Kyerɛ Akwampae Adwuma no Ho Anigye
1. Wobɛkyerɛ akwampae adwuma no ho anigye no mu sɛn?
1 Sɛ́ wɔsom sɛ akwampaefo seesei anaa ɛnte saa no, Ahenni adawurubɔfo nyinaa betumi akyerɛ akwampae adwuma no ho anigye. Wɔpɛ sɛ wodi ahyɛde a ɛne sɛ wɔnka asɛmpa no na wɔmma afoforo mmɛyɛ asuafo no so. (Mat. 28:19, 20; Aso. 18:5) Wɔdwene nnipa ho ma enti wɔde nneɛma pii bɔ afɔre na wɔatumi ayɛ wɔn som adwuma no. (Mat. 9:36; Aso. 20:24) Yehowa asomfo wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ biribiara a ehia de aboa afoforo ma wɔahu nokware no. (1 Kor. 9: 19-23) Ma yensusuw ɔsɛmpakafo Filipo a oyii su a ɛte saa adi no nhwɛso no ho.
2. Ɔkwan bɛn so na mpanyimfo ne asomfo betumi asuasua nsi a Filipo de yɛɛ asɛnka adwuma no?
2 Asɛmpaka ne Ɔkyerɛkyerɛ: Na Filipo wɔ asɛde a ɛsõ paa wɔ afeha a edi kan asafo no mu. (Aso. 6:1-6) Nanso, na ɔyɛ nnam kɛse wɔ asɛmpaka adwuma no mu. (Aso. 8:40) Enti nnɛ, bere a mpanyimfo ne asomfo reyɛ wɔn asɛde no, wobetumi de nsi aka asɛmpa no de akyerɛ sɛ wɔwɔ akwampae adwuma no ho anigye nso. Hwɛ sɛnea eyi hyɛ asafo no den kɛse wɔ honhom fam!—Rom. 12:11.
3. Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ akwampae adwuma no ho anigye bere a yehyia sɔhwɛ no?
3 Stefano wu akyi no, ɔtaa kɛse a ɛbae no de ɔhaw a emu yɛ den baa asuafo no so. Nanso Filipo kɔɔ so kaa asɛmpa no na ɔboae kɛse ma asɛmpa no duu Samariafo no nkyɛn. (Aso. 8:1, 4-6, 12, 14-17) Yebetumi asuasua ne nhwɛso no denam asɛmpa no a yɛbɛkɔ so aka wɔ sɔhwɛ bere mu bere a yɛnhwɛ nnipa anim, na mmom yɛbɛka asɛm no akyerɛ wɔn a yehyia wɔn nyinaa no.—Yoh. 4:9.
4. Sɛ́ ɔkyerɛkyerɛfo no, nhwɛso bɛn na Filipo yɛe?
4 Yetumi hu sɛnea na Filipo bɔ mmɔden sɛ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ ɔne Etiopiani piani a ɔbɛyɛɛ Kristoni no ho asɛm no mu. (Aso. 8:26-38) Bible no a yebehu sɛnea wɔde di dwuma, na ‘yɛafi Kyerɛwnsɛm mu asusuw nsɛm ho’ no nso yɛ ɔkwan biako a yɛde kyerɛ akwampae adwuma no ho anigye. (Aso. 17:2, 3) Sɛnea Filipo yɛe no, yɛde hokwan biara a yebenya no bɛka asɛmpa no akyerɛ nkurɔfo wɔ baabiara a yɛbɛto wɔn.
5. Dɛn na ɛbɛboa Kristofo awofo ma wɔde akwampae adwuma no ho anigye ahyɛ wɔn mma koma mu?
5 Abusua Mu ne Asafo no Mu: Filipo suban ne ne nhwɛso pa no kanyanee ne mmabea no. (Aso. 21:9) Saa ara nso na Kristofo awofo a wɔde Ahenni no ho dwumadi di kan wɔn abrabɔ mu no hyɛ wɔn mma nkuran sɛ wonsua wɔn. Sɛ edu dapɛn awiei na ɔwofo bi abrɛ nanso ɔde nsi ka asɛmpa no kyerɛ afoforo a, etumi ka abofra koma yiye.—Mmeb. 22:6.
6. Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ akwampaefo a wɔwɔ yɛn asafo mu no?
6 Filipo daa ahɔhoyɛ su adi kyerɛɛ Paulo ne Luka a na wɔyɛ Kristofo a wɔbɔ mmɔden wɔ Yehowa som mu no. (Aso. 21:8, 10) Yɛbɛyɛ dɛn aboa wɔn a wɔbɔ ɔsom mu mmɔden nnɛ no, na yɛakyerɛ sɛ yɛn ani sɔ wɔn? Da a nnipa pii ntaa nkɔ asɛnka no, yebetumi ne akwampaefo no ayɛ adwuma anɔpa anaa awiabere. (Fil. 2:4) Yebetumi ato nsa afrɛ wɔn aba yɛn fie ne wɔn ahyehyɛ yɛn ho yɛn ho den nso. Sɛnea yɛn nsɛm tebea te biara no, momma yɛn nyinaa mmɔ mmɔden nkyerɛ akwampae adwuma no ho anigye.