Yehowa ase wɔ nhyira pii a ɔde ma yɛn no ho?—Kol. 3:15, 17.
2 Anigye ne Koma Nyinaa Mu a Yefi Som: Bere a na ɔsomafo Paulo reka honam fam nneɛma a wɔde ma ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Nea ɔtew n’anim ma no na Onyankopɔn dɔ no.” (2 Kor. 9:7) Nnyinasosɛm yi nso fa ɔsom a yɛde ma Onyankopɔn no ho. Aseda a yɛde ma no da adi wɔ anigye a yɛwɔ wɔ nokware no ho, anigye a yenya wɔ Kristofo nhyiam ase, nsi a yɛde yɛ asɛnka adwuma no ne anigye a yɛde yɛ Onyankopɔn apɛde no ho.—Dw. 107:21, 22; 119:14; 122:1; Rom. 12:8, 11.
3 Wɔ tete Israel no, ayɛyɛde bi wɔ hɔ a Mmara no ankyerɛ dodow a ɛsɛ sɛ wɔde ma. Ná ɔsomfo biara betumi akyerɛ anisɔ ‘sɛnea Yehowa nhyira a ɔde ahyira no no te.’ (Deut. 16:16, 17) Ɛnnɛ nso, koma a anisɔ ahyɛ no ma ka yɛn ma yɛyɛ nea yebetumi biara wɔ Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no mu. Akwamma bere ma yenya hokwan foforo de kyerɛ anisɔ. Ebinom de bere a wɔmfa nkɔ adwuma anaa sukuu no yɛ pii wɔ asɛnka adwuma mu, na mpo wɔyɛ akwampae aboafo adwuma no bi. So wubetumi atrɛw wo som adwuma mu wɔ asram a ɛreba yi mu?
4 Aseda Mmoroso: Mpaebɔ ne ɔkwan titiriw a yɛfa so da Yehowa ase. (1 Tes. 5:17, 18) Onyankopɔn Asɛm hyɛ yɛn sɛ ‘yɛmmoro so wɔ aseda mu.’ (Kol. 2:7) Na mpo bere a yenni adagyew anaa dadwen ahyɛ yɛn so no, ɛsɛ sɛ yɛde aseda ka yɛn mpaebɔ ho bere nyinaa. (Fil. 4:6) Yiw, momma yɛmfa yɛn som adwuma ne yɛn mpaebɔ so ‘nna Onyankopɔn ase bebree ma ɛmmoro so.’—2 Kor. 9:12.