Ɔfa 1—Bible Adesua a Etu Mpɔn a Yɛbɛyɛ
Dɛn Ne Bible Adesua?
1 Wɔ wiase nyinaa no, Onyankopɔn nkurɔfo yɛ Bible adesua bɛyɛ ɔpepem asia ɔsram biara. Sɛ yɛfa ɔkwan pa so kyerɛkyerɛ a, yebetumi aboa saa Bible asuafo yi ma wɔanya nkɔso ahyira wɔn ho so abɔ asu, na wɔn nso atumi “akyerɛkyerɛ ebinom nso.” (2 Tim. 2:2) Wobɛpɛ sɛ woboa wo suani ma ɔno nso nya nkɔso saa? Yɛn Ahenni Som yi refi nsɛm a ɛbɛtoatoa so aba ase de akyerɛkyerɛ akwan titiriw a yɛbɛfa so ayɛ Bible adesua a etu mpɔn mu.
2 Bere a Ɛsɛ sɛ Yebu Bible Adesua Ho Akontaa: Sɛ wotaa de Bible no ne nhoma a wɔkamfo kyerɛ ne nkurɔfo bɔ Bible mu nkɔmmɔ ntiantia nnidiso nnidiso a, na Bible adesua na moreyɛ no. Sɛ moyɛ adesua no wɔ ɔpon ano anaa telefon so mpo a, ɛyɛ Bible adesua. Bere a moafi adesua no ase no, sɛ mosan toa so yɛ no mprenu, na ɛda adi sɛ adesua no bɛtoa so a, ɛnde wubetumi abu ho akontaa.
3 Ahwehwɛde nhomawa no ne Nimdeɛ nhoma no na yɛde yɛ Bible adesua bebree. Sɛ musua nhoma mmienu yi wie na wuhu sɛ osuani no renya nkɔso nkakrankakra na ɔrenya nea ɔresua no ho anisɔ a, ɛnde wubetumi ne no asua Som Nyankopɔn nhoma no de atoa so. Nnipa a wɔn nhomanim ba fam anaa wonnim akenkan papa no de, yebetumi ne wɔn asua Wubetumi Ayɛ Onyankopɔn Adamfo! nhomawa no.
4 Bible adesuayɛ aboa nnipa ɔpepem pii ma wɔabɛyɛ Yesu Kristo nokware asuafo. (Mat. 28:19, 20) Sɛ wode nyansahyɛ a ebedidi so aba no di dwuma a, wubetumi ayɛ Bible adesua a etu mpɔn.