Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/05 kr. 7
  • Video a Emu Nsɛm Rentwam Da

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Video a Emu Nsɛm Rentwam Da
  • Yɛn Ahenni Som—2005
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Kyerɛkyerɛ Me Ma Menyɛ Nea Wopɛ”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Yonatan ‘Ɔbarima Biako Wɔ Apem Mu’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
  • Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Dawid Guan
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Yehowa Yɛɛ ‘Ogyefo’ Wɔ Mmere A Na Wɔrekyerɛw Bible No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2005
km 3/05 kr. 7

Video a Emu Nsɛm Rentwam Da

Aba bɛn na ɛwɔ David—He Trusted in God video no mu? Ɛne sɛ, ɛsɛ sɛ yenya Yehowa mu ahotoso te sɛ Dawid. (Dw. 91:2) Nsɛntitiriw a esisii wɔ Dawid asetra mu a mmofra ne mpanyimfo nyinaa bɛhwɛ no bɛboa wɔn ma wɔasua biribi afi nhwɛso a ɔyɛe no mu. (Dw. 31:14) Nea ɛka ho nso ne sɛ “Video So Nsɛmmisa” ne “Akwan a Wɔfa So Sua Ade” ho nyansahyɛ pii wɔ DVD yi so.

Hwɛ video no, na fa nsɛmmisa yi sɔ w’adwene hwɛ: (1) Dɛn nti na Yehowa paw ɔhene a oye sen Saul? (1 Sam. 15:10, 11; 16:1) (2) Dɛn nti na wampaw Dawid nuanom mu biara? (1 Sam. 16:6, 7) (3) Dɛn nti na na Saul pɛ sɛ Dawid bɔ sanku no? (1 Sam. 16:14-23) (4) Ná hena ne Goliat? (1 Sam. 17:4-10) (5) Dɛn nti na na Dawid pɛ sɛ ɔne Goliat di ako? (1 Sam. 17:23, 24, 36, 37) (6) Ná hena ne Yonatan? (1 Sam. 14:1) (7) Bere bɛn na Saul bɛyɛɛ Dawid tamfo kɛse? (1 Sam. 18:25-29) (8) Dɛn nti na Dawid ankum Saul? (1 Sam. 26:7-11) (9) Ɔkwan bɛn na Saul faa so wui? (1 Sam. 31:1-6) (10) Bere a Yonatan wui no, dɛn na Dawid yɛe wɔ ho? (2 Sam. 1:11, 12) (11) Ɛbɔ bɛn na Yehowa hyɛɛ Dawid? (2 Sam. 7:12, 13, 16) (12) Bɔne a emu yɛ duru bɛn na Dawid yɛe? (2 Sam. 11:1-5, 14-17) (13) Ɔkwan bɛn so na Dawid kyerɛe sɛ wanu ne ho paa wɔ nea ɔyɛe no ho? (Dw. 51) (14) Dɛn na Dawid suae a ɔkyerɛɛ Salomo sɛ ɔnyɛ? (1 Ahe. 2:1-4; 1 Be. 22:6-13; 28:9, 10) (15) Ɔkwan bɛn so na wo ne Dawid ne Yonatan benya Yesu nniso so mfaso?—Yes. 11:6-9; Yoh. 11:25, 26.

Afei susuw ho: Ɔkwan bɛn so na wubetumi asuasua Onyankopɔn mu ahotoso a Dawid daa no adi no bi?

Awofo, momfa hia a ehia sɛ yenya Onyankopɔn mu ahotoso sɛnea Dawid yɛe no nnua mo mma mu.—Dw. 56:11.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena